Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/05 kr. 8
  • Ɔfã 8—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã 8—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asuafo a Yɛbɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Ahyehyɛde a Egyina Hɔ Ma Yɛn Din no Mu
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Bible Asuafo a Yɛbɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Yehowa Ahyehyɛde No Hia
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Anigye A Yɛbɛdan Akɔ Ahyehyɛde No So—Ɔfã 1
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Anigye A Yɛbɛdan Akɔ Ahyehyɛde No So—Ɔfã II
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 4/05 kr. 8

Ɔfã 8—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ

Kyerɛ Asuafo Kwan Bra Ahyehyɛde no Mu

1. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ dapɛn biara yɛka Yehowa ahyehyɛde no ho biribi kyerɛ osuani no wɔ Bible adesua a yɛyɛ mu?

1 Ɛnyɛ yɛn botae a yɛde yɛ Bible adesua ara ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ ɔsom ho nsɛm nko, na mmom sɛ yɛbɛboa osuani no ma wabɛka Kristofo asafo no ho nso. (Sak. 8:23) Jehovah’s Witnesses—Who Are They? What Do They Believe? nhomawa no betumi aboa yɛn ma yɛayɛ eyi. Fa bi ma wɔn a wo ne wɔn afi ase resua Bible no na hyɛ wɔn nkuran ma wɔnkenkan. Afei nso wɔ dapɛn biara adesua mu no, fa simma kakraa bi kyerɛ osuani no biribi a ɛfa Yehowa ahyehyɛde no ho.

2. Wobɛyɛ dɛn ahyɛ Bible asuafo nkuran ma wɔaba asafo nhyiam?

2 Asafo Nhyiam: Ɔkwan titiriw a Bible asuafo fa so kyerɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no ho anisɔ ne sɛ wɔne yɛn bɛbɔ wɔ asafo nhyiam ase. (1 Kor. 14:24, 25) Enti wubetumi afi ase akyerɛkyerɛ nhyiam ahorow anum a yɛyɛ no dapɛn biara no mu akyerɛ wɔn mmiako mmiako. Ka baguam kasa a edi hɔ no asɛmti kyerɛ wɔn. Fa nea yebesua wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ne Asafo Nhoma Adesua a edi hɔ no nso kyerɛ wɔn. Kyerɛ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam no nso mu kyerɛ wɔn. Sɛ wɔma wo dwumadi wɔ sukuu no mu a, wubetumi abobɔ so akyerɛ wɔn. Wubetumi aka nsɛntitiriw a musuae wɔ nhyiam horow ase no akyerɛ wɔn. Fa mfonini a ɛwɔ yɛn nhoma ahorow mu no boa wɔn ma wonnya nea ɛkɔ so wɔ nhyiam ase no ho adwene. Mufi Bible adesua ase ara pɛ a, to nsa frɛ wɔn sɛ wɔmmra nhyiam no bi.

3. Ahyehyɛde no ho nsɛm bɛn na yebetumi ne asuafo no asusuw ho?

3 Sɛ Nkaedi, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ne afei ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ rebɛn a, fa simma kakra kyerɛkyerɛ emu biara mu kyerɛ wɔn fa kanyan ɛho anigye. Yiyi nsɛmmisa te sɛ eyinom ano nkakrankakra: Dɛn nti na wɔfrɛ yɛn Yehowa Adansefo? Dɛn nti na yɛfrɛ mmeae a yehyia no sɛ Ahenni Asa? Adwuma bɛn na mpanyimfo ne asafo mu asomfo yɛ? Ɔkwan bɛn so na wɔfa hyehyɛ asɛnka adwuma no wɔ asasesin no mu? Yɛyɛ dɛn tintim yɛn nhoma ahorow no? Yɛyɛ dɛn nya sika tua ahyehyɛde no ho ka? Dɛn na Betel adwumayɛbea ne Sodikuw no yɛ de hwɛ adwuma no so?

4, 5. Ɔkwan bɛn so na yɛn video ahorow no betumi aboa asuafo ma wɔakyerɛ ahyehyɛde no ho anisɔ?

4 Video a Wɔde Kyerɛkyerɛ: Ɔkwan foforo a Bible asuafo betumi afa so ahu Yehowa ahyehyɛde nwonwaso no ne sɛ wɔbɛhwɛ yɛn video ahorow no. To the Ends of the Earth video no kyerɛ ɔsom adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa; nea wɔato din Our Whole Association of Brothers no betumi ama wɔahu yɛn wiase nyinaa anuanom fekuw no; ɛnna United by Divine Teaching video no nso kyerɛ wɔn biakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no. Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name video no kaa ɔbea bi a na wagye yɛn nhoma atoatoa so mfe anum no ma osui. Na wabenya Adansefo a wɔkɔ ne nkyɛn no mu ahotoso, nanso ɔhwɛɛ video no wiei no, ɔbɛtee nka sɛ obetumi de ne ho ato ahyehyɛde no nso so. Wɔne no fii adesua ase na dapɛn a edi hɔ no ara mu no, ɔkɔɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so.

5 Sɛ dapɛn biara yɛde simma kakraa bi ne yɛn asuafo no susuw nhoma ahorow a yɛde sua Bible no ho a, yɛde nkakrankakra bɛkyerɛ wɔn kwan aba ahyehyɛde a Yehowa de reyɛ adwuma nnɛ no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena