Ɛsɛ sɛ Wode Yehowa Asɛm Di Dwuma Da Biara!
1 Da biara wutumi hyia nsɛnnennen a ɛsɔ wo gyidi hwɛ. Ebia obi a ɔnyɛ Kristoni a wunim no kɔ so hyɛ wo sɛ wo ne no mpue nkogye mo ani. Wo kyerɛkyerɛfo pɛ sɛ woyɛ honam fam adwuma, anaasɛ w’adwumawura pɛ sɛ wode nnɔnhwerew pii yɛ adwuma. Ebia w’apɔwmuden so rehuan. Ɛwom sɛ wubetumi ahyia sɔhwɛ a ɛte saa bere biara de, nanso wonyɛ ankonam. Yehowa ayɛ krado sɛ ɔbɛma wo nyansa a wuhia no na wode agyina ano. Bible kyerɛwsɛm ne emu nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa mu a wubesusuw ho no yɛ ɔkwan biako a wubetumi afa so asua Yehowa Asɛm daa. So wode nsiesiei yi di dwuma?
2 Mmoa Wɔ Hɔ: Yesaia 30:20, NW, ka Yehowa ho asɛm sɛ “Ɔkyerɛkyerɛfo Pumpuni” a Ne nkurɔfo betumi ahwehwɛ mmoa afi ne hɔ. Ɔde nea wuhia na woatumi agyina wo gyidi ho nsɛnnennen ano no ma wo. Ɔkwan bɛn so? Nkyekyem a edi hɔ no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na w’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: Eyi ne kwan . . . monnantew so.” Ɛnnɛ, Yehowa nam Kyerɛwnsɛm no ne ‘akoa kuw’ no nhoma ahorow so de ‘n’asɛm’ ma. (Mat. 24:45) Nimdeɛ pii wɔ Ɔwɛn-Aban a atwam no mu nsɛm nkutoo mu, na ɛka Kristofo asetra fã biara ho asɛm. Nea wɔde emu nsɛm aba Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa no mu a wobɛkenkan no bɛboa ma woanya nimdeɛ pii a ɛbɛma woadi sɔhwɛ ahorow nyinaa ho dwuma.—Yes. 48:17.
3 Yɛ Ho Nhyehyɛe: Ɛwom sɛ na ɛna bi nni adagyew anɔpa de, nanso ɔde yɛɛ ne botae sɛ ɔne ne babarima bɛkenkan kyerɛwsɛm no ne nkyerɛkyerɛmu no asusuw ho bere a wɔredidi no. Na asɛm yi ne mpaebɔ ne nsɛm a etwa to a abarimaa no te anɔpa biara ansa na wakɔ sukuu. Ɛhyɛɛ no den ma ɔko tiaa nna a wɔde haw no, ɔpoo ɔmampɛ denneennen, na ɔde akokoduru dii sukuufo ne akyerɛkyerɛfo nyinaa adanse. Ɛwom sɛ na ne nkutoo na ɔyɛ Ɔdansefo wɔ sukuu no mu de, nanso wante nka da sɛ ɔyɛ ankonam.
4 Fa wo ho to Yehowa ne N’asɛm so na woanya akwankyerɛ. Sɛ woyɛ saa a, wubebu no sɛ ɔteasefo ankasa, te sɛ adamfo nokwafo. Kɔ ne nkyɛn da biara! Ɛmmra sɛ wo ne afoforo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase a wɔhwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu da biara no behu sɛ mo aniwa adan “aniwa a ehu mo Kyerɛkyerɛfo Pumpuni” no.