Anigye A Yɛbɛdan Akɔ Ahyehyɛde No So—Ɔfã II
1 Ɛyɛ Kristofo akyerɛkyerɛfo pɛ ankasa sɛ wɔbɛboa wɔn a wɔne wɔn yɛ ofie Bible adesua ma wɔanya honhom mu nhyɛase a ɛyɛ den. Wɔyɛ eyi denam Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no a wɔne wɔn sua nkakrankakra, na wɔama emu nokware ahorow no asian adu wɔn adwene ne wɔn komam no so. (Mat. 7:24-27) Pii ho hia sen gyidi ho nkyerɛkyerɛ ara kwa a yɛde bɛma wɔn. Ɛsɛ sɛ yɛma wonya anisɔ ma Yehowa ahyehyɛde no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ nea wɔasua no ho biribi na wɔabɛyɛ Kristofo asafo no mufo a wɔyɛ adwuma. (Yak. 2:26) Efi bere kɔ bere mu no adawurubɔfo ne Asafo no di nkitaho, bisa nyansahyɛ ahorow ne nhoma a wɔatintim a wobetumi de adi dwuma aboa wɔn a wɔne wɔn sua Bible no. Sɛnea mobɛkae no, December, 1982, Yɛn Ahenni Som no kamfoo Jehovah’s Witnesses in the Twentieth Century nhomawa no a yɛde bedi dwuma kyerɛe. Asafo no betumi akra bi, sɛ nea mowɔ no nnɔɔso a. Yɛde biako gye ntoboa ¢1.00 na wobu ho akontaa sɛ nhomawa. Yɛhyɛ nyansa sɛ munsusuw nhomawa yi a mode bedi dwuma no ho efisɛ ekura nneɛma pa a mubetumi de adi dwuma wɔ wɔn a mo ne wɔn resua ade foforo ne wɔn a wɔanya nkɔanim no ho.
2 Nhomawa a ekura nkratafa 32 yi a woyii no adi nea edi kan 1978 mu no yɛ nea wɔyɛe na ama nkurɔfo ahu sɛnea ahyehyɛde no ne Yehowa Adansefo adwuma no te. Bere a woyii adi wɔ nhyiam no ase no wɔde maa ɔmanfo na akyiri yi yɛde kɔɔ afie afie wɔ 1979 mu. Ɛdii adanse kɛse. Ɛsɛ sɛ wufi ase de bi mema wɔn a wo ne wɔn sua Bible no, sɛ wonyɛɛ saa dedaw a. Kyerɛw nsɛm ahorow a wɔatwe adwene asi so ne mfonini ahorow no betumi ayɛ mmoa kɛse wɔ nnipa koma pafo a wubedu wɔn komam no mu.
NSƐNTITIRIW A WODE BEDI DWUMA
3 Ma yensusuw nneɛma a ebia ebetu mpɔn titiriw wɔ osuani foforo fam no ho. Asafo nhyiam horow no ho hia titiriw wɔ Yehowa nkurɔfo asetra mu na enti yɛpɛ sɛ wɔn a yɛne wɔn sua ade no ne yɛn kɔ nhyiam ahorow yi ntɛm ara sɛnea ebetumi. Wɔka eyi ho asɛm wɔ nhomawa no nkratafa 18-20. Wɔkyerɛkyerɛ dapɛn biara nhyiam ahorow anum a yɛyɛ no biara mu tiawa na wɔtwe adwene si kyerɛw nsɛm ahorow so. Ebia wubehu sɛ eye sɛ wo ne osuani no bɛkenkan nkyekyem abien a efi ase wɔ kratafa 18 ase hɔ no. Si akwankyerɛ a wɔde ama wɔ Hebrifo 10:24, 25 ne Mmebusɛm 27:17 no so dua. Kyerɛ osuani no sɛnea nneɛma te wɔ Ahenni Asa no so wɔ nkratafa 19 ne 20 a ɛda sɛnea Ahenni Asa no ho ne emu te adi no. Fa toto sɛnea Kristoman asɔre horow no pii te no ho. Sɛ moresusuw eyi ho a, twe adwene si mo Ahenni Asa no so pɔtee. Sɛ nsa ano kratawa a ɛkyerɛ mo address ne mmere horow a mode yɛ nhyiam horow no wɔ hɔ a, ma osuani no bi. Ɛno akyi, wɔ adapɛn a ɛbɛba no mu no, wubetumi akyerɛkyerɛ no dapɛn biara nhyiam ahorow anum no mu nkakrankakra akɔ akyiri, akyerɛ n’atirimpɔw ahorow, sɛnea wɔyɛ no, nhoma horow a wɔde di dwuma, ne nea ɛkeka ho. Ebia wobɛpɛ sɛ mususuw nhyiam biako ho dapɛn biara, na ama moanya nsɛm a ɛdɔɔso ama adapɛn anum no. So wunnye nni sɛ ɛsɛ sɛ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ boa osuani no ma ohu hia a asafo nhyiam horow a ɔbɛkɔ ho hia no yiye?
4 Wɔ bere a ɛsɛ mu no, ebia wo ne osuani no betumi asusuw ntoboayi ho. Wubetumi akyerɛ no sɛ Yehowa Adansefo fi anigye mu de wɔn bere ne nneɛma afoforo ma wɔ Bible adesua ahorow a wɔyɛ a wonnye ho hwee no mu. Nanso sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wɔboa ma wosiesie wɔn ahyehyɛde no, sɛ ebia wɔn Ahenni Asa a, egye sika. Nanso, Yehowa Adansefo nnyigye sika wɔ wɔn nhyiam horow ase, sɛnea Kristoman asɔre horow yɛ no. Wɔde ntoboa adaka si baabi wɔ beae a wohyiam hɔ na wɔn a wɔba no betumi ayi ntoboa, sɛ wɔpɛ a. Eyi yɛ nea wɔnhyɛ obiara. Wubetumi de nkɔmmɔbɔ yi agyina nhomawa no nkratafa 29 ne 30 so.
5 Wubetumi akyerɛkyerɛ mu sɛ bere a wɔnhwehwɛ sɛ Kristofo beyi ntotoso du du no, wɔda so ara wɔ hokwan ahorow pii sɛ wɔde wɔn ‘ahonyade’ bɛhyɛ Yehowa anuonyam. (Mmeb. 3:9, 10) Wo ne osuani no nsusuw nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ 2 Korintofo 9:7 ne Luka 21:1-4 no ho na kyerɛ no sɛ yɛn adema no yɛ nea Kristofo dɔ na ɛkanyan yɛn ne sɛ ɔpɛ a obi wɔ sɛ ɔde biribi bɛma no na ehia, na ɛnyɛ dodow a ɔde ma. Kristofo adema yɛ hokwan fɛfɛ a yenya de da yɛn dɔ ma Yehowa ne yɛn nuanom adi. Bible osuani a ɔrenya nkɔso ani begye sɛ obehu nneɛma yi. So yɛreyɛ nea yebetumi nyinaa sɛ akyerɛkyerɛfo de aboa wɔn a yɛne wɔn sua ade ma wɔanya anisɔ ama Yehowa ahyehyɛde no? So yebetumi ayɛ nea ɛsen saa? Yɛhyɛ wo nkuran sɛ fa nyansahyɛ ahorow yi di dwuma, bɔ mpae srɛ Yehowa na ɔnkɔ so nkyerɛ wo kwan na onhyira wo. Nsɛm afoforo a ɛfa eyi ho bɛba.