Monkɔ so Nwɛn! Nhomawa no a Yebesua
Asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa besua Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no wɔ Asafo Nhoma Adesua ase wɔ May 23 kosi June 20, 2005 adapɛn no mu. Yɛsrɛ sɛ momfa nsɛmmisa yi nni dwuma bere a moresiesie mo ho ne bere a moreyɛ adesua no. Wɔ adesua no mu no, monkenkan nsɛm no, na monkenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no sɛnea bere bɛma kwan.
Dapɛn a Efi Ase May 23
◼ Kratafa 3-4: Tebea a wɔaka ho asɛm wɔ ha yi mu nea ɛwɔ he na aka w’asetra kɛse? Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ wo mpɔtam hɔ nkutoo na eyinom resisi?
◼ Kratafa 5: Dɛn na ɛma wugye di sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho ampa? Dɛn na ebetumi ama yɛahu baabi a yedwen Onyankopɔn ne nea ɔreyɛ no ho kodu?
◼ Kratafa 6-8: Dɛn na Mateo 24:1-8, 14 ka fa tebea a ɛwɔ wiase nnɛ no ho? Sɛnea ɛda adi wɔ 2 Timoteo 3:1-5 no, bere bɛn mu na yɛte yi? Ɛyɛ dɛn ho nna a edi akyiri? Dɛn na ɛma wugye di sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm ampa? Ahenni bɛn na yɛka ho asɛm no?
◼ Kratafa 9-10: Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw gyinae horow a yesisi da biara ne nea ehia yɛn paa wɔ abrabɔ mu no ho yiye? (Rom. 2:6; Gal. 6:7) Bere a wususuw nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa 10 ho no, kyerɛw nsɛm bɛn na ɛba wo tirim a ɛsɛ sɛ enya nea woyɛ so nkɛntɛnso?
Dapɛn a Efi Ase May 30
◼ Kratafa 11: Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ankasa sususw nsɛm a wɔabisa wɔ kratafa yi mu no ho? (1 Kor. 10:12; Efe. 6:10-18) Dɛn na yɛn mmuae wɔ nsɛmmisa yi ho kyerɛ sɛnea yebu Yesu afotu a ɛwɔ Mateo 24:44 no aniberesɛm?
◼ Kratafa 12-14: Dɛn ne ‘atemmu dɔn’ a wɔkaa ho asɛm wɔ Adiyisɛm 14:6, 7 no? Dɛn na ‘Onyankopɔn a yebesuro no na yɛahyɛ no anuonyam’ no kyerɛ? Dɛn ne Babilon Kɛse no, na dɛn na ɛbɛto no? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ mprempren wɔ Babilon Kɛse ho? Dɛn bio na ɛka atemmu dɔn a wɔaka ho asɛm ato hɔ no ho? Nim a yennim “da anaa dɔn ko” a Onyankopɔn atemmu a wɔaka ho asɛm ato hɔ bɛba no ka yɛn dɛn? (Mat. 25:13)
◼ Kratafa 15: Dɛn ne tumidi ho ɔsɛmpɔw no, na ɔkwan bɛn so na eyi ka yɛn mu biara sɛ ankorankoro?
◼ Kratafa 16-19: Dɛn ne “ɔsoro foforo” ne “asase foforo” no? (2 Pet. 3:13) Hena na wahyɛ eyinom ho bɔ no? Nsakrae bɛn na ɔsoro foforo no ne asase foforo no de bɛba? So yɛn ankasa benya so mfaso?
Dapɛn a Efi Ase June 6
◼ Kratafa 20-21: Guan a na wobeguan ho kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de maa afeha a edi kan mu akyidifo no? (Luka 21:20, 21) Bere bɛn na na wobetumi aguan? Dɛn nti na na ehia sɛ woguan ntɛm ara? (Mat. 24:16-18, 21) Dɛn nti na nnipa pii bu wɔn ani gu kɔkɔbɔ so? Ɔkwan bɛn so na nnipa mpempem a wɔwɔ China ne Philippines no tiee kɔkɔbɔ a efi beae pa na wonyaa so mfaso? Dɛn nti na egye ntɛmpɛ paa sɛ yetie Bible mu kɔkɔbɔ a ɛfa nneɛma nhyehyɛe yi sɛe ho no? Esiane sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ yi nti, asɛyɛde bɛn na yɛwɔ? (Mmeb. 24:11, 12)
◼ Kratafa 22-23: Wɔ afe 1974 mu wɔ Australia ne afe 1985 mu wɔ Colombia no, dɛn nti na nnipa pii amfa asiane a na ebesi ho kɔkɔbɔ a wɔde mae no anyɛ hwee? Dɛn na efii mu bae? Wususuw sɛ anka wobɛyɛ w’ade dɛn wɔ kɔkɔbɔ no ho, na dɛn ntia? Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ anka yebetie Noa bere so kɔkɔbɔ no? Dɛn nti na na nnipa pɛ sɛ wɔtra tete Sodom mpɔtam hɔ no? Sɛ yesusuw nea ɛtoo Sodom no ho yiye a, mfaso bɛn na yebetumi anya?
Dapɛn a Efi Ase June 13
◼ Kratafa 24-27: Fa “Nsɛmmisa” a ɛwɔ kratafa 27 no di dwuma.
Dapɛn a Efi Ase June 20
◼ Kratafa 28-31: Fa “Nsɛmmisa” a ɛwɔ kratafa 31 no di dwuma.
Nhomawa yi a yebesua no bɛboa yɛn ma ‘yɛakɔ so awɛn’ na yɛasiesie yɛn ho asie. Ɛmmra sɛ bere nyinaa yɛde ntɛmpɛ bɛyɛ yɛn som adwuma no sɛnea ɔbɔfo a ɔkaa eyi yɛe no: ‘Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu.’—Mat. 24:42, 44; Adi. 14:7.