Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/05 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase April 11
  • Dapɛn a Efi Ase April 18
  • Dapɛn a Efi Ase April 25
  • Dapɛn a Efi Ase May 2
Yɛn Ahenni Som—2005
km 4/05 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase April 11

Dwom 4

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Sɛ nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 no fata mo asafo no asasesin a, fa yɛ sɛnea wɔde April 1 Ɔwɛn-Aban ne April 8 Engiresi Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Mubetumi afa akwan foforo a ɛfata so de ama. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu no, ma ɔdawurubɔfo no nyɛ sɛnea ɔredi adanse wɔ mmɔnten so.

15 min: “Kɔ So Ka Asɛm No.”a Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no mu nsɛm sɛnea bere bɛma kwan.

15 min: “Yɛ Papa na Da Adɔe Adi Kyerɛ Afoforo.”b Ma asɛm no mfa mo asafo no ho, na kyerɛ akwan a mubetumi afa so aboa afoforo.

Dwom 47 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 18

Dwom 76

10 min: Asafo mu nkaebɔ.

20 min: “Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ—Ɔfa 8.”c Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa a ɔdawurubɔfo bi de Jehovah’s Witnesses—Who Are They? What Do They Believe? nhomawa no rema Bible suani foforo no. Ɔdawurubɔfo no twe osuani no adwene si nhomawa no mu mfonini a ɛwɔ kratafa 20 no so na ɔkyerɛkyerɛ Baguam Nhyiam no mu tiawa. Ɔka dapɛn a edi hɔ baguam ɔkasa a wɔbɛma no asɛmti kyerɛ osuani no na ɔto nsa frɛ no sɛ ɔmmra bi.

15 min: Fa Adwenemtew Tra Wiase a Anyinam Mfiri Redɔɔso Wom Mu. (Tito 2:11, 12) Ɔkasa a egyina September 2002 Yɛn Ahenni Som, kratafa 8, nkyekyɛm 1-7, ne January 2000 Yɛn Ahenni Som, kratafa 5, nkyekyɛm 24-26, ne kratafa 6, nkyekyɛm 35-36 so. Sɛ bere wom a, wubetumi de krataa a ɛhyɛ January 2000 Yɛn Ahenni Som no mu nsɛm afoforo a ɛfa mo asafo no ho aka ho.

Dwom 169 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 25

Dwom 111

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan mo sikasɛm ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa April asɛnka akontaabu mmra. Sɛ nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 no fata mo asafo no asasesin a, fa yɛ sɛnea wɔde April 1 Ɔwɛn-Aban ne April 22, Engiresi Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Mubetumi afa akwan foforo a ɛfata so de ama.

10 min: Asafo mu osuahu ahorow. Ma atiefo nka osuahu a wonyae bere a wɔsan kɔɔ nnipa a wɔde Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no maa wɔn no nkyɛn no nkyerɛ. Di kan yɛ ho nhyehyɛe ma wɔnyɛ osuahu no mu nea ɛyɛ anigye paa ho ɔyɛkyerɛ. Kamfo wɔn nyinaa sɛ wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔsatu titiriw no mu.

20 min: “Adawurubɔfo a Wɔmmɔɔ Asu a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔanya Nkɔso.”d Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Ka Bible adesua dodow a asafo no yɛ ne dodow a wɔde wɔn ho ahyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu nanso wɔmmɔɔ asu no kyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran na wɔmmoa wɔn ma wonnya nkɔso. Hyɛ nhoma adesua so ahwɛfo nkuran ma wɔmfa wɔn adwene nsi adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu a wɔwɔ wɔn akuw mu a wɔbɛboa wɔn no so.

Dwom 43 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 2

Dwom 148

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw asɛm “Monkɔ so Nwɛn! Nhomawa no a Yebesua” a ɛwɔ kratafa 6 no ho tiawa. Kyerɛ mu sɛ eyi ne nhyehyɛe a wɔayɛ a yɛde besua nhomawa no. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsiesie wɔn ho yiye mfa wɔn ho nhyɛ adesua no mu dapɛn biara. Yebefi ne sua ase wɔ May 23 dapɛn no mu.

17 min: Wɔn a Wogyee Nhomawa Foforo no a Yɛne Wɔn Befi Bible Adesua Ase. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Munsusuw sankɔhwɛ a wɔyɛɛ ho ɔyɛkyerɛ wɔ Ɔsom Nhyiam ase wɔ March 14 dapɛn mu no ho tiawa, ne titiriw no, ka ɔfã a wɔde nkyerɛwde soronko akyerɛw a wɔkaa ho asɛm wɔ saa nsrahwɛ no awiei no ho asɛm. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma adawurubɔfo koro no ara mfa asɛm no nyɛ sankɔhwɛ a edi hɔ no. Afei ɔdawurubɔfo no ka Bible adesuayɛ ho asɛm bere a ɔde nhomawa no akyi nsɛm kyerɛ ofiewura no, na wɔyɛ nhyehyɛe a wɔde besusuw adesua 1 ho wɔ Ahwehwɛde nhomawa no mu wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔne wɔn a wogyee Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no bi no mfi Bible adesua ase.

20 min: “Wobegye Nnipa Ahorow Nyinaa Nkwa.”e Kyerɛ sɛnea asɛm no fa nnipa a wɔwɔ mo asasesin no ho mu.

Dwom 112 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena