Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase March 8
Dwom 37
10 min: Asafo mu Nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ahorow a wɔapaw. Kae wɔn nyinaa ma wɔmfa nhomawa foforo “Hwɛ Asase Pa No” mmra dapɛn a edi hɔ no Ɔsom Nhyiam ase. Fa nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ kratafa 8 no yɛ sɛnea wɔde March 1 Ɔwɛn-Aban ne March 8 Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: “Nya Bɛn Yehowa Nhoma a Yebesua no so Mfaso.” Ɔkasa a Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo ma a egyina asɛm no so. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 2 ho a, twe adwene si adesua nhyehyɛe a ɛwɔ kratafa 6 no so. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ho a, monkenkan nkyekyɛm 23 a ɛwɔ nhoma no kratafa 25 no na munsusuw ho.
20 min: ‘Monnɔ Yehowa, Mo a Mudi no Nokware Nyinaa.’ Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ho a, ma atiefo nka sɛnea wɔato nsa afrɛ nnipa aba Nkaedi no ase ho asɛm.
Dwom 131 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 15
Dwom 121
10 min: Asafo mu Nkaebɔ. Tĩ “Nkaedi Ho Nkaebɔ Ahorow” no mu nsɛntitiriw mu. Kyerɛ bere a mobɛyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no wɔ Nkaedi dapɛn no mu.
15 min: Nkaedi Bere Mu Dwumadi Titiriw Ho Nsɛm. Atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Kyerɛ nhyehyɛe titiriw a moayɛ. Ka osuahu kakra a moanya ho asɛm kyerɛ. Hyɛ wɔn a wobetumi ayɛ akwampaefo aboafo wɔ April ne May mu no nkuran sɛ wɔnyɛ saa. Ka krataa a ɛhyɛ February Yɛn Ahenni Som mu ho asɛm tiawa.
20 min: Nya “Hwɛ Asase Pa No” so mfaso. Nhomawa foforo yi betumi ama yɛate Onyankopɔn Asɛm a yɛkenkan na yesua no ase yiye. Ade biako a ɛbɛboa ne sɛ yɛde nsɛmti a wɔahyehyɛ wom no bedi dwuma. Kenkan Yesaia 63:1 a ɛkyerɛ sɛ Yehowa fi Bosra reba no. Ma obiara nhwɛ Bosra wɔ nsɛmti a wɔahyehyɛ wɔ “Asase Pa” nhomawa no mu no. Fa adaka a ɛwɔ kratafa 34 no kyerɛkyerɛ nea “Bosra 11 G11” kyerɛ no mu, na kyerɛ beae a Bosra ne Edom wɔ wɔ asase mfonini no so. Fa nsɛmti a wɔahyehyɛ no kyerɛ ɔkwan a Yesu faa so fii Yerusalem kɔɔ Sikar no. (Yoh. 4:3-5) Fa saa kwan yi ara so kyerɛ beae a Betsaida ɔtare no da. (Yoh. 5:1-3) Paw nhwɛso biako anaa abien fi Teokrase Ɔsom Sukuu dapɛn biara Bible akenkan no mu. Ma atiefo nkyerɛ beae a wobetumi ahu saa mmeae no wɔ nhomawa no mu ne mfaso a yebenya bere a yɛde asase mfonini no di dwuma no. Ka asase mfonini a ɛwɔ nhomawa yi mu ho asɛm tiawa, na hyɛ bere tenten a wode di ho dwuma no nsow. Asase mfonini a ɛwɔ kratafa 18-19 no ma yehu Bible mu nsase dodow no ara. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa “Hwɛ Asase Pa No” nni dwuma yiye.
Dwom 63 ne mpaebɔ a wɔde wie
Dapɛn Efi Ase March 22
Dwom 191
7 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Kae wɔn nyinaa sɛ wonni Nkaedi Bible akenkan a wɔayɛ ama March 30-April 4 a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a Wɔbɛhwehwɛ Daa—2004 no mu ne 2004 Calendar no so no akyi.
18 min: “So Wokyerɛ Obu Ma Awurade Anwummeduan No?” Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma.
20 min: “Akofo Dɔm Ntua a Ɛka Wo.” Sɛ bere ma kwan a, monkenkan kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nnim no na munsusuw ho.
Dwom 181 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 29
Dwom 129
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn March asɛnka akontaabu mma. Ka nsɛmma nhoma a wɔde bɛma wɔ April mu ho asɛm. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no yɛ sɛnea wɔde March 15 Ɔwɛn-Aban ne April 8 Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: Nkratawa a Yɛde Befi Nkɔmmɔbɔ ase. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Mpɛn pii no, nea ɛyɛ den paa wɔ adansedi mu ne sɛ yebefi nkɔmmɔ ase. Yebetumi de nkratawa afi nkɔmmɔbɔ ase wɔ afie fie adansedi, asasesin a nnwuma wom ne mmɔnten so. Fa bere tiaa bi susuw nkratawa abien anaa abiɛsa a ebia mo mpɔtam hɔfo no ani begye ho ho. Nsɛm bɛn na yebetumi aka de afi nkɔmmɔbɔ ase bere a yɛde nkratawa yi rema no? Ɔkwan bɛn so na yebetumi de mfonini ahorow no adi dwuma? Nsɛm bɛn na yebetumi de anifere abisa? Twe adwene si kratawa biara mu nkyekyɛm biako a mubetumi asusuw ho bere a ofiewura no kyerɛ ho anigye no so. Yɛ sɛnea yebetumi de kratawa afi nkɔmmɔbɔ ase ho ɔyɛkyerɛ. Ma ɔdawurubɔfo no mfa bere tiaa bi nka kratawa no nkyekyɛm biako ho asɛm na afei ɔmfa Nimdeɛ nhoma no mma mfa nwie.
20 min: Nokware no Ka Mmusua Bom. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Esiane ɔtaa a efi anigyefo abusuafo hɔ nti, ɛtɔ mmere bi a wɔmpɛ sɛ wɔbɛsom Yehowa. Ma wɔnka osuahu a edidi so yi bi nkyerɛ. January 1, 2002 Ɔwɛn-Aban kratafa 14-15; December 1, 2000, Ɔwɛn-Aban, kratafa 8; September 1, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 4; January 1, 1999 Ɔwɛn-Aban kratafa 32 ne March 8, 1998, Nyan!, kratafa 31. Si so dua sɛ abusua asetra taa yɛ papa bere a wɔn mu biako pɛ mpo de Bible nnyinasosɛm di dwuma no.
Dwom 130 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase April 5
Dwom 126
12 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka osuahu ahorow a munyae wɔ Nkaedi bere ne asɛnka adwuma a moyɛɛ no kɛse wɔ March mu no kyerɛ.
18 min: Honam Fam Ahotew Kamfo Yɛn Kyerɛ. Ɔkasa a egyina June 1, 2002, Ɔwɛn-Aban, kratafa 19-21 so. Ma ɔpanyin mfa Ahwehwɛde nhomawa mu adesua 9 no nkyekyɛm 5 nyɛ ɔyɛkyerɛ nkyerɛ ɔkwampaefo sɛnea ɔde anifere bɛboa ne Bible suani ma wahu sɛnea ɛho hia sɛ ɔma ne fie tew.
15 min: Fa 2004 Yearbook no Di Dwuma Yiye. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ka “Krataa a Efi Sodikuw no Hɔ” mu nsɛntitiriw ne wiase nyinaa akontaabu mu nsɛm a ɛda nsow ne osuahu ahorow a ɛhyɛ gyidi den kakraa bi ho asɛm. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkenkan nhoma no nyinaa wɔ afe no mu.
Dwom 25 ne mpaebɔ a wɔde wie
[Ase hɔ nsɛm]
Mma nnianim nsɛm no nnni simma biako, na fa nsɛmmisa ne mmuae toa so.
Mma nnianim nsɛm no nnni simma biako, na fa nsɛmmisa ne mmuae toa so.