Mmofra—Monko Ntia Wiase Honhom
“Yɛn de, ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a [efi, “NW”] Nyankopɔn mu.”—1 KORINTOFO 2:12.
1, 2. (a) Nsonsonoe bɛn na yebetumi ahu wɔ mmofra a wɔwɔ wiase ne mmofra a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu no mu? (b) Nkamfo a ɛyɛ anigye bɛn na yebetumi de ama Adansefo mmofra dodow no ara?
“YƐN mmofra nni anigye, yɛatow wɔn asaworam, na wɔretew atua.” Saa na Australia atesɛm krataa, The Sun-Herald, kae. Ɛde kaa ho sɛ: “Asɛnnibea kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ mmofra dodow a wɔde wɔn baa asɛnnibea a wɔbɔɔ wɔn sobo wɔ ntua a anibere wom ho no kɔɔ soro [sen afe a etwaam no de so] ɔha biara mu 22. . . . Efi 1960 mfe no mfinimfini reba no, mmofra a wɔrekunkum wɔn ho abu abɔ ho mprɛnsa . . . Nsonsonoe a ɛda mpanyimfo ne mmofra ntam reyɛ kɛse ankasa, na mmofra pii de wɔn ho rehyɛ nnubɔnenom ne asabow mu, na wɔn mu dodow no ara resɛe wɔn ho.” Nanso, saa tebea yi nni ɔman biako pɛ mu. Wɔ wiase nyinaa no, awofo, akyerɛkyerɛfo, ne adwenemyare ho ayaresafo redi tebea a mmofra wom no ho abooboo.
2 Hwɛ nsonsonoe kɛse a ɛda ɛnnɛyi mmofra dodow no ara ne mmofra a wɔn ho tew a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu no ntam! Yɛnka sɛ wɔyɛ pɛ. Wɔn nso reko tia “mmerante bere mu akɔnnɔ.” (2 Timoteo 2:22) Nanso, sɛ kuw no, saa mmofra yi de akokoduru reyɛ nea ɛteɛ, na wonnyaee wɔn ho mu mmaa wiase nhyɛso no. Yefi koma nyinaa mu kamfo mo mmofra a moredi nkonim wɔ ɔko a moreko tia Satan “nnɛɛdɛe” mu no! (Efesofo 6:11, NW ase hɔ asɛm) Te sɛ ɔsomafo Yohane no, yɛde anigye ka sɛ: “Mmerante [ne mmabaa], makyerɛw mabrɛ mo sɛ, mo ho yɛ den, na Onyankopɔn asɛm no te mo mu, na moadi ɔbɔne no so nkonim.”—1 Yohane 2:14.
3. Dɛn na asɛmfua “honhom” betumi akyerɛ?
3 Nanso, sɛ mobɛkɔ so adi nkonim wɔ ɔko a moreko tia ɔbɔnefo no mu a, ɛsɛ sɛ moyere mo ho ko tia nea Bible frɛ no “wiase honhom” no. (1 Korintofo 2:12) Sɛnea Helafo nhoma bi kyerɛ no, “honhom” betumi akyerɛ “suban anaa nkɛntɛnso a ɛhyɛ obi kra so na edi no so.” Sɛ nhwɛso no, sɛ wuhu sɛ obi bo haw no a, wubetumi aka sɛ ɔwɔ “honhom” bɔne. Wo “honhom,” wo suban, anaa nneɛma a wudwen ho nya nneɛma a wopaw so nkɛntɛnso; enya wo nneyɛe ne wo kasa so tumi. Nea ɛyɛ nwonwa no, ankorankoro ne nnipakuw tumi da “honhom“ bi adi. Ɔsomafo Paulo kyerɛw Kristofo bi sɛ: “Awurade Yesu Kristo dom nka mo honhom.” (Filemon 25) Ɛnde, honhom bɛn na saa wiase yi da no adi? Esiane sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no,” Satan Bonsam, “mu” nti, wiase honhom ntumi nyɛ nea ɛho tew, ɛnte saa anaa?—1 Yohane 5:19.
Wiase Honhom a Wubehu
4, 5. (a) Honhom bɛn na na anya Efesofo asafo no mufo so nkɛntɛnso ansa na wɔrebɛyɛ Kristofo? (b) Hena ne “wim tumi no panyin” no, na “wim” no gyina hɔ ma dɛn?
4 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mo nso, anka moyɛ awufo, mfomso ne nnebɔne mu, na kan no monantewee sɛnea wi yi ase abrabɔ te ne sɛnea wim tumi no panyin te, honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma asoɔden mma mu no. Wɔn mu na anka yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ nea ɔhonam ne adwene pɛ, na sɛnea yɛn awosu te no yɛyɛ abufuw mma te sɛ wɔn a aka no nso.”—Efesofo 2:1-3.
5 Ansa na Kristofo a na wɔwɔ Efeso resua Kristofo kwan no, na wɔyɛ “wim tumi no panyin,” Satan Bonsam, akyidifo a wonnim. Saa “wim“ no nyɛ beae bi ankasa a Satan ne n’adaemone te. Bere a Paulo kyerɛw saa nsɛm yi no, na Satan Bonsam ne n’adaemone no da so ara tumi kɔ soro. (Fa toto Hiob 1:6; Adiyisɛm 12:7-12 ho.) Asɛmfua “wim” no kyerɛ honhom, anaa adwene, a edi Satan wiase no so. (Fa toto Adiyisɛm 16:17-21 ho.) Saa honhom yi wɔ baabiara te sɛ nea mframa wɔ baabiara no.
6. Dɛn ne “wim tumi” no, na ɔkwan bɛn so na enya mmofra pii so nkɛntɛnso?
6 Nanso, dɛn ne “wim tumi” no? Ɛda adi sɛ, eyi yɛ nkɛntɛnso a emu yɛ den a saa “wim” yi wɔ wɔ nkurɔfo so. Paulo kae sɛ saa honhom yi ‘yɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu.’ Enti wiase honhom de asoɔden ne atuatew honhom na ɛba, na atipɛnfo nhyɛso yɛ ɔkwan biako a ɛfa so di saa tumi yi. Ɔdansefo abeawa bi ka sɛ: “Sɛ wowɔ sukuu mu a, obiara hyɛ wo nkuran bere nyinaa sɛ tew atua kakra. Sɛ woyɛ w’ade wɔ atuatew mu a, mmofra no bu wo kɛse.”
Wiase Honhom no Nnwuma
7-9. (a) Bobɔ akwan bi a wiase honhom no fa so da ne ho adi wɔ nnɛyi mmofra mu no din. (b) So woahu saa nneɛma yi bi wɔ baabi a wote no?
7 Dɛn ne wiase honhom no nnwuma bi a mmofra da no adi nnɛ? Atorodi ne atuatew. Nsɛmma nhoma bi bɔ amanneɛ sɛ kɔlegefo nkumaa ne wɔn a wɔrebewie no bɛboro ɔha biara mu 70 kae sɛ wodii atoro wɔ ntoaso sukuu mu. Animtiabu, atɛnnidi, ne kasafi nso abu so. Nokwarem no, bere bi Hiob ne ɔsomafo Paulo kaa kasa bi a ebinom bebu no sɛ ɛyɛ kasatwiw de daa trenee abufuw adi. (Hiob 12:2; 2 Korintofo 12:13) Nanso, kasatwiw a ɛyɛ yaw a mmofra pii ka no taa yɛ atɛnnidi.
8 Ahomegye ntraso nso yɛ wiase honhom no nnwuma no bi. Mmofra ani gye asanombea, apontow gyegyeegye,a ne anigyede foforo a dede wom ho. Ntadehyɛ ne ahosiesie a ɛtra so nso abu so saa ara. Efi ntade akɛse a ɛyɛ hodwohodwo so kosi ahosiesie a aba so foforo a ɛyɛ ahodwiriw so, te sɛ honam mu ntokuru a wɔbobɔ, nnɛyi mmofra pii da wiase honhom adi. (Fa toto Romafo 6:16 ho.) Honam fam nneɛma a egye obi adwene nso yɛ ade foforo. Sɛnea nhomasua ho nsɛmma nhoma bi kyerɛ no, “adetɔnfo nam wɔn adetɔn ho nimdeɛ so reka wɔn aguade a wɔasiesie no kama ho asɛm kyerɛ mmofra bere nyinaa.” Ebedu bere a mmofra a wɔwɔ United States bewie ntoaso sukuu no, na wɔahu TV so aguade ho dawurubɔ 360,000. W’atipɛnfo nso betumi ahyɛ wo ma woatɔ biribi. Abeawa bi a wadi mfirihyia 14 ka sɛ: “Bere nyinaa na obiara rebisa sɛ, ‘Adwumakuw bɛn na ɛyɛɛ wo nguguso, soro atade, anaa wo trɔss yi?’”
9 Efi Bible mmere mu no, Satan de nnwom a ɛmfata adi dwuma de akanyan nneyɛe a ɛho ntew. (Fa toto Exodus 32:17-19; Dwom 69:12; Yesaia 23:16 ho.) Enti, ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ nnipa pii ani gye nnwom a wɔka ɔbarima ne ɔbea nna ho nnaadaasɛm wom—sɛ mpo wɔnka ho asɛm pefee a—na emu nsɛm yɛ kasafi, ano yɛ den, na ɛyɛ dede ho. Saa wiase yi honhom fi no adwuma biako nso ne nna mu ɔbrasɛe. (1 Korintofo 6:9-11) The New York Times bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea nna abɛyɛ mmofra a wɔadu mpanyin afe so asetra mu adeyɛ . . . Sukuufo a wɔrebewie ntoaso sukuu no bɛboro baasa biara mu baanu na wɔde wɔn ho ahyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu.” The Wall Street Journal mu asɛm bi kaa biribi a ɛkyerɛ sɛ mmofra a wɔadi fi mfe 8 kosi 12 no “de wɔn ho rehyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu kɛse.” Sukuu fotufo bi a wakɔ pɛnhyɛn nnansa yi ka sɛ: “Yɛafi ase rehu mmofra kakra a wɔwɔ wɔn sukuu afe a ɛto so asia a wɔyem.”b
Wiase Honhom a Yɛbɛpo
10. Ɔkwan bɛn so na mmofra bi a wofi Kristofo mmusua mu agyae wɔn ho mu ama wiase honhom no?
10 Awerɛhosɛm ne sɛ, Kristofo mmofra bi agyae wɔn ho mu ama wiase honhom no. Japanni abeawa bi ka sɛ: “Na miyi su pa adi wɔ m’awofo ne mfɛfo Kristofo anim. Nanso, na merebɔ bra foforo.” Abofra bi a ofi Kenya ka sɛ: “Mefaa asetra akwan abien so bere bi, na na mekɔ apontow ahorow ase, tie rock nnwom, na mefaa nnamfo bɔne nso. Na minim sɛ eyi nye, nanso mebɔɔ mmɔden buu m’ani guu so a na mehwɛ kwan sɛ bere bi akyi no megyae. Nanso, mannyae. Nneɛma sɛee koraa.” Abofra foforo a ofi Germany, ka sɛ: “Nnamfo bɔne na ɛde ne nyinaa bae. Afei mifii ase nom sigaret. Na mepɛ sɛ mehaw m’awofo, nanso mehaw m’ankasa me ho.”
11. Ɔkwan bɛn so na Kaleb tumi ko tiaa nnipa dodow akyi a obedi bere a akwansrafo du no de amanneɛbɔ a enye bae no?
11 Nanso, yebetumi ako atia wiase honhom no, yiw, yebetumi apo. Susuw nhwɛso a Kaleb yɛe wɔ tete mmere mu no ho hwɛ. Bere a akwansrafo ahufo du no de Bɔhyɛ Asase no ho amanneɛbɔ a enye bae no, ɔne Yosua amma nnipa dodow no anhunahuna wɔn, na wɔne wɔn anyɛ adwene. Wɔde akokoduru kae sɛ: “Asase a yetwaa mu kɔsrae no yɛ asase pa ara. Sɛ [Yehowa, NW] pɛ yɛn a, ɔde yɛn bedu asase no so na ɔde ama yɛn, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no.” (Numeri 14:7, 8) Dɛn na ɛmaa Kaleb tumi gyinaa saa nhyɛso no nyinaa ano? Yehowa kae wɔ Kaleb ho sɛ: “Honhom a ɛsono wɔ no mu.”—Numeri 14:24.
“Honhom a Ɛsono” a Yɛbɛda no Adi
12. Dɛn nti na ɛho hia sɛ obi da “honhom a ɛsono” adi wɔ ne kasa mu?
12 Ɛnnɛ, egye akokoduru ne ahoɔden na ama yɛatumi ada “honhom a ɛsono,” anaa adwene—nea ɛyɛ soronko wɔ wiase de ho—adi. Ɔkwan biako a wubetumi afa so ayɛ saa ne sɛ wobɛkwati ɔkasa a ɛkyerɛ atɛnnidi na ɛnkyerɛ obu. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, wonyaa Engiresi asɛmfua “sarcasm” [“kasatwiw”] no fii Hela adeyɛ asɛm a nea ɛkyerɛ ankasa ne “sɛ wɔbɛtetew obi nam te sɛ akraman.” (Fa toto Galatifo 5:15 ho.) Sɛnea ɔkraman se tumi tew nam fi dompe ho no, saa na kasatwiw a wɔde yɛ “aseresɛm” tumi gu afoforo anim ase. Nanso, Kolosefo 3:8 tu mo fo sɛ “munyi abufuw, bobɔne, bɔnepɛ, abususɛm ne aniwusɛm nyinaa mfi mo anom ngu.” Na Mmebusɛm 10:19 ka sɛ: “Mfomso mpa ɔkasa dodow mu, na nea osianka n’ano yɛ onimdefo.” Sɛ obi yaw wo a, di wo ho so na “dan w’afono biako nso ma no,” ebia wo ne nea ɔyaw wo no bɛkasa bɔkɔɔ, asomdwoe mu wɔ kokoam.—Mateo 5:39; Mmebusɛm 15:1.
13. Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi ada adwene a ɛkari pɛ adi wɔ honam fam nneɛma ho?
13 Ɔkwan foforo a wubetumi afa so ada “honhom a ɛsono” adi ne sɛ wubenya adwene a ɛkari pɛ wɔ honam fam nneɛma ho. Nokwarem no, ɛyɛ nnipa su sɛ yebenya nneɛma a ɛyɛ fɛ. Ɛda adi sɛ anyɛ yiye koraa no, na Yesu Kristo ankasa wɔ atade pa biako. (Yohane 19:23, 24) Nanso, sɛ woma nneɛma a wubenya gye w’adwene na wosrɛ w’awofo bere nyinaa sɛ wɔntɔ nneɛma a wontumi ntɔ ankasa mma wo, anaasɛ wopɛ sɛ wusuasua mmofra foforo kɛkɛ a, ɛnde ebia na wiase honhom no anya wo so nkɛntɛnso kɛse sen sɛnea wunim. Bible ka sɛ: “Nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase.” Yiw, nnyae wo ho mu mma wiase no honam fam adedodowpɛ honhom no! Sua sɛnea wobɛpene nea wowɔ so.—1 Yohane 2:16; 1 Timoteo 6:8-10.
14. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo a na wɔwɔ Yesaia bere so ankari pɛ wɔ ahomegye mu? (b) Asiane ahorow bɛn na Kristofo mmofra ahyia wɔ asanombea ne apontow gyegyeegye ase?
14 Ahomegye bere a wode bedi dwuma ɔkwan pa so nso ho hia. Odiyifo Yesaia kae sɛ: “Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutu di nsã akyi, wɔn a wosi pɛ ma nsa bow wɔn, na ɔsankuten ne bɛnta sanku ne mpintin ne bɔtɔwa ne nsã wɔ wɔn apontow ase, na [Yehowa, NW] nneyɛe de, wɔnhwɛ, na ne nsa ano adwuma nso, wonhu.” (Yesaia 5:11, 12) Ɛyɛ awerɛhow sɛ, Kristofo mmofra bi de wɔn ho ahyɛ apontow gyegyeegye a ɛte saa mu. Bere a wɔkae sɛ Kristofo mmofra bi nka nea ɛkɔ so wɔ mmofra asanombea ho asɛm no, onuawa kumaa bi kae sɛ: “Ntɔkwaw si hɔ bere nyinaa. Mɛhwɛ na migyina wɔn mfinimfini.” Onua kumaa bi de kaa ho sɛ: “Asanom, sigaretnom, ne nneɛma a ɛtete saa na ɛkɔ so.” Onua kumaa foforo kae sɛ: “Nkurɔfo bow. Wɔyɛ nkwaseade! Nnubɔne wɔ hɔ. Nneɛma bɔne pii kɔ so. Sɛ wokɔ hɔ na wususuw sɛ ɛrennya wo so nkɛntɛnso a, woboa.” Enti, ntease wom sɛ Bible ka agobɔne, anaa “apontow gyegyeegye,” ho asɛm sɛ “ɔhonam nnwuma” no biako.—Galatifo 5:19-21; Byington; Romafo 13:13.
15. Ahomegye ho adwene a ɛkari pɛ bɛn na Bible de ma?
15 Wo ho a wobɛtwe afi ahomegye a ɛmfata ho no remma w’asetra nyɛ nea anigye nni mu. Yɛsom ‘anigye Nyankopɔn’ a ɔpɛ sɛ w’ani gye sɛ abofra! (1 Timoteo 1:11; Ɔsɛnkafo 11:9) Nanso Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ɔdɔ anigye [“anigyede,” Lamsa] bedi hia, nea ɔdɔ nsã ne ngo rennya ade.” (Mmebusɛm 21:17) Yiw, sɛ woma ahomegye yɛ w’asetram ade a ehia sen biara a, wubedi hia wɔ honhom fam. Enti gyina Bible nnyinasosɛm so paw nea wode gye w’ahome. Akwan pii wɔ hɔ a wobɛfa so agye w’ani a ɛbɛhyɛ wo den na empira wo.c—Ɔsɛnkafo 11:10.
16. Ɔkwan bɛn so na Kristofo mmofra betumi ada no adi sɛ wɔda nsow?
16 Ahobrɛase a wobɛda no adi denam wo ntadehyɛ ne w’ahosiesie so, na woapo wiase ntade a abaso nso bɛma woada nsow. (Romafo 12:2; 1 Timoteo 2:9) Saa ara nso na sɛ woyɛ nyiyim wɔ nnwom a wutie mu a, wobɛyɛ. (Filipifo 4:8, 9) Kristoni abofra bi kae sɛ: “Mewɔ nnwom pii a minim sɛ ɛsɛ sɛ metow gu, nanso ɛyɛ me dɛ!” Aberante foforo kaa saa ara sɛ: “Me fam no, nnwom yɛ afiri ma me, efisɛ m’ani gye ho. Sɛ mihu sɛ enye, anaasɛ m’awofo twe m’adwene si so a, gye sɛ mehyɛ m’adwene so ankasa ma ɛne me koma pere ho na edi so efisɛ ɛyɛ a na saa nnwom no wɔ me koma mu.” Mmofra, ‘munhu Satan akwan’! (2 Korintofo 2:11) Ɔnam nnwom so rebɔ mmɔden atwe Kristofo nkumaa afi Yehowa ho! Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu nsɛm aka nnwom a wɔkasakasa wom [rap], nnwom a ano yɛ den boro so [heavy metal] ne nnwom a ano yɛ den [rock nnwom] ho asɛm.d Nanso, Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow ntumi nka nnwom foforo biara a ebia ɛbɛba so ho asɛm. Enti, ɛsɛ sɛ worepaw nnwom a, wode ‘w’adwene’ ne “nhumu” di dwuma.—Mmebusɛm 2:11.
17. (a) Dɛn ne por·neiʹa, na nneyɛe bɛn na wobu no saa? (b) Ɛdefa abrabɔ ho no, dɛn ne Onyankopɔn apɛde?
17 Nea edi akyiri no, ɛsɛ sɛ woma wo ho tew wɔ abrabɔ fam. Bible hyɛ nkuran sɛ: “Munguan aguamammɔ!” (1 Korintofo 6:18) Hela mfitiase asɛm a ɛkyerɛ aguamammɔ ne por·neiʹa, na nea ɛkyerɛ ne nna mu kyɛfa biara a nnipa a wɔnyɛ awarefo nya. Nea ɛka ho ne obi anan mu anaa ne barima ho a wɔtaforo anaa wɔhyɛ da goru ho. Kristofo mmofra bi de wɔn ho ahyɛ nneyɛe a ɛte saa mu, a na wosusuw sɛ wɔmmɔɔ aguaman ankasa. Nanso, Onyankopɔn Asɛm ka no pefee sɛ: “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, mo ahotew, sɛ munyi mo ho mfi aguamammɔ mu, sɛ mo mu biara nhu sɛ obenya n’ankasa n’ade ahotew ne nidi mu.”—1 Tesalonikafo 4:3, 4.
18. (a) Ɔkwan bɛn so na abofra bi betumi akwati ne ho fi a wiase honhom begu no? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?
18 Yiw, ɛdenam Yehowa mmoa so no, wubetumi akwati wo ho fi a wiase honhom begu no! (1 Petro 5:10) Nanso, Satan taa kata ne mfiri a edi awu no so, na ɛtɔ mmere bi a ebegye nhumu ankasa na ama woatumi ahu asiane no. Wɔasiesie yɛn asɛm a edi hɔ no sɛnea ɛbɛboa mmofra ma wɔatete wɔn nkatede.
[Ase hɔ nsɛm]
a Apontow a wodi asaw wɔ ase yɛ nea wɔtaa yɛ no anadwo mũ nyinaa. Sɛ wopɛ sɛ wunya ho nsɛm pii a, hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . . Are Raves Harmless Fun?” [So Apontow Gyegyeegye Yɛ Anigyede a Empira?], a ɛwɔ December 22, 1997, Engiresi Nyan! mu no.
b Mmofra a wɔadi bɛyɛ mfe 11.
c Sɛ wopɛ nyansahyɛ ahorow a, hwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no nkratafa 296-303.
d Hwɛ April 15, 1993, Ɔwɛn-Aban mu.
Ntĩmu Nsɛmmisa
◻ Dɛn ne “wiase honhom,” na ɔkwan bɛn so na enya nkurɔfo so “tumi”?
◻ Wiase honhom nnwuma a nnɛyi mmofra da no adi no bi ne dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na Kristofo mmofra betumi ada “honhom a ɛsono” adi wɔ wɔn kasa ne wɔn ahomegye mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na Kristofo mmofra betumi ada “honhom a ɛsono” adi wɔ abrabɔ ne nnwom a wotie mu?
[Kratafa 9 mfonini]
Mmofra pii nam wɔn nneyɛe so da no adi sɛ wɔwɔ wiase honhom “tumi” ase
[Kratafa 10 mfonini]
Yɛ nyiyim wɔ nnwom a wutie mu
[Kratafa 11 mfonini]
Egye akokoduru na ama woatumi ako atia wiase honhom no