-
Wo Nso, Wubetumi Adi Bɔnnɔ So Adanse Ma Ayɛ YiyeAhenni Som—1990 | June
-
-
na woahwɛ nea otiefo no bɛyɛ ansa na woahu sɛnea wobɛtoa so.
6 Nkyekyem 11, 12: Bere a wobɔ mmɔden sɛ wode Kyerɛwnsɛm mu nsusuwii bi bɛbam no, ebia nnipa pii rente ase anaasɛ wɔne no renyɛ adwene. Nya ntoboase ma wɔn, sɛnea Kristo nya maa Samariani ɔbea no.
7 Nkyekyem 13, 14: Ɛha no, Yesu yɛɛ hia a ɛho hia sɛ wutie onipa foforo no nsemmisa yiye na aboa wo ma woakyerɛ nkɔmmɔbɔ no kwan no ho ɔyɛkyerɛ. Bio, faako a wo otiefo no ne wo nyɛ adwene (sɛ ɛyɛ bɔkɔɔ anaa dennen so) no, bɔ mmɔden sɛ wubenya biribi a mo nyinaa adwene hyia ho, sɛ ɛbɛyɛ yiye a. Saa asɛm yi mu no, na ɔbea no ne Yesu bɛyɛ adwene ntɛm sɛ “obiara a ɔnom nsu yi bi no, osukɔm bɛde no bio.” Hwɛ sɛnea Yesu de Kyerɛwnsɛm mu nsusuwii afoforo bae na ɔkanyan ɔbea no akɔnnɔ ma osuaa nokware no bi kaa ho.
NEA EBEFI MU ABA NO BETUMI AYƐ NEA AKATUA WOM
8 Nkyekyem 15-18: Yiw, bɔnnɔ so adansedi betumi ayɛ obi a wɔboa no ma ɔfa nkwa kwan no so no mfiase. Ɔbea no bisae wɔ ha sɛ wɔmma no nkwa nsu a Yesu betumi de ama no no bi nnom. Nkyekyem 16-18 mu titiriw no, Yesu pɛe sɛ ɔboa ɔbea no ma ohu onipa ko a ɔyɛ—Mesia no ne odiyifo. Yɛn nso yebetumi aboa otiefo no ma wanya tumi a yegyina so kasa a ɛne Bible no fibea mu ahotoso. Ade foforo ni: Bere a ɔbea no gye toom Yesu anim sɛ “Minni kunu” no, Yesu buae sɛ: “Woaka no yiye.” Akyiri yi bere a nkɔmmɔbɔ no rekɔ so no, Yesu de kaa ho sɛ: “Eyi de woaka no nokware.” Enti, sɛ otiefo no ka nsɛm bi a ɛyɛ nokware a, kyerɛ sɛ wo ne no yɛ adwene na ma w’ani nna hɔ sɛ wobɛkamfo no sɛnea ɛfata. Dɛn nti na wususuw sɛ eye sɛ wobɛyɛ eyi?
9 Nkyekyem 19-26: Sɛnea wubetumi ahu no, ɛnyɛ Yesu nkutoo na na ɔkasa, na mmom ɔmaa Samariani ɔbea no nso kwan ma ɔkyerɛɛ n’adwene pii. Enti, wo nkutoo nka asɛm no nyinaa. Sɛnea Yesu yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ no, ma wo nsɛm no nyɛ tee ne nea esi asɛm no so, na mma ɛnyɛ nea ɛyɛ den sɛ wɔbɛte ase. Sɛ́ bɔnnɔ so adansedi no yɛ tiawa anaasɛ ɛware no, ɛsɛ sɛ wo otiefo no te nka sɛ wasua biribi. Nokware ahorow bɛn na Samariani ɔbea no sua fii Yesu hɔ wɔ saa asɛm yi mu?
10 Yohane ti 4 no mu nsɛm a aka no kyerɛ sɛ ɔbea yi ne Samariafo pii nam so begyee Yesu Kristo dii sɛ “wiase agyenkwa.” (Nkyekyem 42) Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa ani bɛda hɔ wɔ bɔnnɔ so adansedi ho na yɛde adi dwuma daa, na yɛde nnyinasosɛm ahorow a Yesu de dii dwuma no adi dwuma. Sɛ yɛde nnyinasosɛm a wɔabobɔ din wɔ atifi hɔ no redi dwuma a, ɛho nhia sɛ ɛyɛ nnidiso sɛnea wɔde ama no. Bere a wo ne nkurɔfo di nkitaho no, bisa wo ho sɛ: “Ɔkwan a eye sen biara bɛn so na metumi aboa onipa yi ma wasua nokware no?” Eyi bɛboa wo ma woakae nnyinasosɛm pɔtee a ɛsɛ sɛ wode di dwuma. (Yoh. 13:17; Ɔsɛnk. 11:6) Bere a yɛyɛ yɛn fam de wɔ bɔnnɔ so adansedi mu no, Yehowa behyira so pii.
-
-
Asɛmpa a Wɔbɛka Akyebɛ—Denam Bible Adesua SoAhenni Som—1990 | June
-
-
Asɛmpa a Wɔbɛka Akyebɛ—Denam Bible Adesua So
1 Ɔsom afe a etwaam yi mu wɔ Ghana no, yɛn Ahenni adawurubɔfo 31,000 no yɛɛ Bible adesua bɛboro 48,000 ɔsram biara. Ɛnyɛ den sɛ wɔbɛkyekyɛ eyi mu ama ɔdawurubɔfo biara anya Bible adesua nkyekyem 1.5 ɔsram biara. Nanso twɛn. Akwampaefo atitiriw, daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo a sɛ wɔkyekyem a wɔyɛɛ Bible adesua 4 kosi 9 no na wɔyɛɛ emu fa kɛse no ara. Afei nso, adawurubɔfo pii yɛɛ Bible adesua abien anaa abiɛsa mpo daa ɔsram biara. Enti nhwehwɛmu a wɔyɛ no fefeefe da no adi sɛ yɛn mu bɛboro 10,000 (abiɛsa mu nkyem biako) na wɔanyɛ Bible adesua koraa. Ɔkwan bɛn so na yɛn mu pii betumi anya abotɔyam soronko a efi obi foforo a wɔkyerɛkyerɛ no nokware no mu ba no bi?
2 Esiane sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nti, yɛpɛ sɛ yɛne afoforo kyɛ nokware no. Nanso yehia Yehowa mmoa wɔ yɛn som adwuma no mu. (1 Kor. 3:6, 7) Enti, so ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛkɔ Yehowa nkyɛn wɔ mpaebɔ mu na yɛabisa no sɛ ɔmmoa yɛn mma yemfi ofie Bible adesua ase anaa? (1 Yoh. 5:14, 15) Afei ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade ma ɛne nea yebisa no hyia na yɛde yɛn ho hyɛ asɛnka mu kɛse sɛnea yɛn nsɛm tebea horow ma kwan, na yɛka ofie Bible adesua ho asɛm bere a yenya ho kwan no. Ɛyɛ nokwasɛm sɛ adawurubɔfo a wɔatumi akura asɛnka nkyekyem a ɛkɔ soro mu bere a wɔde nsa ato yɛn dwumadi so yi mu no ne wɔn a wɔwɔ ofie Bible adesua ahorow a wɔahyehyɛ no yiye a wɔyɛ daa no. Wɔnam bɔnnɔ so adansedi ne asɛm a wɔka no tee nso so na efii eyinom bi ase bere a wɔde nsa ato yɛn dwumadi so yi mu.
HOKWAN AHOROW PII
3 Mfe pii bi a abɛsen mu no, yɛde nhoma, nhomawa, ne brochure pii amoma nkurɔfo wɔ asasesin no mu. Wobetumi ahu Tra Ase Daa, True Peace, ne Nokware nhoma no ne afoforo wɔ nnipa ɔpepem pii a wɔnyɛ Yehowa Adansefo afi mu. Eyi yɛ hokwan kɛse a wobetumi de afi Bible adesua afoforo ase.
4 Sɛ ofiewura bi ka kyerɛ yɛn sɛ onim yɛn adwuma no ho nsɛm anaasɛ ɔwɔ yɛn nhoma no bi dedaw a, ɛsɛ sɛ yɛka sɛnea ɛyɛ yɛn anigye no kyerɛ no. (Hwɛ Reasoning, kratafa 20.) Sɛ ɔwɔ nhoma bi a, yebetumi de ayamye ahyɛ nyansa sɛ ɔmfa mmra na yɛnkyerɛ no emu nneɛma bi a ɛyɛ anigye a ɛho betumi aba ɔne n’abusua mfaso. Sɛ ɔyɛ ho ade ɔkwampa so a, yebetumi aka ofie Bible adesua ho asɛm akyerɛ no.
5 Nea yɛaka yi akyi ɔkwan foforo ne sɛ yebedi kan abisa ofiewura no sɛ ɔwɔ yɛn nhoma bi a. Eyi betumi ayɛ nea etu mpɔn kɛse wɔ asasesin a yɛama nhoma pii wom no mu. Adamfofa kwan so nnianim asɛm akyi no, yebetumi aka sɛ esiane sɛ yɛtaa srasra nkurɔfo nti, yɛn afipamfo no pii wɔ yɛn nhoma ahorow no bi. Yɛn ani gye ho sɛ yebehu sɛ nkurɔfo nya mfaso fi nsɛm a wɔatintim no mu. Afei yebetumi abisa ofiewura no sɛ ɔwɔ yɛn nhoma no bi a. Sɛ ɔwɔ bi a, yebetumi de ayamye abisa sɛ ɔmfa mmra mma yɛnhwɛ na afei yɛaka sɛ yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ no sɛnea wosua no. Ɔyɛkyerɛ tiawa bi betumi akowie ofie Bible adesua mu. Sɛ onni yɛn nhoma no bi a, yebetumi de nea yɛde rema mprempren no ama no anaasɛ yɛabisa no tee sɛ n’abusua no ani begye ofie Bible adesua a wontua ho hwee ho anaa.
FA NHUMU DI DWUMA
6 Esiane sɛ nkurɔfo nni adagyew nti, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛde nhumu bedi dwuma na yɛantra ase ankyɛ dodo. Ebetumi aba sɛ yɛde simma bɛyɛ 15 na ɛbɛyɛ adesua kakraa a edi kan no. Sɛ ofiewura no nnim sɛ ɛrennye ne bere pii a, ebia obenya ɔpɛ sɛ yɛbɛsra no daa. Sɛ yenya hyehyɛ adesua no wie na ofiewura no anigye bɛyɛ kɛse a, yebetumi adi bere pii wɔ adesua no mu. Nokwarem no, ebinom bɛpɛ sɛ wosua ade bere tenten fi mfiase no ara pɛɛ.
7 Ebinom a wɔte sɛ nguan wɔ asasesin no mu a wohia yɛn mmoa, na wɔn mu pii wɔ yɛn nhoma. Akyinnye biara nni ho sɛ ebinom sisi apini na wodi akyide a wɔyɛ wɔ asase so nnɛ no ho nkɔmmɔ. (Hes. 9:4) Ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ ɛnyɛ Ahenni a ebeyi adesamma amanehunu afi hɔ no ho nhoma nkutoo na yɛde bɛmoma, na mmom sɛ yɛde nokware no bedu komapafo komam nso denam Bible adesua so.—Mat. 28:19, 20.
-
-
Teokrase NsɛmmansɛmmaAhenni Som—1990 | June
-
-
Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Korea nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo a ɛyɛ 58,537 December mu. Na eyi ne wɔn adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo ntoatoaso 27.
◆ Réunion de nnipa 1,714 a wobuu akontaa December mu nyaa nkɔanim 10%.
◆ Zambia baa no bɔ amanneɛ sɛ wɔde Young People Ask nhoma no pii remoma wɔ asasesin no mu. Radio so dwumadi bi mpo wɔ hɔ a ekura asɛmti a ɛte saa ara, na wɔbɔ amanneɛ sɛ wɔn nsɛm no fi nhoma no ne Nyan! mu.
-
-
Asafo Nhoma AdesuaAhenni Som—1990 | June
-
-
Asafo Nhoma Adesua
Nhyehyɛe ma asafo adesua wɔ So Asetra Yi Ara na Ɛwɔ Hɔ? nhoma mu:
June 4: Krat. 60 ¶3 kosi krat. 63 ¶4
June 11: Krat. 64 ¶1 kosi krat. 69 ¶1
June 18: Krat. 69 ¶2 kosi krat. 73 ¶3
June 25: Krat. 74 ¶1 kosi krat. 78 1¶1
-