Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase January 10
Dwom 107
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw.
15 min: “Yehowa Din a Yɛbɛma Wɔahu Wɔ Asase Nyinaa So.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka bɔnnɔ so adansedi a wɔaka ho asɛm wɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no mu, nkratafa 93-4 ho asɛm.
20 min: Mmara Kwan so a Yɛbɛfa Apaw Ayaresa a Wɔmfa Mogya Nka Ho. (Aso. 15:28, 29) Ɔkasa a ɔpanyin a ɔfata ma. Sɛ mopɔn nhyiam yi a, Adansefo a wɔabɔ asu betumi agye “Advance Medical Directive/Release” krataa foforo no bi, na wɔn a wɔwɔ mma a wɔmmɔɔ wɔn asu no betumi agye “Identity Card” ama wɔn mu biara. Ɛnsɛ sɛ mohyehyɛ nkrataa yi seesei ara. Ɛsɛ sɛ mohyehyɛ no kama wɔ fie, nanso MOMMFA mo nsa nnhyɛ ase. Nsa a wɔde bɛhyɛ nkrataa no nyinaa ase, ɛho adanse a wobedi, ne date a wɔbɛbɔ no bɛba so bere a moapɔn Asafo Nhoma Adesua a edi hɔ no, na sɛ ɛho behia a, nhoma adesua sohwɛfo no bɛhwɛ ama moadi ho dwuma. Hwɛ hu sɛ woahyehyɛ krataa no awie koraa ansa na wode wo nsa ahyɛ ase. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn nsa bɛhyɛ krataa no ase sɛ adansefo no hu sɛ wɔn a ɛyɛ wɔn de no de wɔn nsa rehyɛ ase. Bere a adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu de nsɛm a ɛwɔ saa kratasin yi so atoto wɔn ankasa tebea ne wɔn gyidi ahorow ho no, wobetumi ayɛ wɔn ankasa krataa, na wɔne wɔn mma de adi dwuma. Ɛsɛ sɛ Nhoma adesua so ahwɛfo hwɛ hu sɛ wɔn a wɔwɔ wɔn akuw mu nyinaa anya mmoa a wohia na ama wɔatumi ahyehyɛ “Advance Medical Directive/Release” krataa no.
Dwom 155 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 17
Dwom 12
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
15 min: Asɛmmisa a Ɛfa ‘Ahyɛnso’ Ho no Ho Mmuae. Ɔkasa a ɔpanyin bi gyina asɛm a ɛwɔ July 15, 1999, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 29-31 no so ma.
20 min: “Fa Nkratawa Fi Nkɔmmɔbɔ Ase.” Ka nkratawa anan a motaa de di dwuma wɔ mo asasesin mu no ho asɛm. Bisa asɛm bi a wɔde ho mmuae ama wɔ emu biara mu. Ma atiefo nkyerɛ sɛnea wobetumi de asɛmmisa no afi nkɔmmɔbɔ ase, ne sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔde befi Bible adesua ase. Kyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi de nkratawa no abien ayɛ eyi mu.
Dwom 57 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 24
Dwom 65
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka “Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo” ho asɛm, na hyɛ obiara nkuran ma ɔnkɔ dwumadi no nyinaa bi.
13 min: “Ɛsɛ sɛ Wode Yehowa Asɛm Di Dwuma Da Biara!” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2000 no, nni dwuma. Twe adwene si asɛm a wɔaka wɔ kratafa 3-4 no nso so. To nsa frɛ adawurubɔfo ma wɔnka sɛnea wɔbɔ mmɔden kɛse sɛ daa wobesusuw kyerɛw nsɛm no ne emu nkyerɛkyerɛmu no ho sɛ ankorankoro ne mmusua.
22 min: “Intanɛt—Hwɛ Yiye Wɔ Asiane a Ɛwɔ Dwuma a Wɔde Di mu no Ho!” Asɛmmisa ne mmuae a wɔde susuw nkyekyem 1-18 ho. Kenkan nkyekyem 4-7, 12, 16, 17. Hyɛ obiara nkuran ma onsiesie ne ho yiye mma dapɛn a edi hɔ no nkɔmmɔbɔ a ebegyina nkyekyem 19-36 so no.
Dwom 223 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 31
Dwom 16
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae obiara sɛ ɔmfa ne January asɛnka akontaabu mmra. Kyerɛ nhoma a yɛde bɛma wɔ February mu: Abusua Asetra nhoma no. Kyerɛ sɛnea yebetumi de nsɛmmisa abiɛsa a ɛwɔ adaka a ɛwɔ kratafa 12 mu no afi nkɔmmɔbɔ ase.
22 min: “Intanɛt—Hwɛ Yiye Wɔ Asiane a Ɛwɔ Dwuma a Wɔde Di mu no Ho!” Nsɛmmisa ne mmuae a wɔde susuw nkyekyem 19-36 ho. Kenkan nkyekyem 23-5 ne 34-6.
13 min: Sɛnea Yɛbɛboa Afoforo Ma Wɔahu Nokware Som. Asafo mu somfo a ɔfata ne adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔn ho akokwaw susuw sɛnea nkurɔfo betumi akyerɛ Yehowa Adansefo ho anigye nanso wontumi nhu nsonsonoe a ɛda yɛn som no ne afoforo de ntam no ho. Ka nsɛntitiriw du a wɔatwe adwene asi so a ɛwɔ May 8, 1995, Nyan! kratafa 10 no ho asɛm. Kyerɛkyerɛ sɛnea nsɛm a ɛtete saa a nipa komapafo bi behu no bɛboa no ma wahu nsonsonoe a ɛda nokware som ne atoro som ntam ne hia a ehia sɛ ɔma Yehowa nkurɔfo kyerɛkyerɛ no na ɔde ne ho bɔ yɛn no mu.
Dwom 60 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 7
Dwom 113
8 min: Asafo mu nkaebɔ.
17 min: Ka Daniel Nkɔmhyɛ nhoma no ho asɛm. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Kyerɛkyerɛ nsɛntitiriw a ɛwɔ nhoma foforo no mu no mu: nsɛmti a ɛkanyan adwene, mfatoho ahorow a edi mu, nsɛmmisa a ɛkanyan adwene a ɛwɔ adaka a ɛwɔ adesua biara awiei mu, mfonini ne akontaabu pon a etumi kyerɛkyerɛ nsɛm bi mu yiye. Ka sɛnea wɔaka ɔkwan a Mikael bɛfa so “asɔre” wɔ ɔkwan soronko so no ho asɛm (Nkratafa 288-90). Ka hia a ehia sɛ yɛkɔ so kyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no ho asɛm (Nkratafa 311-12). Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ so kenkan nhoma no yiye na yɛhyɛ anigyefo nkuran ma wɔyɛ saa ara.
20 min: Wɔpaw Ɔkwampa. Ɔkasa a egyina October 15, 1997, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 19-21, nkyekyem 3-16 so. Si nea akwampaefo aka so dua, na kyerɛ nea enti a wosusuw sɛ wɔde wɔn asetra adi dwuma wɔ ɔkwan a mfaso wɔ so so. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnhwehwɛ ɔkwan a obetumi afa so abɛyɛ akwampae adwuma no bi.
Dwom 182 ne mpaebɔ a wɔde wie.