Intanɛt—Hwɛ Yiye Wɔ Asiane a Ɛwɔ Dwuma a Wɔde Di mu no Ho!
1 Yehowa nkurɔfo tumi ne wɔn ho wɔn ho nya fekubɔ a ɛyɛ anigye. Wɔde anigye ka osuahu a wonya wɔ asɛnka mu no kyerɛ wɔn ho, na wɔkyerɛ nsɛm a ɛfa Yehowa Adansefo ne Ahenni adwuma a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa ho a wɔte no ho anisɔ. Wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛte ɔhaw anaa asiane soronko a ebia ɛto yɛn nuanom ho asɛm, na wɔpɛ sɛ wohu sɛ wobetumi ayɛ biribi de aboa a. Ɔpɛ a ɛte saa no kyerɛ sɛ biakoyɛ wɔ yɛn ntam, na yɛdodɔ yɛn ho ankasa.—Yoh. 13:34, 35.
2 Ɛnnɛ, yɛte nsɛm a esisi wɔ wiase no ntɛm. Radio ne television so dwumadi tumi ma nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa hu nsɛm a ɛresisi no pɛpɛɛpɛ. Yetumi nso ne nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa di nkitaho ntɛm ara denam telefon so. Ade biako a aba nnansa yi a obiara nam so ne afoforo di nkitaho wɔ wiase nyinaa ne Intanɛt.—Hwɛ July 22, 1997, Engiresi Nyan! mu.
3 Telefon ma ankorankoro tumi ne wɔn ho di nkitaho ntɛmntɛm wɔ wiase nyinaa. Ɛwom sɛ mfaso kɛse wɔ telefon so de, nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ ɔkwan a yɛde di dwuma no ho, efisɛ ɔkwan a wɔnam so ne afoforo di nkitaho anaa wɔde di dwuma no betumi ayɛ nea ɛmfata, na telefon a yɛde di dwuma ma ɛboro so no betumi ama yɛabɔ ka kɛse. Television ne radio boa kɛse wɔ nhomasua mu. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ dwuma a wodi wɔ so no mu pii mfata wɔ abrabɔ fam, na ɛyɛ beresɛe sɛ yebetie. Nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ nyiyim kɛse wɔ ɔkwan a yɛde television ne radio di dwuma no mu.
4 Intanɛt ma obi tumi ne nnipa ɔpepem pii di nkitaho wɔ wiase nyinaa a ɔmmɔ ka kɛse, na ɛma no te nsɛm pii. (January 8, 1998 Engiresi Nyan!) Nanso, Intanɛt dwumadi biara a obi de ne ho hyem no betumi ama no ahyia honhom fam ne abrabɔ fam asiane pii. Ɔkwan bɛn so na eyi te saa?
5 Nnipa pii pɛ sɛ wɔte sɛnea wɔyɛ akode, a atopae ka ho ho asɛm. Bere a adwumayɛfo sɛe wɔ Intanɛt ho no ho asɛm haw nnwumayɛkuw pii. Yɛaka honhom fam asiane a Intanɛt de ba ho nsɛm pii wɔ yɛn nhoma ahorow mu. Kɔmputa so dwumadibea ahorow pii da basabasayɛ ne nguamansɛm a enye mma Kristofo koraa adi. (Dw. 119:37) Asiane foforo a ɛyɛ hu nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo titiriw hwɛ wɔn ho yiye wɔ ho. Dɛn ne saa asiane yi?
6 So wobɛma ɔhɔho bi aba wo fie a wunni kan nhu onii ko a ɔyɛ? Na sɛ ɔkwan biara nni hɔ a wobɛfa so ahu nipa ko a ɔyɛ ɛ? So wubegya wo mma ama ɔhɔho a ɔte saa? Eyi te saa pɛpɛɛpɛ wɔ Intanɛt ho.
7 Wubetumi de amanneɛbɔ akɔma nkurɔfo a wunnim wɔn anaasɛ wo nsa betumi aka bi afi wɔn hɔ denam ɛlɛtrɔnik dwumadi so. Saa ara nso na wubetumi afa ɛlɛtrɔnik dwumadi so ne afoforo adi nkitaho wɔ guabɔ ase anaasɛ wubetumi ne afoforo a wɔahyiam wɔ ɔdan bi mu resusuw asɛm bi ho adi nkitaho. Ɛtɔ mmere bi a, wɔn a wɔahyiam no bi kyerɛ sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo, nanso mpɛn pii no, nea wɔka no nyɛ nokware. Obi betumi akyerɛ sɛ ɔyɛ abofra bere a ɛnte saa. Anaasɛ obi betumi adi atoro aka sɛ ɔyɛ ɔbea anaa ɔbarima, nso na ɛnte saa.
8 Nsɛm a wo nsa ka no betumi ayɛ osuahu anaa nsɛm a wɔaka afa yɛn gyidi ho. Wobetumi aka nsɛm a ɛtete saa akyerɛ nnipa foforo pii. Mpɛn pii no, nsɛm a ɛtete saa no yɛ nea enni nnyinaso biara, na ebetumi aba sɛ ɛnyɛ nokware mpo. Ebia nsɛm a wɔaka no yɛ biribi a wɔde retrɛw awaefo nsusuwii mu.—2 Tes. 2:1-3.
9 Bere a saa asiane yi wɔ w’adwenem no, sɛ wode Intanɛt redi dwuma a, bisa wo ho sɛ: ‘Atirimpɔw bɛn nti na mereyɛ eyi? So ebetumi aba sɛ sɛnea mede redi dwuma no bepira me wɔ honhom fam? So ebetumi ama mapira afoforo wɔ honhom fam?’
10 “Yehowa Adansefo” Kɔmputa Dwumadibea Ahorow: Sɛ nhwɛso no, susuw Intanɛt dwumadibea horow a nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo wɔ no ho hwɛ. Wɔto nsa frɛ wo ma wobɛkenkan osuahu ahorow a efi wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Adansefo hɔ wɔ wɔn kɔmputa so. Wɔhyɛ wo nkuran ma wokyerɛ wo nsusuwii ne adwene a wukura wɔ Asafo ti no nhoma ahorow ho. Ebinom ka nsɛm a wobetumi de adi dwuma wɔ asɛnka mu kyerɛ. Saa dwumadibea ahorow yi ma ankorankoro hu mmeae a wobetumi ne afoforo adi nkitaho te sɛ nea wɔne wɔn rekasa wɔ telefon so ara pɛ. Mpɛn pii no, wɔkyerɛ dwumadibea ahorow a ɛbɛma woatumi ne Yehowa Adansefo anya fekubɔ wɔ kɔmputa so wɔ wiase nyinaa. Nanso, wobɛyɛ dɛn atumi ahu pefee sɛ eyi mfi awaefo hɔ?
11 Fekubɔ a wonam Intanɛt so ne afoforo nya no ne asɛm a wɔkamfo kyerɛ wɔ Efesofo 5:15-17 no nhyia. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo. Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne. Eyi nti monnyɛ nnipa a wonni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wohu ade a [Yehowa, NW] pɛ yiye.”
12 Kristofo asafo no yɛ teokrase kwan a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nam so ma yɛn honhom fam aduan. (Mat. 24:45-47) Wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu no, yenya akwankyerɛ ne ahobammɔ a ɛma yɛde yɛn ho fi wiase no ho ne nkuranhyɛ a ɛma yɛyere yɛn ho wɔ Awurade adwuma no mu. (1 Kor. 15:58) Odwontofo no kyerɛe sɛ onyaa anigye ne ahobammɔ wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. (Dw. 27:4, 5; 55:14; 122:1) Asafo no nso de honhom fam mmoa ma emufo. Wubetumi anya nnamfo a wɔwɔ ɔdɔ, wodwen afoforo ho na wosusuw wɔn ho wɔ mu—nnipa a wunim wɔn yiye a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa afoforo na wɔakyekye wɔn werɛ wɔ ahohia mu. (2 Kor. 7:5-7) Kyerɛwnsɛm mu nsiesiei a wɔayɛ ma wɔde atu wɔn a wɔyɛ bɔne a wɔnkyerɛ ahonu anaasɛ wɔhyɛ awaefo nsusuwii ho nkuran no bɔ asafo no mufo ho ban. (1 Kor. 5:9-13; Tito 3:10, 11) So yebetumi afa Intanɛt so anya fekubɔ koro no ara a ɔdɔ wom yi?
13 Ɛda adi sɛ ɛnte saa koraa. Ɛda adi pefee sɛ awaefo ho nsɛm nkutoo na wohu wɔ Kɔmputa Dwumadibea ahorow bi mu. Dwumadibea a ɛtete saa no betumi akyerɛ sɛ ɛnyɛ nneɛma a ɛte saa na wɔkamfo kyerɛ, na wɔn a wɔkamfo wɔn dwumadibea kyerɛ no betumi de nkyerɛkyerɛmu a edi mu ama sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo ankasa. Ebia wobebisa nsɛm bi afi wo hɔ mpo de ahu sɛ woyɛ Yehowa Dansefo ampa a.
14 Yehowa pɛ sɛ wode nhumu di dwuma. Dɛn ntia? Efisɛ onim sɛ ɛbɛbɔ wo ho ban afi asiane ahorow ho. Mmebusɛm 2:10-19 fi ase sɛ: “Sɛ nyansa ba wo koma mu, na nimdeɛ sɔ wo kra ani a, adwempa bɛhwɛ wo so, na [nhumu, NW] abɔ wo ho ban.” Ɛbɛbɔ wo ho ban afi dɛn ho? Ɛbɛbɔ wo ho ban afi nneɛma te sɛ “bɔne kwan,” wɔn a wɔpo trenee kwan, ne nnipa a wɔn bra asɛe na wɔn akwan nyinaa akyea no ho.
15 Akyinnye biara nni ho sɛ yɛne yɛn nuanom na ehyiam wɔ Ahenni Asa so. Yenim wɔn. Obiara ntumi nnye eyi ho kyim efisɛ yɛn nuadɔ no da adi. Ɛho nhia sɛ yɛka nsɛm pɔtee bi ansa na yɛahu sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo. Ɛha na yehu nkuranhyɛ a Paulo kaa ho asɛm wɔ Hebrifo 10:24, 25 no ankasa. Kɔmputa so Dwumadibea ahorow no ntumi mfa nkuranhyɛ a ɛte saa mma. Nsɛm a ɛwɔ Dwom 26:4, 5 a yɛbɛma atra yɛn adwenem no betumi ama yɛayɛ ahwɛyiye wɔ asiane ahorow a yebetumi ahyia no ntɛm bere a yɛde Intanɛt Dwumadibea ahorow redi dwuma no ho.
16 Wɔn a wɔde Intanɛt di dwuma no ntumi nto hye wɔ nsɛm a wotumi nya no mu. Mpɛn pii no, mmofra ne wɔn a wonnya nnii mfe aduonu na nsɛmmɔnedi ne basabasa a wɔyɛ yi nya wɔn so nkɛntɛnso. Mmofra yɛ anokwafo ne asɛmpɛfo, na wɔpere wɔn ho sɛ wobehu nsɛm a ɛkɔ so wɔ kɔmputa so no. Enti ɛsɛ sɛ awofo ani kũ wɔn mma dwumadi ho na wɔma wɔn Intanɛt ho akwankyerɛ pa a egyina Kyerɛwnsɛm so a wɔde bedi dwuma, sɛnea wɔde akwankyerɛ bɛma wɔn wɔ nnwom anaa sini ho no ara pɛ.—1 Kor. 15:33.
17 Awerɛhosɛm ne sɛ wɔatu ebinom a bere bi na wɔyɛ yɛn nuanom esiane sɛ wɔne wiasefo nyaa nkitahodi wɔ Intanɛt so, na awiei koraa ekowiee ɔbrasɛe mu no nti. Nea ɛyɛ ahodwiriw koraa ne sɛ, mpanyimfo ayɛ kyerɛwtohɔ sɛ ebinom agyaw wɔn kununom anaa wɔn yerenom hɔ de wɔn ho akɔhyɛ abusuabɔ foforo a efii ase wɔ Intanɛt so mu. (2 Tim. 3:6) Afoforo nso apo nokware no esiane sɛ wogyee nsɛm a awaefo kae wɔ Intanɛt so dii nti. (1 Tim. 4:1, 2) Esiane asiane ahorow a ɛyɛ hu yi nti, so nyansa nnim sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi Intanɛt so nkitahodi ho? Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yenya nyansa, nimdeɛ, adwempa, ne nhumu a wɔka ho asɛm wɔ Mmebusɛm 2:10-19 no, na abɔ yɛn ho ban wɔ eyi ho.
18 Nea yɛahyɛ no nsow ne sɛ, ebinom hwehwɛ Intanɛt Dwumadibea ahorow a ɛbɛma wɔatumi aka asɛmpa no. Ɛyɛ anuanom a wɔn ani nna hɔ no na wɔboa ma afoforo hwehwɛ saa Intanɛt dwumadibea ahorow yi mu pii. Ɛyɛ awaefo a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa afoforo a wɔn ani nna wɔn ho so no na wɔde dwumadibea yi ma. (2 Yoh. 9-11) Bere a November 1997, Yɛn Ahenni Som no reka sɛ ebia ebehia sɛ yɛn nuanom hyehyɛ Intanɛt Dwumadibea a ɛte saa anaasɛ enhia no, ɛkae wɔ kratafa 7 sɛ: “Ɛho nhia sɛ obi de Yehowa Adansefo, yɛn dwumadi anaa yɛn gyidi ho asɛm bɛhyɛ Intanɛt so. Yɛada nsɛm a ɛyɛ nokware adi wɔ yɛn Intanɛt dwumadibea [www.watchtower.org] a obiara a ɔpɛ betumi akɔhwɛ.”
19 So Yebetumi De Mmoa a Wɔde Sua Ade Ama Wɔ Intanɛt So? Ebinom te nka sɛ wɔnam teokrase dwumadi ahorow ho nhwehwɛmu a wɔayɛ a wɔde kɔ Intanɛt so no so boa wɔn nuanom. Sɛ nhwɛso no, ebia obi besiesie baguam ɔkasa bi de akɔ Intanɛt so, a osusuw sɛ nsɛm a ɛte saa bɛboa wɔn a ehia sɛ wosiesie baguam ɔkasa koro no ara no. Afoforo de kyerɛw nsɛm biara a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban Adesua a wɔbɛyɛ mu anaa nsɛm a ebepue Teokrase Ɔsom Sukuu anaa Asafo Nhoma Adesua mu nso kɔ Intanɛt so. Ebia ebinom de nyansahyɛ a ɛfa nsɛm a wɔka kyerɛ wɔ asɛnka mu ho bɛma. So nneɛma a ɛte saa no boa ankasa?
20 Nhoma ahorow a Yehowa ahyehyɛde no de ama yɛn no ma yenya nsɛm a ɛhyɛ den na ɛtete yɛn ‘ma yeyiyi papa ne bɔne mu.’ (Heb. 5:14) So yebetumi aka sɛ yɛn nsa ka eyi bere a afoforo na wɔyɛ nhwehwɛmu ma yɛn no?
21 Wɔkaa Kristofo a wɔwɔ Beroia ho asɛm sɛ ‘woye sen wɔn a wɔwɔ Tesalonika no.’ Dɛn ntia? Efisɛ “woyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa wɔhwehwɛ kyerɛwsɛm no mu sɛ nneɛma no te saa anaa.” (Aso. 17:11) Ɛwom sɛ Paulo ne Silas na wɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn de, nanso wɔn ankasa na wogyee nokware no toom.
22 Nhwehwɛmu a obi ayɛ a yɛde bɛma ɔkasa bi anaasɛ yɛde besiesie yɛn ho ama nhyiam foforo no sɛe ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ kokoam adesua no. So wunni ɔpɛ sɛ w’ankasa wubesua Onyankopɔn Asɛm de anya gyidi? Sɛ w’ankasa wutumi te biribi ase a, wubetumi aka ho asɛm akyerɛ afoforo—wɔ ɔkasa ahorow a woma, mmuae a woma wɔ asafo nhyiam ase, ne asɛnka mu. (Rom. 10:10) Nhwehwɛmu a obi ayɛ a wode bedi dwuma no ne asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 2:4, 5 a ese ‘yɛnkɔ so nhwehwɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sɛ akorade a ahintaw’ no nhyia.
23 Sɛ nhwɛso no, sɛ worekenkan kyerɛw nsɛm wɔ w’ankasa wo Bible mu a, wubetumi ahwehwɛ nea kyerɛwsɛm biara kyerɛ no mu tiawa. Wubetumi ‘ahwehwɛ nneɛma nyinaa mu pɛpɛɛpɛ,’ sɛnea Luka yɛe bere a ɔkyerɛw N’asɛmpa no. (Luka 1:3) Mmɔden kɛse a wobɔ no bɛsan aboa wo ma woatumi akaakae kyerɛw nsɛm bere a woakɔ asɛnka ne bere a worema ɔkasa no. Nnipa pii aka sɛ Yehowa Adansefo ho yɛ wɔn nwonwa efisɛ wonim sɛnea wɔde Bible di dwuma. Sɛ yɛbɔ mmɔden de yɛn ankasa Bible di dwuma de hwehwɛ kyerɛw nsɛm bi nkutoo a, na eyi betumi afa yɛn ho.
24 Yɛn Bere a Yɛde Bedi Dwuma Nyansam: Ade foforo a ɛsɛ sɛ yesusuw ho wɔ ha nso ne bere dodow a yɛde hyehyɛ Intanɛt so nsɛm, kenkan, na yetie no. Dwom 90:12 hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmɔ mpae sɛ: “Ma yenhu yɛn nna kan sɛ ɛte, na yɛanya nyansa koma.” Paulo kae sɛ: “Wɔatwa bere no tiaa.” (1 Kor. 7:29) Ɔkaa bio sɛ: “Yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.”—Gal. 6:10.
25 Afotu a ɛte saa no si hia a ehia sɛ yɛde yɛn bere di dwuma nyansam no so dua. Hwɛ sɛnea mfaso wɔ so kɛse sɛ yebegye bere akenkan Onyankopɔn Asɛm! (Dw. 1:1, 2) Ɛno ne nkitahodi a ɛsen biara a yebetumi anya. (2 Tim. 3:16, 17) Awofo, so morekyerɛkyerɛ mo mma bo a ɛsom sɛ wɔde wɔn bere bedi dwuma nyansam wɔ Ahenni nneɛma ho no? (Ɔsɛnk. 12:1) Bere a yɛde yɛ kokoam ne abusua Bible adesua, kɔ nhyiam ahorow, yɛ asɛnka adwuma no yɛ nea mfaso wɔ so koraa sen nea wɔsɛe no wɔ Intanɛt ho na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya mfaso afi mu no.
26 Eyi nti, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛde yɛn adwene besi honhom fam nneɛma ne nneɛma a ɛho hia ma yɛn asetra sɛ Kristofo no so. Eyi hwehwɛ sɛ ansa na yebegye bere de asusuw biribi ho no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhwehwɛmu kɛse. Sɛ Kristofo no, Kristo kaa nea ɛho hia wɔ yɛn asetram ho asɛm tiawa sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” (Mat. 6:33) Sɛ woyɛ Ahenni nneɛma pii wɔ w’asetram a, so w’ani nnye kɛse?
27 Nsɛm a Wɔde Fa Intanɛt Ɛlɛtrɔnik So Mena: Ɛwom sɛ yɛn suahu anaa nsusuwii a yɛbɛka ho asɛm akyerɛ abusuafo anaa nnamfo a wɔte akyirikyiri no fata de, nanso so ɛyɛ nea ɔdɔ wom ankasa sɛ wode eyinom bɛma afoforo a ebia wonnim w’abusuafo anaa nnamfo no? Anaasɛ ɛsɛ sɛ wode eyi kɔ kɔmputa Dwumadibea bi ma obiara kenkan kɛkɛ? So ɛsɛ sɛ wokyerɛw saa kokoam nsɛm yi de mena nnipa biara a ebia wunim wɔn anaa wunnim wɔn? Saa ara nso na sɛ wote asɛm bi a ɛmfa wo ho fi afoforo hɔ a, so ɛbɛyɛ nea ɔdɔ wom sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ afoforo?
28 Na sɛ asɛm a wokeka kyerɛ afoforo no nyɛ nokware nso ɛ? So eyi renkyerɛ sɛ woretrɛw atosɛm mu? (Mmeb. 12:19; 21:28; 30:8; Kol. 3:9) Nokwarem no, ‘hwɛ a yɛbɛhwɛ yɛn nantew yiye sɛ anyansafo, na ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa’ no bɛka yɛn ma yɛasusuw eyi ho. (Efe. 5:15) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ osuahu ahorow a edi mu a ɛhyɛ nkuran na ɛkanyan yɛn ma yɛkɔ so nantew “ɔkwan” no so no wɔ Yearbook, Ɔwɛn-Aban, ne Nyan! nsɛmma nhoma no mu!—Yes. 30:20, 21.
29 Asiane foforo nso wɔ hɔ. Ɔsomafo Paulo kaa ebinom ho asɛm sɛ: “Wɔyɛ anihaw sua afi mu kyinkyini, na ɛnyɛ anihaw nko na wɔyɛ, na wɔyɛ kurokuro ne tɛretɛre nso keka nsɛm a ɛnsɛ.” (1 Tim. 5:13) Eyi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛsɛe yɛn bere bɔ mmɔden keka nsɛnhunu kyerɛ yɛn nuanom.
30 Susuw bere a egye ansa na woatumi ahu nneɛma pii a ɛwɔ E-mail so no ho. Anigyesɛm ne sɛ, Data Smog nhoma no kae sɛ: “Bere a obi sɛe bere pii wɔ Intanɛt ɛlɛtrɔnik so no, nneɛma a ohu a ɛsɛ sɛ ɛma n’ani gye no bɛdan beresɛe ntɛm ara, esiane sɛ ɛsɛ sɛ ɔma nsɛm pii a ne mfɛfo, ne nnamfo, ne n’abusuafo abisa no ho mmuae daa, . . . na ɔbɔ aguade ho dawuru pii no nti.” Bio nso, ɛka sɛ: “Wɔn a wɔtaa kenkan nsɛm a wɔde mena wɔ kɔmputa so no pii anya su bɔne a ɛne sɛ wɔde asɛm biara a ɛyɛ anigye a wɔn nsa ka—aseresɛm, anansesɛm, kɔmputa so nkrataa ahorow, ne pii a ɛkeka ho—bɛma obiara a n’address wɔ wɔn kɔmputa so no.”
31 Eyi ada adi wɔ nsɛm a wɔde fa E-mail so a anuanom pii de di dwuma mu—nneɛma te sɛ aseresɛm anaa nsɛm a ɛyɛ anika a ɛfa asɛnka ho; anwensɛm a wosusuw sɛ egyina yɛn gyidi ahorow so; mfatoho a efi ɔkasa ahorow a wotiee no ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ahorow ase anaa Ahenni Asa so mu; asɛnka mu suahu ahorow; ne nea ɛkeka ho—nneɛma a ɛte sɛ nea asɛm biara nni ho. Anuanom dodow no ara de ayɛ wɔn su sɛ wɔde nsɛm a ɛte saa a wɔde mena wɔ Intanɛt so no bɛma afoforo bere a wɔnhwehwɛ baabi a efi, na ɛma ɛyɛ den sɛ wobehu onii pɔtee a ɔde nsɛm no mae, na ɛma obi adwenem yɛ no naa wɔ nokwasɛm a asɛm no yɛ ho.—Mmeb. 22:20, 21.
32 Mpɛn pii no, nsɛnhunu a ɛte saa no nyɛ nsɛm a eye a na ɛwɔ Paulo adwene mu bere a ɔkyerɛw nea edi so yi kɔmaa Timoteo no: “So nsɛm pa a eye a wotee me nkyɛn no nhwɛso no mu yiye, gyidi ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu mu.” (2 Tim. 1:13; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) “Nsɛm pa a eye no nhwɛso” no yɛ ‘kasa kronn’ a ɛne nokware a egyina Kyerɛwnsɛm so no. Egyina Bible asɛmti a ɛne Yehowa tumidi a wɔnam Ahenni no so bɛsan ho no so titiriw. (Sef. 3:9) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden biara na yɛde bere ne ahoɔden a yɛwɔ nyinaa boa Yehowa tumidi a wɔsan ho yi.
33 Esiane sɛ yɛadu nneɛma nhyehyɛe yi awiei pɛɛ nti, ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ yegyae yɛn ho mu ni. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.” (1 Pet. 5:8) Ɛka bio sɛ: “Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe adi asi.”—Efe. 6:11.
34 Sɛ yɛamfa Intanɛt anni dwuma yiye a, ebetumi ayɛ ɔkwan a Satan nam so nya wɔn a enya wɔn so tumi no. Ɛwom sɛ ebetumi aba sɛ yenya so mfaso kakra de, nanso sɛ yɛanyɛ ahwɛyiye a, asiane betumi ato yɛn. Ɛsɛ sɛ awofo titiriw na wɔma sɛnea wɔn mma de Intanɛt di dwuma no ho hia wɔn.
35 Adwene a ɛkari pɛ a yebenya wɔ Intanɛt ho no yɛ ahobammɔ. Yɛn ani sɔ nkaesɛm a ɛyɛ ne bere mu de a Paulo de ma yi: ‘Wɔn a wodi wi yi ase nyɛ sɛnea wonni; na wi yi ase su retwam.’ (1 Kor. 7:29-31) Saa nneɛma yi a yɛbɛma atra yɛn adwenem no bɛboa yɛne yɛn mmusua na biribiara a wiase no de ma, a nea ɛwɔ Intanɛt so ka ho, no antwetwe yɛn adwene.
36 Ɛho hia sɛ yɛbɛn yɛn nuanom a wɔwɔ asafo no mu no kɛse, na yɛde bere a aka no di dwuma nyansam, na yɛboa ma Ahenni adwuma no nya nkɔanim. Bere a saa nhyehyɛe yi rebɛn n’awiei no, ‘mommma yɛnnnantew bio sɛnea amanaman no nantew wɔn adwene hunuyɛ mu no,’ na mmom, ‘momma yɛnkɔ so nhu ade a Yehowa pɛ yiye.’—Efe. 4:17; 5:17.