Yehowa Din a Yɛbɛma Wɔahu Wɔ Asase Nyinaa So
1 Bere a Yesu de ahyɛde maa n’asuafo sɛ wonni nkurɔfo adanse ‘nkɔpem asase ano nohɔ’ no, na wayɛ nhwɛso a wobedi akyi ama wɔn dedaw. (Aso. 1:8) Ɔkaa Onyankopɔn atirimpɔw ma adesamma ho asɛm bere biara ne baabiara a ohuu nnipa. Akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no nam akwan horow pii so rema wɔahu Yehowa din wɔ “asase nyinaa so” de asuasua Yesu.—Yes. 12:4, 5.
2 Nea Wɔyɛe Wɔ Bere a Atwam no Mu: Wɔ bere a atwam no mu no, na wotintim nsɛm a yɛka kyerɛ no wɔ atesɛm nkrataa mu; wɔyɛɛ “Photo-Drama of Creation” sini no yi kyerɛɛ nnipa ɔpepem pii; wɔde kar a akasam si so dii dwuma; wɔde gramafon dii dwuma pii, na wɔde radio dii dwuma wɔ bere bi mu—wɔde eyi nyinaa kaa asɛmpa no. Nokwarem no, wɔasi nkurɔfo nkyɛn a yɛbɛkɔ daa no so dua na ama yɛatumi ama anigye a wonyae no akɔ so atra hɔ. Enti, ada adi sɛ afie afie som adwuma no yɛ ɔkwan a etu mpɔn a yɛbɛfa so ama wɔahu Yehowa din wɔ baabiara.—Aso. 5:42.
3 Nea Wɔreyɛ Wɔ Yɛn Bere Yi Mu: Esiane mmere a ɛresakra nti, obiara nni adagye, na yɛntaa nto nnipa wɔ fie wɔ mmeae pii. Nnipa kakraa bi na wɔpɛ sɛ wogye bere kenkan honhom fam nneɛma na wodwen ho. Enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn som adwuma no mu sɛnea ɛsɛ. Afie afie a yɛkɔ de yɛ yɛn asasesin mu adwuma akyi no, wɔahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ baabi a nnipa wɔ na ‘yensiesie yɛn ho’ sɛ yebeyi yɛn ho ano wɔ anidaso a yɛwɔ no ho. (1 Pet. 3:15) Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ka asɛm kyerɛ yɛn mfɛfo adwumayɛfo, sukuufo, nkurɔfo a wɔwɔ mmɔnten so, wɔ ahomegyebea, anaa kar gyinabea, sotɔɔ mu ne baabi foforo biara a yebetumi ahu nnipa. Esiane sɛ Yehowa gyina yɛn akyi nti, yɛn mmɔdenbɔ no sow aba. So wo nso wokɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ baabiara a wɔwɔ no?
4 Momma yɛn mu biara mmɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛma wɔahu Yehowa din wɔ yɛn asasesin mu. Yebetumi anya akomatɔyam kɛse wɔ yɛn som adwuma a yɛyɛ kosi ase no mu bere a yɛde yɛn ho to Yehowa so sɛ ɔntwetwe nnipa komapafo no.—Yoh. 6:44.