So Wokyerɛ Obu Ma Awurade Anwummeduan No?
1 Nokware Kristofo bu Awurade anwummeduan ho fa a wɔhyɛ no afe afe no sɛ adeyɛ a ɛho hia. (1 Kor. 11:24-26) Ɛyɛ anigye nanso ɛyɛ aniberesɛm. Yɛn ani gye mmoroso sɛ yɛn Nyankopɔn Yehowa a ɔwɔ ɔdɔ no de agyede afɔre no ama na ama yɛanya so mfaso daa. Sɛ ɛnyɛ saa nsiesiei no a, anka yenni anidaso biara. Bere koro no ara no, yɛkyerɛ obu kɛse ma Onyankopɔn Ba no wu. Yɛyɛ dɛn yɛ eyi?
2 Yɛn Koma Ne Yɛn Adwene a Yebesiesie: Kristofo mmusua pii yɛ eyi denam Bible mu kyerɛwtohɔ a wɔde ama wɔ nna a edi Nkaedi no anim a wɔkenkan no so. Sɛ awofo kenkan asɛm yi sɛ abusua a, wɔn mma nya nea Awurade Anwummeduan no kyerɛ ho anisɔ kɛse. Esiane sɛ agyede no yɛ yɛn bɔne ho mpata nti, yebetumi de hokwan no adwennwen yɛn ankasa abrabɔ ne gyidi a yɛwɔ sɛ Kristofo no ho. Yɛda obu adi denam ɔkasa a wɔbɛma no a yebetie no yiye na yɛadwennwen sɛnea Onyankopɔn Ba no wu ka yɛn ankasa ho no so.
3 Obu a Yɛde Besiesie Ahenni Asa So: Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no yɛ nhyehyɛe pɔtee a wɔde besiesie Ahenni Asa no so ne ho nyinaa de ama afahyɛ titiriw yi. Sɛ asafo bɛboro biako na wohyiam wɔ asa no so a, mpanyimfo akuw no betumi ahwɛ ahosiesie yi so na amma asafo a wobedi hɔ ahyiam wɔ asa no so no ansakra biribiara gye abodoo ne bobesa no a wɔbɛsesa.
4 Ɛsɛ sɛ asa no so asiesie yɛ nea ɛfata na antwetwe adwene amfi adeyɛ titiriw yi so. Sɛ nhwɛso no, asafo ahorow bi de nhwiren, nkanea, baluu ne nkrataa a egu ahorow a wɔatwitwa no nteateaa sensɛn mfɛnsere ano, dan mu, ɔpon ne asɛnka agua no so. Eyi remfata. Yɛmpɛ sɛ yɛn Ahenni Asa so bɛyɛ sɛ Kristoman asɔredan ahorow a wosiesie mu tra so wɔ Easter ne Buronya mu no. Eyi renkyerɛ sɛ yɛkyerɛ obu a ɛfata ma afahyɛ titiriw yi. Ebetumi atwetwe adwene afi nsɛm a wɔka wɔ afahyɛ a ɛho hia yi ase no so.
5 Sɛ mokata ɔpon no so a, ɛnsɛ sɛ mode ntama a adwinni anaa nkyerɛwee bi wom a ɛbɛtwetwe adwene afi abodoo no ne bobesa a wɔde asi so no so. Sɛ mode nhwiren siesie hɔ a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛfata na ɛyɛ fɛ. Eyi bɛma obiara atumi de n’adwene asi ɔkasa a egyina Kyerɛwnsɛm so a wɔbɛma no so.
6 Obu a Yɛbɛda no Adi Wɔ Nkaedi no Akyi: Nea wobɛyɛ bere a woafi Nkaedi no ase aba fie no nso bɛkyerɛ sɛ wowɔ obu ma afahyɛ yi. Wɔ asafo ahorow bi mu no, anuanom tow “Nkaedi pon” wɔ afahyɛ no akyi na wɔnom nsa na wɔsaw kosi ɔdasum. Wɔ apontow a ɛte saa biako ase no, adawurubɔfo baanu buu bra bɔne bere a wɔnom nsa pii no. Hwɛ animtiaabu a ɛbɛkyerɛ ama Yehowa ne ne Ba a ɔde ne nkwa mae wɔ yɛn bɔne ho no.—Fa toto Exodus 32:5, 6, 17-19; Asomafo no Nnwuma 7:41-43 ho.
7 Yɛpɛ sɛ yɛtwe adwene si nyansahyɛ bi a ɛwɔ March 1, 1969 Engiresi Ɔwɛn-Aban no kratafa 160 no so: “Mpɛn pii no bere a Yehowa Adansefo abusua bi afi nhyiam no ase aba fie no, wogye bere de susuw nea Nkaedi no kyerɛ ho. Afahyɛ no ne nea Bible no ka fa sɛnea wɔde sii hɔ ho a wosusuw saa no betumi ama anwummere no ayɛ anigye. Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi asusuw Yehowa nnwuma akɛse ho wɔ Nkaedi no akyi bere a odidi nom na ɔbɔ nnwom denneennen no?”—Hwɛ February 1, 1976, Ɔwɛn-Aban no kratafa 30 nso.
8 Ɛwom sɛ nea wɔaka wɔ atifi hɔ no nkyerɛ sɛ mmusua anaa adawurubɔfo ntumi nhyiam nnye wɔn ani, nanso ɛnsɛ sɛ wɔtow pon a wɔnom mmosa na wɔbɔ nnwom denneennen saw wɔ ase. Eyi nyɛ ɔkwan a nokware Kristofo fa so da wɔn anigye adi wɔ agyede nsiesiei no ho! Ɛsɛ sɛ yɛn abrabɔ wɔ anadwo a yɛyɛ Nkaedi no ne ɛno akyi da obu kɛse ne anisɔ a yɛwɔ ma afahyɛ no ne wu a Onyankopɔn Ba no wu maa yɛn no adi.—Fa toto 1 Korintofo 11:20-22 ho.
9 Hwɛ aseda ara a yɛde ma Yehowa wɔ n’adɔe ne ne mmɔborohunu ho! Ɛmmra sɛ afe yi afahyɛ no bɛma yɛn nyinaa anya hokwan akyerɛ sɛ yɛwɔ obu ma agyede afɔre nsiesiei a Onyankopɔn fi ɔdɔ mu ayɛ ama yɛn no. Yɛn ahosiesie ne su a yɛbɛda no adi wɔ afahyɛ a ɛho hia yi ho no bɛhyɛ yɛn anigye Nyankopɔn Yehowa no anuonyam na akanyan nnipa komapafo a wɔhwɛ yɛn no ma wɔaka sɛ “Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.”—1 Kor. 14:25; Ɔsɛnk. 3:1.