Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Dwene Afoforɔ Ho
Nea Enti a Ɛho Hia: Yesu hunuu sɛ ɛsono onipa biara su ne ne ban, na ɔkyerɛɛ sɛ ɔdɔ obiara na ɔdwene wɔn ho. Ma yɛmfa ɔbarima a na n’aso asie no nyɛ nhwɛsoɔ. Ansa na Yesu resa no yareɛ no, ebia ɔhunuu sɛ ɔbarima no fɛre adeɛ anaa n’ani bɛtumi awu, enti ɔde no firii nnipadɔm no mu kɔɔ nkyɛn baabi kɔɔ saa no yareɛ. (Mar. 7:31-35) Ɔdwenee n’asuafoɔ nso ho, ɔhunuu sɛ wɔrentumi nsua nneɛma bebree prɛko pɛ, enti wamfa nsɛm pii ampuapua wɔn. (Yoh. 16:12) Yesu akɔtena soro deɛ, nanso ɔda so ara dwene afoforɔ ho. (2 Tim. 4:17) Yɛyɛ Kristo akyidifoɔ, enti ɛsɛ sɛ yɛsuasua no. (1 Pet. 2:21; 1 Yoh. 3:16, 18) Bio nso, sɛ yɛbɛtu mpɔn wɔ asɛnka mu a, ɛsɛ sɛ yɛma nkurɔfoɔ hunu sɛ yɛdwene wɔn ho, yɛte wɔn aseɛ, na yɛhu nea wɔrefa mu, ne nea wɔn ani gye ho. Ɛba saa a, wɔbɛtie yɛn, ɛfiri sɛ wɔbɛhunu sɛ ɛnyɛ sɛ yɛaba ara sɛ yɛrebɛka asɛm akyerɛ wɔn na yɛagya wɔn nwoma, mmom yɛdwene wɔn ho, na wɔn ho asɛm hia yɛn.
Sɔ Wei Hwɛ Bosome Yi Mu:
Sɛ moreyɛ abusua som a monsusu ho nhunu ɔkwan a mobɛfa so adanedane mo nsɛm mu adi adanseɛ berɛ a efiewura bi akɔfa asɛm bi aba no, na monyɛ ho ɔyɛkyerɛ nhwɛ. Sɛ monam asɛnka mu nso a, mobɛtumi abobɔ akwan a mobɛfa so adanedene mo nsɛm mu no so.
Sɛ moreyɛ asɛnka nhyiamu a, ɛtɔ da a, onua a ɔrehwɛ so no bɛtumi ne anuanom asusu ho ahunu nea mobɛtumi ayɛ de akyerɛ sɛ modwene nkurɔfoɔ ho, anaa ɔbɛtumi ama wɔayɛ ho ɔyɛkyerɛ.