Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/05 kr. 5-6
  • Kamfo Yehowa Wɔ Asafo Kɛse Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kamfo Yehowa Wɔ Asafo Kɛse Mu
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Montwɛn Yehowa
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Da Nidi Adi Fa Di Kristo Akyi
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Bere a Ɛsɛ sɛ Yedidi wɔ Honhom Fam na Yedi Ahurusi
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • So Woasiesie Wo Ho Ama Honhom Fam Apontow?
    Yɛn Ahenni Som—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 11/05 kr. 5-6

Kamfo Yehowa Wɔ Asafo Kɛse Mu

1, 2. Hokwan bɛn na ɔmantam nhyiam ma yenya, na akwan bɛn so na yebetumi afa ayɛ eyi?

1 Ɔmantam nhyiam a yɛyɛ no afe biara no ma yenya hokwan soronko de hyɛ Yehowa anuonyam. Yɛte nka te sɛ Dawid a ɔtoo dwom yi no: “Mɛda wo ase, gua kɛse mu, meyi wo ayɛ, ɔman dodow mu.” (Dw. 35:18) Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ, sɛ nnipa a yɛayɛ biako no, yebetumi ayi Yehowa ayɛ wɔ “Osetie Ma Nyankopɔn” Ɔmantam Nhyiam a ɛreba no ase?

2 Ɔkwan biako a yebetumi afa so ayɛ saa ne yɛn nneyɛe. Mpanyimfo bi a wɔhwɛ ɔdan bi a yɛyɛɛ nhyiam wom so kae sɛ: “Mo nhyiam ahorow no nti, yɛaka akyerɛ nyamesom akuw a wɔpɛ sɛ wɔbegye ha de yɛ wɔn nhyiam no sɛ wɔmmra mmɛhwɛ nhyehyɛe pa a Yehowa Adansefo nam so yɛ wɔn nhyiam no.” Ɛdenam yɛn ahosiesie, yɛn biakoyɛ, ne yɛn nneyɛe so no, yɛn mu biara boa ma yɛde ayeyi kɛse a ɛsɛ ma yɛn Nyankopɔn.—1 Pet. 2:12.

3, 4. Ɔkwan bɛn so na anidahɔ bɛboa yɛn ma yɛahyɛ ntade a ɛfata Kristofo asomfo wɔ nhyiam ase ne bere a yɛapɔn nhyiam no?

3 Ahosiesie: Egye anidahɔ na yɛatumi ahyɛ ntade asiesie yɛn ho de ayi Yehowa ayɛ. (1 Tim. 2:9) Ɔsom Sukuu nhoma no ka wɔ kratafa 132 sɛ: “Obi a n’ani da hɔ hwɛ yiye sɛ ompira afoforo na ɔntwetwe adwene mma ne ho so sɛnea ɛmfata.” Ntade a ɛmfata abu so wɔ aman pii so. Mmea hyɛ ntade a ɛkyekyere wɔn ho, ɛyɛ tiaa anaa wɔapae ho kɔ soro dodo ma enti sɛ wɔtra ase a na wɔn ho gu hɔ. Nanso Yehowa ani sɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛrengu n’anim ase no yiye. (Aso. 15:14) Ɛwom sɛ ebia yɛbɛyɛ nhyiam no wɔ agodibea anaa prama kɛse so de, nanso bere a yɛreyɛ nnansa nhyiam no, ɛhɔ bɛdan ‘asafo nhyiam kɛse.’ Enti bere a yɛahyiam wɔ Yehowa anim no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata Nea ɔkorɔn sen biara wɔ amansan yi mu no. (1 Be. 29:11) Eyi nti ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a yɛrentumi nhyɛ nkɔ asafo nhyiam ahorow ase te sɛ ebia trɔsa a anuanom mmea bɛhyɛ.

4 Afei nso da biara a yɛbɛpɔn nhyiam no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ahosiesie yiye. Ebia yɛbɛpɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛnkyere so pii bere a yɛregye yɛn ahome anaa yɛredidi wɔ adidibea bi no, nanso ehia sɛ yɛkɔ so ma yɛn ntadehyɛ ne ahosiesie fata nnipa a “wɔkyerɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn.” (1 Tim. 2:10) Ɛnyɛ nea aba so wɔ wiase no mu no so na yegyina hu ntade a ɛfata. (1 Yoh. 2:16, 17) Ntade a ɛfata a mmarima ne mmea hyɛ wɔ tebea horow mu ho mfonini wɔ yɛn Kristofo nhoma horow mu a yebetumi ahwɛ ma aboa yɛn. Yɛn nhyiam baagye a yɛbɛbɔ bere a yɛwɔ kurow a yɛreyɛ nhyiam wɔ mu no kae yɛn sɛ yɛyɛ Kristofo asomfo bere nyinaa.—2 Kor. 6:3, 4.

5, 6. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ obu ama honhom fam aduan a Yehowa asiesie ama yɛn no?

5 Kyerɛ Obu Ma Aduan a Yehowa Asiesie No: Amansan Hene no ato yɛn pon. (Yes. 25:6; 1 Kor. 10:21) Sɛ yɛn ani gye Yehowa honhom fam apontow a yɛbɛkɔ no ho a, yɛde bɛyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛkɔ nnansa no nyinaa. Woayɛ dabere ne kar ho nhyehyɛe? Woasrɛ kwan afi adwuma mu? Woasiesie wo ho yiye sɛ wubedu nhyiam no ase ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛpɛ baabi atra, wo ne wo nuanom bɛbɔ fekuw, na wo ne wɔn nyinaa abom ato dwom abɔ mpae a wɔde bebue ano no de ayi Yehowa ayɛ?—Dw. 147:1.

6 Obu a yɛbɛkyerɛ ama aduan a Yehowa asiesie no bɛka yɛn ma yɛatie dwumadi no yiye na yɛakwati sɛ bere a dwumadi no rekɔ so no, yɛne afoforo bɛkasa, yebedidi, anaa yɛbɛnantenantew. Yehowa nam akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no so de honhom fam aduan a yehia nnɛ rema yɛn. (Mat. 24:45) Ɛnsɛ sɛ yɛma dwumadi no mu biara pa yɛn ti so. Ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma tra faako na wɔboa wɔn ma wonya dwumadi no so mfaso yiye.—Deut. 31:12.

7. Dɛn na wɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ awia adidi bere mu, na dɛn ntia?

7 Wɔhwɛ kwan sɛ yɛde aduan a yebedi no awiabere bɛba sen sɛ yebefi nhyiam no ase awia ahomegye bere mu akɔpɛ aduan, nnɔkɔnnɔkɔwade anaa nsu. Afe a etwaam no, nhyiamfo no mu dodow no ara dii akwankyerɛ yi akyi, na wɔfata nkamfo. Afe yi nso sɛ yɛn nyinaa, a yɛn mmofra nso ka ho yɛ saa a, ɛbɛhyɛ nkuran paa! (Heb. 13:17) Nhyehyɛe yi ma yetumi ne yɛn mfɛfo gyidifo nya fekubɔ a ɛhyɛ nkuran na ɛboa ma biakoyɛ ne asomdwoe a ɛda yɛn ntam no mu yɛ den na ɛhyɛ Yehowa anuonyam.—Dw. 133:1.

8, 9. Hokwan foforo bɛn na nhyiam no bɛma yɛanya de ahyira Yehowa?

8 Di Adanse Bɔnnɔ So: Yenya hokwan pii a yɛde beyi Yehowa ayɛ bere a yefi fie rekɔ nhyiam no ase na yɛresan aba no. (Heb. 13:15) Sɛ́ yɛredidi wɔ adidibea anaa yɛne ahɔhodan adwumayɛfo rebɔ nkɔmmɔ no, momma yɛnhwehwɛ akwan a yebenya de adi adanse. Honhom fam nneɛma a ɛsom bo a yebenya afi nhyiam no mu no bɛhyɛ yɛn adwene ne yɛn komam ma. Momma yɛnka nneɛma pa yi ho asɛm nkyerɛ nkurɔfo a yehyia wɔn no.—1 Pet. 3:15.

9 Yɛrehwɛ kwan denneennen sɛ yebenya hokwan de ahyira Yehowa wɔ “asafo ahyiae mu.” (Dw. 26:12) Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛbom akamfo Yehowa wɔ “Osetie Ma Nyankopɔn” Ɔmantam Nhyiam no ase.

[Kratafa 5 adaka]

Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ

◼ Dwumadi Mmere: Wobefi dwumadi no ase anɔpa 9:30 nnansa no nyinaa. Aka simma kakraa bi ma wɔafi dwumadi no ase no, guamtrani no bɛkɔ akɔtra asɛnka agua no so bere a wɔrebɔ Ahenni dwom no. Edu saa bere no a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa pɛ baabi tra na ama yɛafi nhyiam no ase ɔkwan a ɛfata so. Yɛbɛpɔn dwumadi no anwummere 5:05 wɔ Fida ne Memeneda na Kwasida nso yɛde aba awiei anwummere 4:10.

◼ Baabi a Wɔde Kar Besisi: Esiane sɛ baabi a wɔde kar sisi no ntaa nyɛ akɛse nti, ɛbɛyɛ papa sɛ anuanom binom bɛka wɔn ho abom afa kar biako sen sɛ obiara de ne kar bɛba.

◼ Akongua a Wɔpɛ To Hɔ Ma Obi: Wɔn a wo ne wɔn faa kar biako anaa wo ne wɔn te fie no nkutoo na wubetumi agyaw kwan ato hɔ ama wɔn.

◼ Nhoma Horow a Wobeyi no Adi: Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ ‘yɛnyɛ biribiara ɔdɔ mu.’ (1 Kor. 16:14) Sɛ woyi nhoma bi adi wɔ nhyiam no ase a, ɔdɔ ne afoforo ho a yebesusuw no remma yentu mmirika mpiapia afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi kan wɔ santen mu akogye nhoma no bi. Sɛ yɛntoo dwom a etwa to no mmɔɔ mpae nwiei a, ɛnsɛ sɛ obiara sɔre fi n’akongua so kɔto santen. Sɛ wɔbɔ mpae a yɛde pɔn nhyiam no wie a, ɛnsɛ sɛ obiara pere ne ho tu mmirika kodi santen so na mmom ɛsɛ sɛ obiara tɔ ne bo ase nantew kɔ beae a wogye nhoma no. Abotare a ɛte saa a yɛbɛda no adi no kyerɛ sɛ yɛn ho akokwaw sɛ Kristofo, na ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no da adi.—John 13:35.

◼ Ntoboa: Ɔmantam nhyiam ho ka dɔɔso paa. Yebetumi akyerɛ ho anisɔ denam yɛn pɛ mu a yebefi ayi ntoboa de aboa wiase nyinaa adwuma no wɔ Ahenni Asa so anaa wɔ nhyiam no ase so. Kyɛk a wɔde yi sika biara a wɔde beyi ntoboa wɔ nhyiam no ase no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw so sɛ wontua mma “Watch Tower Convention.”

◼ Mmusua a Wɔbɛbom Atra Faako: Ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma tra faako bere a dwumadi no rekɔ so no sen sɛ wɔbɛma wɔn mma nkumaa ne wɔn a wonnya nnii mfe aduonu no ne mmabun afoforo bɛbom atra baabi. Ɛsɛ sɛ awofo a wɔn ani ku wɔn mma ho no hwɛ hu sɛ wɔn mma no retie asɛm bere a dwumadi no rekɔ so no, na wɔreyɛ kyerɛwtohɔ.

◼ Awia Aduan: Yɛsrɛ sɛ fa aduan a wubedi no awia bra sen sɛ edu awia ahomegye bere no a wubefi nhyiam no ase akɔpɛ aduan adi. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa aduan gu ade ketewa a wubetumi de ahyɛ akongua ase mu bra. Wɔmma kwan sɛ obi de ade kɛse a wɔde nnipa pii aduan gu mu, ade a etumi bɔ a wɔde nneɛma gu mu, ne mmosa biara bɛba nhyiambea hɔ.

◼ Dwumadi a Wɔkyere Gu Kasɛt Anaa Video So: Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔkyere dwumadi gu kasɛt anaa video so no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛbɛhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase no adwene na ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden ne akasam nhama no nso.

◼ Mfonini a Wotwa: Ebinom twitwa wɔn a wɔba nhyiam no mfonini na akyiri yi wɔagye ho sika. Esiane sɛ yɛmpɛ sɛ yedi gua biara wɔ baabi a yehyiam som Onyankopɔn no nti, yɛrentwitwa mfonini nnye ho sika. Saa ara nso na yɛremfrɛ wɔn a wotwa mfonini gye ho sika no mma wommetwa yɛn mfonini wɔ nhyiam no ase mfa mpɛ sika.—w84-E 7/1 kr. 25; afei hwɛ Nhyehyɛe nhoma no kratafa 142, nkyekyɛm 3.

◼ Mfiri a Wɔde Gye Nsɛm ne Telefon a Wokura Kyin: Sɛ wode redi dwuma a, ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ ɛrentwetwe afoforo adwene.

◼ Akwanhyia ne Tebea a Egye Ntɛmpɛ: Sɛ yare bi a emu yɛ den kyere obi wɔ nhyiambea hɔ a, yɛsrɛ wo, frɛ obi a ogye ahɔho a ɔbɛn wo, na ɔno nso bɛfrɛ Adugyebea Adwumayɛbea no ntɛm ara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔboa ayarefo no bi bɛba abɛhwɛ tebea no de ho mmoa ama.

◼ Ahɔhodan ne Mmeae Ahorow a Wɔda: (1) Mma nnipa pii ntra wo dan mu mmoro dodow a wɔma kwan no so. (2) Sɛ ɛsɛ sɛ wutwa ahɔhodan ho nhyehyɛe mu a, bɔ ɛhɔ adwumayɛfo no amanneɛ ntɛm ara. (3) Nnoa aduan wɔ beae a wɔmma kwan. (4) Mfa nneɛma afoforo a wɔde hokwan ama ahɔho sɛ wɔmfa bi bere a wɔwɔ ahɔhodan mu hɔ no ntra so. (5) Da honhom aba no adi bere a wo ne ahɔhodan mu adwumayɛfo redi nsɛm, titiriw bere a afoforo reba na ebinom rekɔ a adagyew nni hɔ koraa no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena