Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Ade a Wobɛhyɛ no Nsow So
1 Yehowa Nyankopɔn ne Kristo Yesu tumi hu nkurɔfo ahiade pɔtee yiye na wɔde mmoa ma wɔn. (2 Be. 16:9; Mar. 6:34) Sɛ yehu nea nnipa a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no ani gye ho ne nsɛm a ɛhaw wɔn a, yebetumi adan asɛmpa a yɛka no ma afa ho ntɛm ara.
2 Hwɛ Ade Yiye: Ná Yesu bue n’ani hwɛ ade yiye. (Mar. 12:41-43; Luka 19:1-6) Saa ara na sɛ yedu ofie bi mu na yehu nyamesom ho nneɛma a wɔde asiesie hɔ, nsɛm a wɔakyerɛw agu kar ho, anaa agode wɔ adiwo hɔ a, yebetumi agyina so de hokwan no adi asɛmpa no ho adanse ma atu mpɔn.
3 Obi anim yɛbea ne ne nneyɛe betumi akyerɛ sɛnea ɔte nka. (Mmeb. 15:13) Ebia ne dɔfo bi a wawu anaa tebea bi a ɛhaw adwene ama ohia awerɛkyekye. Sɛ woka kyerɛw nsɛm bi a ɛfa tebea no ho asɛm kyerɛ no a, n’ani betumi agye ho. (Mmeb. 16:24) So ofiewura no pɛ ntɛm apue anaa ne ba resu? Sɛ saa a, ɛnde ɛbɛyɛ papa sɛ woyɛ nhyehyɛe san kɔ hɔ bere foforo. Sɛ yesusuw afoforo ho, na ‘yɛda tema adi’ a, ebia eyi bɛka onii no ma sɛ yɛsan kɔ hɔ a, watie yɛn.—1 Pet. 3:8.
4 Sakra Wo Nsɛm Mu: Ɔsomafo Paulo hui sɛ na nnipa a wɔwɔ Atene no wɔ afɔremuka bi a wɔakyerɛw ho “De Ma Onyame Bi a Wonnim No.” Eyi ma ɔsakraa ɔkwan a ɔfaa so kaa asɛmpa no mu, ma enti ɔkae sɛ: “Enti nea mosom no a munnim no no, ɔno ara na mereka ne ho asɛm akyerɛ mo.” Anifere kwan a Paulo faa so no kaa nnipa a na wɔwɔ hɔ no bi koma ma wotiee Ahenni nkrasɛm no bɛyɛɛ agyidifo.—Aso. 17:23, 34.
5 Saa ara na sɛ yɛhwɛ ade yiye a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahu nea onipa no ani gye ho na ama yɛaka yɛn asɛm no ma afa ho. Bisa nsɛm a ebetumi atwetwe ofiewura no ma wakasa. Pɛ kyerɛw nsɛm bi a ebetumi ama asɛm no ho anigye a ɔwɔ no ayɛ kɛse. (Mmeb. 20:5) Sɛ yɛhwɛ ade yiye na yefi komam kyerɛ afoforo ho anigye a, ɛbɛboa yɛn ma yɛaka asɛmpa no ahokokwaw so.