Nhyehyɛe a Yɛbɛyɛ De Ayɛ Yɛn Asasesin Mu Adwuma Fefeefe
1. Adwuma titiriw bɛn na Yehowa de ama ne nkurɔfo wɔ nna a edi akyiri yi mu, na dɛn na wɔatumi ayɛ?
1 Bere a Yesu kae sɛ “afuw no ne wiase” no, na ɔreka beae kɛse a yɛbɛyɛ Ahenni asɛmpaka adwuma no akodu no ho asɛm. (Mat. 13:38) Efi bere a asɛnka adwuma no fii ase ketewa bi wɔ afe 1919 mu no, nkaefo a wɔasra wɔn no ayɛ adwuma denneennen wɔ otwabere yi mu, na wɔde hokwan biara aka asɛm no akodu asase ano nohoa. Ɛnnɛ, nnipa a wɔwɔ aman 235 so ate asɛmpa no.
2. (a) Ɔfã bɛn na ɔdawurubɔfo biara wɔ na ama yɛayɛ adwuma yi? (b) Ɛsɛ sɛ yebu nsasesin a wɔde ama yɛn sɛ yɛnyɛ mu adwuma no dɛn?
2 Ɛwom sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ɔpepem pii wɔ wiase mmaa nyinaa reka asɛm no de, nanso Ahenni dawurubɔfo biara wɔ adwuma titiriw bi yɛ wɔ “afuw” a wɔde ahyɛ ne nsa no mu. Eyi ne asafo no asasesin ketewa a yɛyɛ mu adwuma ɔsram biara no. Yebu saa asasesin yi dɛn? So ɛsɛ sɛ yebu no sɛ “asasesin” a ɛwɔ asase mfonini so a yɛbɛyɛ mu adwuma? Anaasɛ yebu no sɛ nnipa kuw bi, akra teasefo a wɔwɔ nneɛma a wɔpɛ ne nea wɔn ani gye ho, wɔwɔ wɔn haw ne wɔn ahiade ahorow, na wɔmpɛ sɛ wowu na mmom wɔpɛ nkwa? Yebu wɔn sɛ Onyankopɔn abɔde, a wɔn nyinaa fi obi a mfitiase no Onyankopɔn bɔɔ no sɛ ne nsɛso, abɔde a Onyankopɔn dɔ wɔn yiye, a wɔ awiei bere yi mu mpo no wabue nkwagye ho kwan ama wɔn? (Yoh. 3:16) Sɛ yɛte nka saa ma nnipa a wohia honhom fam mmoa yi a, yɛbɛyɛ yɛn asasesin mu adwuma fefeefe.
3. (a) Dɛn nti na ɛyɛ mpanyimfo no ahiasɛm sɛ wɔbɛhwɛ ma wɔayɛ asasesin a wɔde ahyɛ wɔn nsa no mu adwuma yiye? (b) Asɛyɛde bɛn na ɔsom adwuma sohwɛfo no wɔ wɔ asasesin a wɔbɛkyekyɛ mu ma wɔayɛ mu adwuma no mu?
3 Asafo no Asasesin a Yɛbɛkyekyɛ Mu: Betel adwumayɛbea no na ɛkyerɛ asasesin a asafo biara bɛyɛ mu adwuma. Esiane sɛ mpanyinfo kuw no dwen nnipa a wɔwɔ wɔn mpɔtam hɔ ho sɛnea Yehowa ne ne Ba no dwen wɔn ho no nti, asafo no asasesin a wɔbɛyɛ mu adwuma yiye no yɛ wɔn ahiasɛm paa. Ɔsom adwuma sohwɛfo no na ɔhwɛ adwuma a wɔyɛ no asasesin no mu nyinaa so. Ɛwom sɛ asafo mu somfo betumi akyekyɛ asasesin no mu ayɛ ho kyerɛwtohɔ de, nanso ɔsom adwuma sohwɛfo no na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ sɛ wɔahyehyɛ Territory Assignment Record (S-13) ne Territory Map Card (S-12) no nyinaa pɛpɛɛpɛ a nsɛm a ɛwɔ so no yɛ ne bere mu de a asafo no betumi de adi dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no di akwankyerɛ a wɔde ama wɔ Congregation Territory Assignment krataa, S-54 no so pɛpɛɛpɛ.
4. (a) Asɛyɛde bɛn na Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo wɔ wɔ hwɛ a ɔbɛhwɛ ma wɔayɛ asasesin no mu adwuma fefeefe no ho, na bere tenten ahe na ɛsɛ sɛ wɔyɛ mu adwuma? (b) Ɛbɛyɛ dɛn na asafo horow a wɔyɛ asasesin koro mu adwuma no atumi ayɛ biako, na eyi bɛma wɔakwati dɛn?
4 Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no ne Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo no yɛ adwuma bom na wɔhwɛ ma asafo no nya asasesin a wɔbɛyɛ mu adwuma dapɛn biara. Ɔbɛhwɛ ahu sɛ wɔayɛ asasesin no mu adwuma fefeefe, sɛ ɛbɛyɛ yiye a wɔ asram asia kosi afe ntam. Sɛ asafo bɛboro biako na ɛyɛ asasesin koro mu adwuma a, ɛho behia sɛ ɔne ɔsom adwuma so ahwɛfo a aka no yɛ adwuma bom. Sɛ ɛba saa a, ɛremma asafo ahorow no renyɛ asasesin biako mu adwuma bere koro mu, ade a etumi haw afiewuranom adwene anaa ɛhyɛ wɔn abufuw. Biakoyɛ a ɛte saa no bɛkyerɛ sɛ yɛdwen yɛn nuanom ne nnipa a wɔte asasesin no mu ho.—1 Kor. 9:22, 23.
5. (a) Nhyehyɛe bɛn na wɔayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a asafo no mu adawurubɔfo benya asasesin ayɛ mu adwuma? (b) Bere bɛn na adawurubɔfo betumi anya wɔn ankasa asasesin?
5 Asasesin No a Yɛbɛyɛ Mu Adwuma Fefeefe: Wɔ baabi a asasesin no sua no, mpɛn pii no Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo na ɔhwɛ kyekyɛ nsasesin a adawurubɔfo a wɔwɔ kuw no mu no bɛkɔ mu asɛnka no. Ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔhwɛ ma wɔyɛ mu adwuma yiye na wowie wɔ bere a ɛfata mu. Ɛwom sɛ adawurubɔfo dodow no ara hyia wɔ wɔn kuw mu kɔyɛ asasesin a ɛte saa mu adwuma de, nanso sɛ asafo a wowom no asasesin sõ a, ebia ɔdawurubɔfo biara bɛpɛ sɛ onya n’ankasa de wɔ baabi a ebia ɛbɛn nea ɔte no. W’ankasa asasesin a wubenya no bɛboa wo ma woatumi de bere a wode yɛ asɛnka adwuma no adi dwuma yiye. Afei nso, wubetumi ato nsa afrɛ adawurubɔfo afoforo ma wɔne wo abɛyɛ adwuma wɔ w’asasesin no mu.
6. Asɛyɛde titiriw bɛn na wɔn a wɔwɔ wɔn ankasa asasesin no wɔ?
6 Sɛ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa wɔ hɔ a, wubetumi ahu w’asafo mu ɔsomfo a ɔhwɛ asasesin so no agye bi. Wɔ asram abiɛsa anaa anan akyi no, ɔsomfo a ɔhwɛ asasesin so no bedi kan abisa ahwɛ sɛ woayɛ asasesin no mu adwuma awie koraa anaa, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛdan ahyɛ ne nsa ma wayɛ ho kyerɛwtohɔ. Nanso sɛ wunya w’ankasa asasesin a, ɛyɛ w’asɛyɛde sɛ wokasa kyerɛ nnipa dodow biara a wɔwɔ asasesin no mu sɛnea wubetumi. Eyi bɛhwehwɛ sɛ woyɛ dɛn?
7. (a) Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛayɛ asasesin no mu adwuma yiye? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ kyerɛwtohɔ? (d) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ yɛn asasesin no mu adwuma yiye a, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ?
7 Yɛ Kyerɛwtohɔ Pa: Sɛ wufi komam pɛ sɛ woma nnipa te Ahenni nkrasɛm no a, ɛbɛkanyan wo ma woayere wo ho akasa akyerɛ nnipa dodow biara a wubetumi wɔ asasesin no mu. Sɛ wubetumi ayɛ eyi a, ebehia sɛ wo ne nnipa a mobom yɛ asɛnka adwuma no de House-To-House Record (S-8) kratasin no di dwuma yiye. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ afie afie kyerɛwtohɔ pa? Esiane sɛ ɛfa nnipa nkwa ho nti, nnipa no din, wɔn address ne nsɛm afoforo a yɛbɛkyerɛw ato hɔ no remma yɛn ani mpa nnipa a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no so anaa yɛn werɛ remfi wɔn. Sɛ nhwɛso no, wɔ mmeae pii no, yɛnto nnipa dodow no ara wɔ fie awiabere. Sɛ yɛammɔ mmɔden anhwehwɛ wɔn a yɛnto wɔn wɔ fie no a, yebegyaw yɛn asasesin no fã kɛse ato hɔ a yɛrenyɛ mu adwuma. Enti ɛho hia sɛ yɛkyerɛw afie a yɛanto nnipa wom no nɔma anaa biribi a ebetumi ama yɛahyɛ fie no nsow no to hɔ.
8. Sɛ yɛde nsi hwehwɛ wɔn a yɛnto wɔn wɔ fie no a, aba pa bɛn na yebetwa?
8 Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhwehwɛ wɔn a yɛnto wɔn wɔ fie no a, ɛsow aba pa. Da bi, adansefo awarefo bi kɔɔ asɛnka anɔpa. Eduu anwummere no, wɔsan kɔɔ nnipa a wɔanto wɔn wɔ fie wɔ asasesin no mu no hɔ. Owura bi maa wɔn akongua na ɔyɛɛ aso tiee wɔn yiye. Ogyee yɛn nhoma no biako na afei obisae sɛ Adansefo no bɛsan aba ne nkyɛn anaa. Ná ɔne Yehowa Adansefo nkasae da, na na ɔwɔ nsɛmmisa pii a ɔpɛ ho mmuae. Wofii Bible adesua ase. Sɛ yɛyere yɛn ho saa ara yɛ yɛn asasesin mu adwuma fefeefe a, yɛn nso yebetumi atwa aba pa saa ara.
9. Dɛn na nnipa pii reyɛ na ama wɔanya nnipa a wɔnto wɔn wɔ fie no, na sɛnea 1 Timoteo 2:3, 4 kyerɛ no, dɛn nti na eyi ho hia?
9 Nea ɛbɛyɛ na yɛanya nnipa a wɔte saa no, akwampaefo ne adawurubɔfo a wɔyɛ nsi ahu sɛ ɛfata sɛ wɔsakrasakra bere a wɔde yɛ afie afie asɛnka no mu. Ebinom ahu sɛ dapɛn awiei yɛ bere pa a wobetumi ato nnipa a na wonni fie wɔ dapɛn no mu no. Enti wubetumi de Memeneda anaa Kwasida no bi asan akɔhwɛ sɛ wobɛto wɔn a na wonni fie no. Bio nso, asafo pii ahu sɛ, mfaso wɔ so sɛ wɔkɔ nnipa a wɔte saa no hɔ anwummere. Ɔkwan yi a wobɛfa so ayɛ asafo no asasesin mu adwuma no bɛboa wo ma woato nnipa pii, na sɛ wotɔ wo bo ase a, wobɛboa ebinom ma wɔakyerɛ Onyankopɔn nkwagye nsiesie a wayɛ no ho anisɔ ma w’ani agye.—1 Tim. 2:3, 4.
10. Sɛ yenya obi a ɔkyerɛ asɛm no ho anigye a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na dɛn nti na eyi ho hia?
10 Hwɛ hu sɛ wobɛsan akɔ obiara a ogyee nhoma anaa ɔkyerɛɛ asɛmpa no ho anigye kakra no nkyɛn. Sɛ wunya nnipa a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye a, ehia sɛ wokyerɛw nsɛm bi a ɛbɛboa ma woayɛ sankɔhwɛ a etu mpɔn to hɔ. Nsɛm a wubetumi akyerɛw no bi yɛ onipa no din, n’address, asɛm a mususuw ho, nea sɛ wosan kɔ a mubesusuw ho, ɛda ne bere a wobɛsan akɔ hɔ. Sɛ yetumi san kɔ nnipa a wɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye nyinaa nkyɛn a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ahonim pa bere a yɛrebɔ mmɔden awie yɛn som adwuma no koraa no.—2 Tim. 4:5.
11. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden de bere a aka yi yɛ? (b) Sɛ yɛyɛ yɛn asasesin mu adwuma fefeefe a, henanom na wonya so mfaso?
11 Sɛ daakye yetumi ka ‘Ahenni asɛmpa no na yedi amanaman nyinaa adanse wie a, afei de awiei no bɛba.’ (Mat. 24:14) Momma yɛn nyinaa mfa bere a aka yi nkyerɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma afoforo no denam nea yebetumi biara a yɛbɛyɛ de ayɛ yɛn asasesin mu adwuma fefeefe no so. Sɛ yɛyɛ saa a, yebegye yɛn ho ne wɔn a wotie yɛn anidaso asɛm no nso nkwa.—1 Tim. 4:16.