Ɛsɛ Sɛ Yenya Obu Ma Yehowa Tumidi
Dɛn na tete din Kora, Datan ne Abiram ma wokae? Atuatew! Wɔtew atua tiaa dɛn? Tumidi a Onyankopɔn ahyehyɛ. Wɔn kwan a ɛkowiee ɔhaw kɛse mu no ho nsɛm wɔ Numeri ti 16, na wɔabɔ nsɛm no mmua wɔ August 1, 2002, Ɔwɛn-Aban no mu asɛm “Fi Nokwaredi Mu Brɛ Wo Ho Ase Hyɛ Onyankopɔn Tumi Ase” no mu. Mfaso wɔ so sɛ wobɛkenkan saa asɛm no na afei woahwɛ ɛho video a ɛka adwene yiye a wɔato din Respect Jehovah’s Authority no. Wubehu sɛnea Kora mma a wodii nokware no ne wɔn agya otuatewfo a ɔsɔre tiaa amansan Hene no dii asi no. (Num. 26:9-11) Ɛsɛ sɛ asɛm a esii yi ho drama no ka yɛn ma yɛhyɛ yɛn nokwaredi ma Yehowa no mu den kɛse.
Bere a worehwɛ video no, hwehwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Kora ne ne mfɛfo atuatewfo no antumi anyina nokwaredi ho sɔhwɛ mu wɔ akwan asia a ehia paa yi so: (1) Ɔkwan bɛn so na wɔammu tumi a Onyankopɔn de asi hɔ no? (2) Ɔkwan bɛn so na wɔmaa ahantan, anuonyampɛ ne anibere hyɛɛ wɔn so? (3) Ɔkwan bɛn so na wɔde adwene sii wɔn a Yehowa apaw wɔn no sintɔ ahorow so? (4) Anwiinwii su bɛn na wonyae? (5) Adɛn nti na wɔn ani ansɔ ɔsom hokwan soronko a na wɔwɔ no? (6) Ɔkwan bɛn so na wɔmaa wɔn nnamfo ne wɔn mmusua ho dɔ yɛɛ kɛse sen nokware a wobedi ama Onyankopɔn?
Susuw sɛnea Bible drama yi mu asuade no fa adwene a ɛnnɛ yɛn mu biara wɔ wɔ tumi a Onyankopɔn ahyehyɛ ho: (1) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ asafo mu mpanyimfo gyinaesi ho, na dɛn ntia? (2) Yɛbɛyɛ dɛn ako atia adwemmɔne biara a ebia yɛwɔ? (3) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wonni yɛn anim no sintɔ ahorow ho? (4) Sɛ yefi ase nwiinwii wɔ yɛn koma mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (5) Ɛsɛ sɛ yebu ɔsom hokwan biara a wɔde ama yɛn no sɛn? (6) Henanom na ɛnsɛ sɛ yɛde wɔn di nokware a yebedi ama Onyankopɔn no anim, na bere bɛn na eyi betumi ayɛ sɔhwɛ kɛse ama yɛn?
Sɛ mususuw nsɛm yi ho wɔ asafo no mu wie a, adɛn nti no wonsan nhwɛ video yi bio? Ma nea enti a ɛsɛ sɛ yenya obu ma Yehowa tumidi bere nyinaa no ntim wɔ w’adwene mu!—Dw. 18:25; 37:28.