-
Ɔsom Nhyiam NhyehyɛeAhenni Som—2001 | September
-
-
Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase September 10
Dwom 86
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ahorow a wɔapaw.
13 min: Asafo mu ahiade.
22 min: “So Worewie Wo Som Adwuma no Koraa?”a Sɛ wo ne atiefo susuw nkyekyem 1-3 ho wie a, yɛ nsɛm a wɔka de nsɛmma nhoma ma ho ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien—fa September 15 Ɔwɛn-Aban no yɛ biako na fa October 8 Nyan! yɛ nea ɛka ho no. Sɛ mususuw nkyekyem 4 ho wie a, fa Nimdeɛ nhoma no yɛ asɛm a wɔka kyerɛ ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 124 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 17
Dwom 92
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. “Ɛwɔ Index no Mu.” Kyerɛ sɛnea yebenya nsɛm a yɛbɛka de Creation nhoma no ama.
15 min: Dɛn na Yɛyɛe Wɔ Afe a Etwaam no Mu? Ɔkasa a ɔsom adwuma sohwɛfo ma. Ka asafo no 2001 ɔsom afe akontaabu no mu nneɛma titiriw ho asɛm. Kamfo obiara wɔ nneɛma pa a mutumi yɛe no ho. Twe adwene si nea asafo no tumi yɛe wɔ nhyiamkɔ, asɛnka a wɔkɔ daa, ne Bible adesuayɛ mu no so, na fa nyansahyɛ a mubetumi de adi dwuma ma moanya nkɔso ma. Da botae a mubetumi adu ho wɔ afe a ɛreba no mu no adi.
15 min: Asɛmmisa Afã. Ɔkasa. Ka mo asafo no dapɛn biara asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe kyerɛ. Kyerɛ sɛnea obiara betumi aboa ma moasusuw nsɛm a etu mpɔn ho wɔ nhyiam yi ase. Hyɛ asafo no nkuran sɛ wɔmmoa asɛnka nhyehyɛe ahorow yi.
Dwom 129 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 24
Dwom 97
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a wɔde ama wɔ “Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho” afã hɔ yɛ sɛnea yɛde nsɛmma nhoma bɛma ho ɔyɛkyerɛ abien—fa October 1 Ɔwɛn-Aban yɛ biako, na fa October 8 Nyan! yɛ nea ɛka ho no.
30 min: Monnɔ Onyankopɔn—Na Monnnɔ Nneɛma a Ɛwɔ Wiase. (1 Yoh. 2:15-17) Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a wɔde susuw ɔmansin nhyiam dwumadi a yɛyɛe wɔ ɔsom afe a etwaam no mu ho. Ma adawurubɔfo nka nsɛntitiriw a wosuae ne sɛnea wɔatumi de adi dwuma sɛ ankorankoro ne mmusua ho asɛm. (Mubetumi adi kan de afã horow ama ebinom.) Munsusuw dwumadi no mu ɔkasa ahorow yi ho: (1) “Ɔdɔ a Yɛwɔ Ma Onyankopɔn no Kanyan Yɛn Wɔ Yɛn Som Adwuma Mu.” Ɔdɔ a ɛte saa no boa ma yedi nkate a ɛmfata a ebetumi asiw yɛn asɛnka kwan—fɛre, te a yɛte nka sɛ yɛmfata, ne onipa ho suro—no ho dwuma. (2) “Wɔn a Wɔdɔ Yehowa Kyi Bɔne.” (w99-TW 10/1 28-31) Abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn benya gyina nea okyi a yebekyi no so—ɛnyɛ nea ɛda adi sɛ ɛyɛ bɔne nkutoo na mmom mfomso nketenkete nso. (3) “Di Ɔdɔ Kwan a Eye Kyɛn So no Akyi.” (w92-TW 7/15 27-30) Korintofo Nhoma a Edi Kan 13:4-8 kyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛde boasetɔ gyina afoforo sintɔ ano, kwati ahopɛ, akansi, ne nsekudi a ebepira afoforo na yɛkɔ so di nokware ma Onyankopɔn ahyehyɛde no. (4) “Nneɛma a Ɛwɔ Wiase—Yebu no Dɛn?” Ɛnsɛ sɛ yɛdɔ nneɛma a ɛwɔ wiase, gyaw yɛn ho mu ma honam akɔnnɔ, ma aniwa akɔnnɔ daadaa yɛn, anaasɛ yɛde yɛn asetrade hoahoa yɛn ho. (5) “Wiase no Fã a Yɛnyɛ Bɔ Yɛn Ho Ban.” Korintofo Nhoma a Ɛto so Abien 6:14-17 kyerɛ sɛnea gyidi, amanne, ne nneyɛe bi rentumi mma yɛnsɔ Onyankopɔn ani. Ɛsɛ sɛ yehu mfiri a Ɔbonsam sum na yɛkwati. (6) “Onyankopɔn Bɔhyɛ Ma Wɔn a Wɔdɔ No.” (w86-E 6/15 5-6) Yehowa nhyira ma yɛn asetra yɛ anigye na ɛma yedi yiye wɔ honhom fam.—1 Tim. 6:17-19.
Dwom 133 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase October 1
Dwom 106
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn September asɛnka akontaabu mma.
15 min: Mɛyɛ Dɛn Atumi Abɔ Mmɔden Yiye Wɔ Sukuu? Ɔpanyin anaasɛ asafo mu somfo bi ne ne yere kasa kyerɛ wɔn ba a ɔkɔ sukuu. Wɔahaw efisɛ abofra no aka akyi wɔ ne sukuu nnwuma ho. Wosusuw afotu a ɛwɔ Young People Ask, ti 18 ne nea ehia sɛ abofra no yɛ na wanya nkɔanim ho. Awofo no si hia a ɛho hia sɛ obi nya nhomasua a ɛfata na ama watumi ayɛ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ nyinaa wɔ ne som mu so dua.
20 min: “So Ɛyɛ Akwanside Ma Asɛnka?”b Si hia a ɛho hia sɛ yɛkari pɛ wɔ honam fam adwumayɛ mu, na yɛyɛ nea ehia a ɛma yɛde Ahenni nneɛma di kan so dua. Ma asafo no mu mmusua bi nka sɛnea wɔredi honam fam nneɛma a wɔde bɛma wɔn mmusua ho nsɛnnennen ho dwuma a wommu wɔn ani ngu honhom fam ahiade so ho asɛm.
Dwom 137 ne mpaebɔ a wɔde wie.
-
-
Ɛwɔ Index no MuAhenni Som—2001 | September
-
-
Ɛwɔ Index no Mu
Dɛn na ɛwom? Asɛm a wɔka kyerɛ a wubetumi aka wɔ asɛnka mu. Wɔahyehyɛ nnianim nsɛm ne nsɛm a wɔka kyerɛ pii a wonam nsɛmti anaa nhoma ahorow so benya wɔ Watch Tower Publications Index no mu. Wubetumi anya mmoa a wode bebua anoyi a wɔde ma wɔ asɛnka mu nso wom. Nsɛmti ne nsɛmti nketewa a wonam so benya asɛnka ho nyansahyɛ pa pii na ɛwɔ ase hɔ no.
Nnianim Nsɛm
Nsɛmti a Wɔahyehyɛ
Anoyi Ahorow
Anoyi a Wɔtaa De Ma
Nsɛm a Wɔka Kyerɛ
Nhoma
Nsɛmti a Wɔahyehyɛ
Sankɔhwɛ
Nhoma
Nsɛmti a Wɔahyehyɛ
-
-
May Ɔsom AkontaabuAhenni Som—2001 | September
-
-
May Ɔsom Akontaabu
Nnɔn. Nsɛm. San. BA
Dodow: Nky. Nky. Nky. Nky.
Akw. Tit. 183 134.9 8.5 77.4 13.5
Akw. 4,386 57.0 5.6 30.7 6.6
Akw.Abf. 1,801 47.2 3.9 21.4 5.3
Adwf. 59,796 11.3 1.1 5.5 1.7
NKABOM 66,166 Asubɔfo: 261
-