Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/05 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase November 14
  • Dapɛn a Efi Ase November 21
  • Dapɛn a Efi Ase November 28
  • Dapɛn a Efi Ase December 5
Yɛn Ahenni Som—2005
km 11/05 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Monhyɛ no nsow: Yɛn Ahenni Som no bɛyɛ Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe ama dapɛn biara wɔ asram a yɛbɛyɛ ɔmantam nhyiam no mu. Asafo ahorow no betumi ayɛ nsakrae a ehia na wɔatumi akɔ “Osetie Ma Nyankopɔn” Ɔmantam Nhyiam no bi. Momfa Ɔsom Nhyiam a mobɛyɛ ansa na moakɔ nhyiam no mu simma 15 ntĩ afotu ne nkaebɔ a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ ɔsram yi Yɛn Ahenni Som mu a ɛfa mo hɔnom tebea ho no mu. Wɔ mo nhyiam no akyi ɔsram biako anaa asram abiɛsa no, momfa Ɔsom Nhyiam no mu simma 15 kosi 20 (ebia asafo mu ahiade bere no) ntĩ nhyiam dwumadi no mu nsɛntitiriw a adawurubɔfo nim sɛ ebetumi aboa wɔn wɔ asɛnka mu no mu. Ɔsom Nhyiam dwumadi titiriw a wɔayɛ no bɛma yɛanya hokwan akyerɛkyerɛ sɛnea yɛde nsɛm a yɛtee wɔ nhyiam ase no redi dwuma ne sɛnea aboa yɛn ama yɛatu mpɔn kɛse wɔ yɛn som adwuma mu no mu.

Dapɛn a Efi Ase November 14

Dwom 220

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Sɛ mubetumi de nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 no adi dwuma wɔ mo asasesin mu a, fa yɛ sɛnea wɔde November 1 Ɔwɛn-Aban ne November 8 Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Mubetumi afa akwan foforo a ɛfata so aka asɛm no. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biara mu no, kyerɛ ɔkwan foforo a wɔfa so bua nsɛm a wɔka de siw nkɔmmɔbɔ kwan a ɛne “M’ani nnye nyamesom ho” no.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no kratafa 9.

10 min: Ntoboa Ahorow a Ɛma Onyankopɔn Ani Gye. Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina November 1, 2005, Ɔwɛn-Aban, kratafa 26 kosi 30 so.

25 min: “Kamfo Yehowa Wɔ Asafo Kɛse Mu.” Ɛsɛ sɛ asafo mu kyerɛwfo yɛ dwumadi yi. Kyerɛ nhyiam a mo asafo no bɛkɔ bi no. Munsusuw nkyekyɛm no ho sɛnea yɛyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no. Ma ɔkenkanfo a wɔapaw no nkenkan nkyekyɛm no. Munsusuw adaka a ɛne “Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ” no ho.

Dwom 8 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase November 21

Dwom 40

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw July Asɛnka Akontaabu no ho tiawa na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn akontaabu mmra ntɛm.

20 min: “Monka Yehowa Anuonyam Nkyerɛ.” Sɛ moresusuw nkyekyɛm 4 ho a, ma atiefo nka osuahu ahorow a ɛkyerɛ sɛnea abrabɔ pa betumi abue kwan ma yɛadi adanse.

15 min: “Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Ade a Wobɛhyɛ no Nsow So.” Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ bi a ɔdawurubɔfo bi rehwɛ biribi a ɛma ohu nea ofiewura no ani gye ho, na afei ɔdan n’asɛm no kɔ so ntɛm ara.

Dwom 67 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase November 28

Dwom 7

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan asafo no sikasɛm ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka mo ntoboa no kyerɛ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn November asɛnka akontaabu mma. Sɛ mubetumi de nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 no adi dwuma wɔ mo asasesin mu a, fa yɛ sɛnea wɔde November 15 Ɔwɛn-Aban ne November 22 Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Mubetumi afa akwan foforo a ɛfata so aka asɛm no. Ka ntoboayi ho nhyehyɛe no nso kyerɛ no.

15 min: “Yɛbɛyɛ Dɛn Aboa?” Ɔkasa. Ma nhwɛso kakra a ɛkyerɛ sɛnea Yehowa asomfo bɔ mmɔden boa wɔn mfɛfo agyidifo a wohia mmoa kɛse no. (Hwɛ Nyan! a ɛbae August 8, 2003, kratafa 10 kosi 15; December 8, 2002, kratafa 13 kosi 18; ɛnna Awake! October 22, 2001, kratafa 23 kosi 27. Wubetumi de nhwɛso afoforo adi dwuma.) Afei ka nsɛntitiriw a ɛwɔ asɛm a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som yi kratafa 7 no. Si so dua sɛ, sɛ obi pɛ sɛ oyi ntoboa de boa wɔn a wɔkɔ ahokyerɛ mu no a, yɛn ani begye ho sɛ wobeyi sika no aka ntoboa ma wiase nyinaa adwuma no ho.

18 min: Asɛmpa no a Yɛbɛka Akyerɛ Wɔ December Mu. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Wɔ simma 5 a wode bɛka nnianim nsɛm mu no, ka nsɛmpɔw a edidi so yi a ɛwɔ “Sɛnea Yɛde Nhoma Ma ho Nhwɛso a Yɛde Bedi Dwuma,” a ɛwɔ January 2005 Yɛn Ahenni Som kratafa 8 no mu asɛm tiawa: (1) Sɛ yɛtaa de yɛn ankasa nsɛm kyerɛkyerɛ mu a, ɛbɛma nsɛm a yɛka kyerɛ no atu mpɔn. (2) Ɛsɛ sɛ yesusuw nsɛm ho yiye na yɛsakra sɛnea yɛka yɛn asɛm no ma ɛfata baabi a yɛwɔ no. (3) Ehia sɛ yɛdwene sɛnea yɛn asasesin no mu nnipa nsɛm tebea ne wɔn susuwii te ho. (4) Ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase kenkan ti a ɛwɔ nhoma a yɛpɛ sɛ yɛde ma no mu hwehwɛ nsɛmpɔw a ebetumi akanyan anigye. (5) Ɛnyɛ akwan a wɔde ama sɛ nhwɛso no nko ara na yebetumi afa so aka asɛm no. Afei munsusuw sɛnea mubetumi de saa nsɛmpɔw yi adi dwuma bere a mode nhoma rema wɔ December mu no ho. Wubetumi de sɛnea wɔde nhoma ma wɔ asɛnka mu ho nyansahyɛ a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ January 2005 Yɛn Ahenni Som mu anaa akwan foforo a etu mpɔn wɔ mo asasesin mu no adi dwuma. Ma wɔnyɛ asɛm a wɔka kyerɛ no ho ɔyɛkyerɛ biako anaa abien.

Dwom 123 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 5

Dwom 38

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

20 min: “Nhyehyɛe a Yɛbɛyɛ De Ayɛ Yɛn Asasesin Mu Adwuma Fefeefe.” Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no di ho dwuma.

20 min: “Dwuma a Yɛn Asɛnka Adwuma no Di.” Sɛ moresusuw nkyekyɛm 5 ho a, fa asɛm a ɛwɔ February 15, 2004, Ɔwɛn-Aban, kratafa 32 no ka ho.

Dwom 26 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena