Yɛ Papa na Da Adɔe Adi Kyerɛ Afoforo
1 Ná Dorka yɛ obi a “nnwuma pa ne adɔe ayɛ no ma.” (Aso. 9:36, 39) N’ayamye su no ma onyaa nnipa a na wonim no, ne Yehowa Nyankopɔn anim dom. Hebrifo 13:16 ka sɛ: “Mommma mo werɛ mmfi papayɛ ne nneɛma a mo ne afoforo bɛkyɛ, efisɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.” Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ papa ada adɔe adi akyerɛ afoforo nnɛ?
2 Ɔkwan biako a afoforo betumi anya yɛn so mfaso ne sɛ yɛde yɛn ‘ahonyade’ bɛyɛ wɔn adɔe. (Mmeb. 3:9) Ntoboa a yeyi de boa wiase nyinaa adwuma no tumi ma yesisi Ahenni Asa, Nhyiam Asa, ne Betel adwumayɛbea adan wɔ wiase nyinaa. Ayamye a yɛda no adi no ama nnipa ɔpepem pii anya teokrase akwankyerɛ ne honhom fam fekubɔ a ɛma denhyɛ.
3 Awerɛkyekye ne Mmoa a Yɛde Bɛma: Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, sɛ Yehowa nkurɔfo no, yɛasiesie yɛn ho sɛ ‘yɛbɛyɛ yɛn mfɛfo gyidifo ne wɔn a wɔne yɛn nkura gyidi koro no papa.’ (Gal. 6:10) Bere a afiri bi a wɔde yɛ nnuru paee wɔ France no, awarefo bi a na wɔte bɛn faako a afiri no si no kae sɛ: “Yɛn nuanom Kristofo yɛɛ ntɛm bɛboaa yɛn ma yɛprapraa yɛne afoforo nyinaa adan mu siesiee mu. Yɛn afipamfo ho dwiriw wɔn yiye sɛ wohui sɛ nnipa bebree aba rebɛboa yɛn.” Onuawa foforo nso de kaa ho sɛ: “Asafo mu mpanyimfo bɛboaa yɛn. Wɔba bɛhyɛɛ yɛn nkuran. Nokwarem, eyi na na yehia sen nneɛma foforo biara.”
4 Yɛwɔ akwan pii a yebetumi afa so ayɛ yɛn afipamfo papa, nanso nea mfaso wɔ so sen biara ne sɛ yɛbɛka nokware nimdeɛ a ɛsom bo no ne “daa nkwa” a Yehowa ankasa de ahyɛ bɔ no ho asɛm akyerɛ wɔn. (Tito 1:1, 2) Bible mu asɛm ma wɔn a wɔredi wiase nsɛm tebea ne wɔn ankasa sintɔ ho abooboo no nya awerɛkyekye ampa. (Mat. 5:4) Momma yɛnyɛ papa na yɛnna adɔe adi nkyerɛ afoforo bere a ɛwɔ yɛn tumi mu no.—Mmeb. 3:27.