Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 9/1 kr. 4-7
  • So Ɔbonsam na Ɔma Yɛyare?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɔbonsam na Ɔma Yɛyare?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dwuma a Satan Di
  • Ɔkwan Bɛn So na Satan Di Dwuma?
  • Nneɛma a Ɛde Nyarewa Ba
  • Yare Ano Aduru a Ɛbɛtra Hɔ Daa
  • Yare Ho Ahintasɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Bere a Abusua no Muni Bi Yare
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Hiob Di Nyankopɔn Nokware
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Wo Ho Wɔ Ɔsɛmpɔw Bi A Ɛho Hia Mu
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 9/1 kr. 4-7

So Ɔbonsam na Ɔma Yɛyare?

ANKA ƐNSƐ SƐ YƐYARE. Onyankopɔn bɔɔ yɛn sɛ yɛntra ase daa wɔ akwahosan a ɛyɛ pɛ mu. Ɛyɛ honhom abɔde, Satan, na ɔde yare, ɛyaw, ne owu a ɛhaw adesamma abusua no bae bere a ɔmaa yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, yɛɛ bɔne no.—GENESIS 3:1-5, 17-19; ROMAFO 5:12.

SO EYI kyerɛ sɛ ahonhommɔne na wɔde nyarewa nyinaa ba? Sɛnea yɛkae wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, nnipa pii susuw sɛ ɛte saa nnɛ. Abofra Owmadji nenabea susuw saa. Na so ahonhommɔne na ɛde Owmadji ayamtu—yare a ɛtɔ mmere bi a ekunkum mmofra wɔ mmeae a osu tɔ na owia bɔ kɛse—no bae?

Dwuma a Satan Di

Bible no bua saa asɛm yi pefee. Nea edi kan no, ɛkyerɛ sɛ yɛn nananom a wɔawuwu rentumi nhaw ateasefo. Sɛ nnipa wu a, “wonnim biribiara.” Wonni honhom a ɛtra ase wɔ owu akyi. Wɔada wɔ wɔn adamoa mu, baabi a “adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni.” (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ awufo betumi ama ateasefo ayare!

Nanso, Bible da no adi sɛ ahonhommɔne wɔ hɔ. Obi a odii kan tew atua wɔ amansan no nyinaa mu ne honhom mu abɔde a seesei wɔfrɛ no Satan no. Afoforo kɔkaa ne ho, na wɔbɛfrɛɛ wɔn adaemone. So Satan ne adaemone betumi ama obi ayare? Ɛba saa. Yare a Yesu sae no bi yɛ honhomfi̇̃ a otui. (Luka 9:37-43; 13:10-16) Nanso, na yare a Yesu sae no pii mfi ahonhommɔne tẽẽ. (Mateo 12:15; 14:14; 19:2) Saa ara na nnɛ, sɛnea ɛte no, adebɔ mu nneɛma na ɛde yare ba, na ɛnyɛ ahonhommɔne.

Na abayisɛm nso ɛ? Mmebusɛm 18:10 ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Aban dennen ne [Yehowa, NW] din, ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no.” Yakobo 4:7 ka sɛ: “Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.” Yiw, Onyankopɔn betumi abɔ n’asomfo ho ban afi abayifo ne tumi bɔne biara ho. Ɛno ne ade biako a Yesu nsɛm yi kyerɛ: “Nokware no bɛma moade mo ho.”—Yohane 8:32, NW.

Ebia ebinom bebisa sɛ: ‘Na Hiob nso ɛ? So ɛnyɛ honhommɔne bi na ɔma ɔyaree?’ Yiw, Bible ka sɛ Satan na ɔmaa Hiob yaree. Nanso na Hiob asɛm no yɛ soronko. Ná Onyankopɔn fi bere tenten abɔ Hiob ho ban afi adaemone ntua ho. Afei Satan sɔre tiaa Yehowa sɛ ɔnhaw Hiob, na esiane sɛ na nsɛmpɔw akɛse bi wom nti, Yehowa yii n’ahobammɔ ɔkwan bi so fii ne somfo no so wɔ saa asɛm biako yi mu.

Nanso, na Onyankopɔn wɔ baabi a ɔbɛma ɔhaw no akodu. Bere a ɔmaa Satan kwan ma ɔhaw Hiob no, Satan tumi maa Hiob yaree bere bi nanso wantumi ankum no. (Hiob 2:5, 6) Awiei koraa no, Hiob amanehunu no baa awiei, na Yehowa hyiraa no pii wɔ ne mudi mu kura no ho. (Hiob 42:10-17) Wɔayɛ nnyinasosɛm a Hiob mudi mu kura no ma ɛdaa adi no ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu bere tenten ni, na ɛyɛ adanse ma yɛn nyinaa. Ɛho nhia sɛ wɔma yehyia sɔhwɛ a ɛte saa bio.

Ɔkwan Bɛn So na Satan Di Dwuma?

Ɛkame ayɛ sɛ wɔ tebea biara mu no, ade biako pɛ nti a yɛka sɛ Satan na ɔma nnipa yare no ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Satan sɔɔ nnipa baanu a wodi kan no hwɛe ma wɔyɛɛ bɔne no. Ɛnyɛ ɔne n’adaemone no na ɛde yare biara ba tẽẽ. Nanso, ɛnyɛ nwonwa sɛ Satan bɛbɔ mmɔden adaadaa yɛn ma yɛasi gyinae a nyansa nnim na yɛagyae yɛn gyidi mu asiesie, adeyɛ a ebetumi asɛe yɛn akwahosan. Wamfa abayisɛm anhaw Adam ne Hawa, wankum wɔn, na wamma wɔanyare. Ɔdaadaa Hawa sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn so asoɔden, na Adam dii n’akyi ma wɔyɛɛ asoɔden. Nea efi mu bae no bi ne yare ne owu.—Romafo 5:19.

Bere bi, Moab hene bɔɔ odiyifo torofo bi a wɔfrɛ no Bileam paa sɛ ɔnnome Israel man a na wɔrebɔ nsra wɔ Moab ahye so hunahuna wɔn no. Bileam bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdome Israel, nanso wantumi, efisɛ na ɔman no wɔ Yehowa ahobammɔ ase. Afei Moabfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa Israel ma ɔde ne ho ahyɛ abosonsom ne nna mu ɔbrasɛe mu. Wodii nkonim wɔ eyi mu, na Israel hweree Yehowa ahobammɔ.—Numeri 22:5, 6, 12, 35; 24:10; 25:1-9; Adiyisɛm 2:14.

Yebetumi anya asuade titiriw bi afi saa asɛm a esii tete mmere mu no mu. Onyankopɔn mmoa ma n’asomfo nya ahobammɔ fi ahonhommɔne ntua tẽẽ ho. Nanso, Satan bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma nnipa agyae wɔn gyidi mu asiesie. Ebia ɔbɛbɔ mmɔden adaadaa wɔn ma wɔde wɔn ho ahyɛ ɔbrasɛe mu. Anaasɛ te sɛ gyata a ɔbobom no, ebia ɔbɛbɔ mmɔden ahunahuna wɔn ma wɔayɛ ade wɔ ɔkwan a ɛremma wonnya Onyankopɔn ahobammɔ so. (1 Petro 5:8) Ɛno nti na ɔsomafo Paulo frɛ Satan “nea otumi di awu” no.—Hebrifo 2:14, NW.

Owmadji nenabea bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Hawa de nsɛbɛ ne abosonne abɔ abofra no ho ban afi yare no ho. Sɛ Hawa gyaee ne gyidi mu a, anka dɛn na ɛbɛba? Anka ɛbɛkyerɛ sɛ onni Yehowa Nyankopɔn mu ahotoso koraa, na anka ɔrennya n’ahobammɔ mu ahotoso bio.—Exodus 20:5; Mateo 4:10; 1 Korintofo 10:21.

Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdan Hiob ti nso. N’abusua ne n’ahonyade a ɔma ɔhweree, ne yare a ɔma ɔyaree no annɔɔ no so. Hiob yere maa no afotu a enye koraa nso bere a ɔkaa eyi no: “Dome Onyankopɔn, na wu!” (Hiob 2:9) Afei ne “nnamfo” baasa bɛsraa no, na wɔbɔɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛma wagye adi sɛ ne yare no fi n’ankasa. (Hiob 19:1-3) Saa kwan yi so no, Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa Hiob tebea a na ama wayɛ mmerɛw no so ama n’abam abu na wahwere Yehowa treneeyɛ mu ahotoso. Nanso, Hiob kɔɔ so de ne ho too Yehowa so sɛ n’anidaso koro pɛ.—Fa toto Dwom 55:22 ho.

Sɛ yɛyare a, yɛn nso yɛn adwene betumi atu afra. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, Satan bɛbɔ mmɔden ntɛm sɛ ɔbɛma yɛayɛ nneɛma bi a ɛbɛma yɛagyae yɛn gyidi mu asiesie. Enti, sɛ yɛyare a, ɛho hia sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ ɔkwan biara so no, ade titiriw a ama yɛyare ne sintɔ a yenya fii awo mu, na ɛnyɛ tumi bɔne bi. Kae sɛ, ɔnokwafo Isak ani furae mfe pii ansa na ɔrewu. (Genesis 27:1) Ɛnyɛ ahonhommɔne na wɔmaa n’ani furae, na mmom mpanyinyɛ. Rahel wui bere a na ɔrewo, ɛnyɛ sɛ Satan na ɔma ɛbaa saa, na mmom esiane nnipa sintɔ nti. (Genesis 35:17-19) Awiei koraa no, anokwafo a wɔtraa ase tete mmere mu no nyinaa wuwui—ɛnyɛ sɛ wɔbɔɔ wɔn dua anaasɛ wɔdomee wɔn, na mmom esiane sintɔ a wonya fii awo mu nti.

Susuw a yebesusuw sɛ ahonhommɔne na wɔde yare biara ba no yɛ afiri. Ebetumi ama yɛanya ahonhom ho suro a ɛmfata. Afei, sɛ yɛyare a, ɛbɛma yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nneɛma de apata adaemone no mmom sen sɛ anka yɛbɛtwe yɛn ho afi wɔn ho koraa. Sɛ Satan tumi hunahuna yɛn ma yɛde yɛn ho hyɛ ahonhomsɛmdi mu a, ɛno bɛkyerɛ nokware Nyankopɔn, Yehowa, a yɛrepo no. (2 Korintofo 6:15) Ɛsɛ sɛ nokware suro a yɛwɔ ma Onyankopɔn no na ɛkyerɛ yɛn kwan, na ɛnyɛ gyidihunu ho suro a yebenya ama ne Tamfo no.—Adiyisɛm 14:7.

Ná abofra Owmadji wɔ ahobammɔ a edi mũ a ɛbɛma wako atia ahonhommɔne no. Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛ no, Onyankopɔn bu no sɛ obi a ‘ne ho tew’ efisɛ ɔwɔ ɛna a ɔyɛ gyidini, na ne maame betumi abɔ mpae ma Onyankopɔn aka ne babea no ho denam honhom kronkron so. (1 Korintofo 7:14) Esiane sɛ na Hawa wɔ nokware nimdeɛ a ɛte saa nti, otumi nyaa aduru a etu mpɔn maa Owmadji mmom sen sɛ anka ɔde ne ho bɛto nsɛbɛ so.

Nneɛma a Ɛde Nyarewa Ba

Nnipa dodow no ara nnye ahonhom nni. Sɛ wɔyare a wɔkɔ oduruyɛfo nkyɛn—sɛ wobetumi atua ho ka a. Nokwarem no, ebetumi aba sɛ ɔyarefo bi bɛkɔ oduruyɛfo nkyɛn nanso ɔrennya ayaresa. Nnuruyɛfo ntumi nyɛ anwonwade. Nanso nnipa a wokura gyidihunu pii wɔ hɔ a anka wobetumi anya ayaresa, nanso wɔnkɔ oduruyɛfo hɔ ntɛm. Wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi kan asɔ honhom mu ayaresa no ahwɛ, na sɛ anyɛ yiye a ansa na wɔakɔ oduruyɛfo nkyɛn. Nnipa pii wu wɔ bere a anka ɛnsɛ sɛ wowu.

Afoforo nso wu ɔpatuwu esiane nimdeɛ a wonni nti. Wonhu yare no ho nsɛnkyerɛnne, na wonhu nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ de bɔ wɔn ho ban wɔ yare no ho. Nimdeɛ boa ma yɛkwati amanehunu a ɛho nhia. Wɔahyɛ no nsow sɛ nyarewa ntaa nkunkum ɛnanom a wonim nhoma no mma sɛ wɔn a wonnim nhoma no. Yiw, nimdeɛ a wonni betumi adi awu.

Ade foforo a ɛde nyarewa ba ne anibiannaso. Sɛ nhwɛso no, nnipa pii yare esiane sɛ wɔma nkoekoemmoa nennam wɔn nnuan so ansa na wɔadi anaasɛ esiane sɛ wɔn a wɔresiesie aduan no nni kan nhohoro wɔn nsa nti. Ntontonnan mu a wɔnna wɔ mmeae a atiridii wɔ nso yɛ hu.a Ɛdefa akwahosan ho no, ɛyɛ nokware bere nyinaa sɛ “ahobammɔ ho ka kakra a wobɛbɔ no ye sen ayaresa a ɛho ka pii.”

Asetra kwan a ɛmfata ma nnipa ɔpepem pii yare, na wowu ɔpatuwu. Asabow, nna mu ɔbrasɛe, nnuru a wɔmfa nni dwuma ɔkwampa so ne tawanom asɛe nnipa pii akwahosan. Sɛ obi de ne ho hyɛ saa bra bɔne yi mu na sɛ ɔyare a, so na ɛyɛ duabɔ, anaa ahonhom na wɔatow ahyɛ no so? Dabi. Ne yare no fi n’ankasa. Ahonhom a ɔbɛbɔ wɔn sobo no bɛkyerɛ sɛ ɔmpɛ sɛ ogye tom sɛ asetra kwan a ɛmfata no ho asodi da no so.

Nokwarem no, nneɛma bi wɔ hɔ a, yentumi nyɛ ho hwee. Sɛ nhwɛso no, ebia na baabi a yɛte no yɛ beae a mmoawa a wɔde yare ba anaa efi wɔ. Saa na ɛtoo Owmadji. Ná ne maame nnim dekode a ama ne yam retu no. Ne mma ntaa nyare sɛ mmofra foforo efisɛ odi ne fie ne n’adiwo ni, na bere nyinaa ɔhohoro ne nsa ansa na wasiesie aduan. Nanso mmofra nyinaa yare bere ne bere mu. Ɔyare mmoawa ahorow 25 na wɔde ayamtu ba. Ebetumi aba sɛ obiara rentumi nhu nea ɛde Owmadji de no bae da.

Yare Ano Aduru a Ɛbɛtra Hɔ Daa

Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma yɛyare. “Bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yakobo 1:13) Sɛ Yehowa somfo bi yare a, ɔwowaw no honhom fam. “[Yehowa, NW] bɛwaw no ɔyarepa so; ne yare a ɔyare da hɔ nyinaa, wodan ma esi no yiye.” (Dwom 41:3) Yiw, Onyankopɔn wɔ ayamhyehye. Ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn, ɛnyɛ sɛ obepira yɛn.

Nokwarem no, Yehowa wɔ yare ano aduru a ɛbɛtra hɔ daa—Yesu wu ne ne wusɔre. Ɛdenam Yesu agyede afɔrebɔ so no, wobegye komapafo afi wɔn bɔne mu, na awiei koraa no wobenya akwahosan a ɛyɛ pɛ ne daa nkwa wɔ paradise asase so. (Mateo 5:5; Yohane 3:16) Ná Yesu anwonwade ahorow no yɛ nokware ayaresa a Onyankopɔn Ahenni de bɛba no nsusuwso. Onyankopɔn beyi Satan ne n’adaemone nso afi hɔ. (Romafo 16:20) Nokwarem no, Yehowa wɔ nneɛma pa ma wɔn a wɔwɔ ne mu gyidi no. Nea ehia ara ne sɛ yebenya boasetɔ na yɛagyina mu.

Enkosi saa bere no, Onyankopɔn nam Bible ne wiase nyinaa asomfo anokwafo nuayɛ kuw so de nyansa a mfaso wɔ so ne honhom fam akwankyerɛ ma. Ɔkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛkwati ɔbrasɛe a ɛde yare ba no. Na ɔma yɛn nokware nnamfo a wɔbɛyɛ mmoa bere a ɔhaw ahorow asɔre no.

Susuw Hiob ho bio hwɛ. Osumanni nkyɛn a anka Hiob bɛkɔ no bɛyɛ biribi a enye koraa! Anka ɔrennya Onyankopɔn ahobammɔ, na anka ɔbɛhwere nhyira a na ɛretwɛn no wɔ n’amanehunu akyi no nyinaa. Onyankopɔn werɛ amfi Hiob, na ne werɛ remfi yɛn nso. Osuani Yakobo ka sɛ: “Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahu sɛnea [Yehowa, NW] ma ewiee no.” (Yakobo 5:11) Sɛ yɛampa abaw a, yɛn nso yebenya nhyira pii wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu.

Dɛn na ɛtoo abofra Owmadji? Ne maame kaee asɛm bi a ɛwɔ nsɛmma nhoma a ɛka Ɔwɛn-Aban ho, Nyan!, mu a ɛfa ayamtu ano aduru a wobenya ho no.b Odii akwankyerɛ a ɛwom no akyi, na ɔyɛɛ aduru maa Owmadji sɛ ɔnnom. Seesei abeawa no ho atɔ no a ɔwɔ apɔwmuden.

[Ase hɔ nsɛm]

a Nnipa bɛyɛ ɔpepepem fã na wɔanya atiridii. Nnipa bɛyɛ ɔpepem abien na yare no kunkum wɔn afe biara, na dodow no ara wɔ Afrika.

b Hwɛ September 22, 1985, Engiresi Nyan! no nkratafa 24-5, no asɛmti a ɛne “Nsu Nkyenekyene a Egye Nkwa!”

[Kratafa 7 mfonini]

Yehowa ayɛ nhyehyɛe a ɔde bedi ɔhaw a nyarewa de ba ho dwuma koraa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena