Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
    Ahenni Som—2006 | November
    • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

      Monhyɛ no nsow: Yɛn Ahenni Som no bɛyɛ Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe ama dapɛn biara wɔ asram a yɛbɛyɛ ɔmantam nhyiam no mu. Asafo ahorow no betumi ayɛ nsakrae a ehia na wɔatumi akɔ “Yɛn Nkwagye Abɛn!” Ɔmantam Nhyiam no bi. Momfa Ɔsom Nhyiam a mobɛyɛ ansa na moakɔ nhyiam no mu simma 15 ntĩ nhyiam no ho nkaebɔ a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ ɔsram yi Yɛn Ahenni Som mu a ɛfa mo hɔnom tebea ho no mu. Sɛ mufi nhyiam no ba a, momfa Ɔsom Nhyiam bi mu simma 15 kosi 20 ntĩ nhyiam dwumadi no mu nsɛntitiriw mu. Ɛnyɛ nhyiam dwumadi no nyinaa na mubetĩ mu. Mmom no, munsusuw afã a ɛfa asɛnka ho tee ne drama no mu nnyinasosɛm ho. Ma atiefo nka sɛnea wɔde nhyiam no mu nsɛm redi dwuma wɔ asɛnka ne wɔn abrabɔ mu.

      Dapɛn a Efi Ase November 13

      Dwom 152

      5 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.

      15 min: “Ɔsatu a Yɛnam so Bɛbɔ ‘Yɛn Nkwagye Abɛn!’ Ɔmantam Nhyiam no Ho Dawuru wɔ Wiase Nyinaa.”a Monkenkan nkyekyɛm no nyinaa.

      25 min: “Montwɛn Yehowa.”b Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo no di ho dwuma. Ka ɔmantam nhyiam a wɔakyerɛ sɛ mo asafo no nkɔ bi no ho asɛm. Ma atiefo nka sɛnea sɛ yɛbɔ nhyiam baagye no bere nyinaa wɔ kurow a yɛreyɛ nhyiam wom no mu a ebetumi abue adansedi ho kwan ama yɛn no ho asɛm. Kanyan atiefo ma wɔmfa hokwan biara a wobenya nni adanse bɔnnɔ so na wɔnhyehyɛ Please Follow Up (S-43) kratasin no bere a obi akyerɛ asɛm no ho anigye no.

      Dwom 191 ne mpaebɔ a wɔde wie.

      Dapɛn a Efi Ase November 20

      Dwom 132

      10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde November 1 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a edi kan a ɛkyerɛ sɛnea wɔde November Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Ma wɔnkyerɛ sɛnea wobua obi a ɔka sɛ “Minim mo adwuma no ani so yiye dedaw” de siw nkɔmmɔbɔ kwan no wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no, kr. 12.

      20 min: Onipa a Ɔsen Biara nhoma no a yɛde bɛma wɔ December mu. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Ma atiefo no nka nea wɔn ani gye ho wɔ Onipa a Ɔsen Biara nhoma no ho ne osuahu a ɛyɛ anigye a wonyae bere a wɔde nhoma no mae bere bi a atwam no. Munsusuw nsɛm a wɔka kyerɛ ho nhwɛso a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ January 2005 Yɛn Ahenni Som mu no ho. Ma wɔmfa nhwɛso a wɔde ama no mu biako anaa ɔkwan foforo a mubetumi afa so de nhoma no ama wɔ mo asasesin mu no nyɛ ɔyɛkyerɛ.

      15 min: “Akokoduru a Yɛde Ka Asɛm no Asomdwoe Mu.”c Fa asɛm a ɛwɔ Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 252-253, wɔ asɛmti ketewa “Bere a Ɛsɛ sɛ Wogyae Nsɛm Mu” ase no ka ho.

      Dwom 39 ne mpaebɔ a wɔde wie.

      Dapɛn a Efi Ase November 27

      Dwom 111

      5 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa November asɛnka akontaabu mmra. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no.

      10 min: Yɛayɛ Biako Resisi Adan de Reyi Onyankopɔn Ayɛ. Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina November 1, 2006, Ɔwɛn-Aban kratafa 17-21 so.

      15 min: “Sɛnea Yebesiesie Asɛm a Yɛbɛka de Nsɛmma Nhoma Ama.”d Ma adawurubɔfo baanu, ebia okunu ne ɔyere mfa simma abiɛsa nyɛ ɔyɛkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ no mu no, wɔpaw nyansahyɛ abien a etwa to a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som yi kratafa 8 no mu biako, na wosusuw sɛnea wɔde wɔn ankasa nsɛm bɛka de ama ho. Afei wɔde nyansahyɛ a yɛasusuw ho yi siesie sɛnea wɔde nsɛmma nhoma no mu asɛm foforo a ɛfata wɔn asasesin no bɛma, na wɔyɛ ho ɔyɛkyerɛ.

      15 min: “Bible Adesua a Etu Mpɔn a Wɔyɛ no Pon Ano.”e Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa bi a ɛrekyerɛ asɛm a ɔdawurubɔfo bi betumi aka ma wɔadan Bible adesua a wɔyɛ no pon ano no akɔyɛ no fie.

      Dwom 162 ne mpaebɔ a wɔde wie.

      Dapɛn a Efi Ase December 4

      Dwom 155

      12 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan na susuw “Asɛnka Akontaabu a Ɛka Akyi” ho na hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn akontaabu mmra ntɛm na wɔatumi abu akontaa pɛpɛɛpɛ bosome biara. Tĩ “July Ɔsom Akontaabu” no mu fa wie. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no di ho dwuma.

      15 min: “Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!”f Hyɛ asafo no nkuran ma wɔmfa nnaka no mu nsɛm ne mfonini ahorow a ɛwɔ nhoma no mu no nni dwuma yiye. Sɛ wowie adesua biara a, ɛsɛ sɛ wɔde Bible no yɛ adesua no mu ntimu.

      18 min: Asɛmpa no Ho Asomfo. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no kratafa 77 kosi asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 83 no so. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmmoa wɔn a wɔyɛ foforo ne mmofra ma wonnya nkɔso. Ɛnsɛ sɛ mpanyimfo no twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ adawurubɔfo no behyia.

      Dwom 168 ne mpaebɔ a wɔde wie.

  • Asɛnka Akontaabu A Ɛka Akyi
    Ahenni Som—2006 | November
    • Asɛnka Akontaabu A Ɛka Akyi

      Adawurubɔfo dodow no ara bɔ mmɔden de wɔn akontaabu ba ntɛm bosome biara. Saafo yi fata nkamfo. Nanso yɛahyɛ no nsow sɛ, adawurubɔfo bɛyɛ 3,000 ntaa mfa wɔn akontaabu mma ntɛm mma yɛmfa nka bosome biara de no ho. So wobɔ mmɔden sɛ wode w’asɛnka akontaabu bɛma ntɛm bosome biara?

      Yɛrekae Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo sɛ wɔnhwɛ sɛ wɔn nsa bɛka wɔn kuw mufo nyinaa asɛnka akontaabu na wɔde ama ɔkyerɛwfo no ntɛm.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena