Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • bsi08-2 ti 52 kr. 3-4
  • Bible Nhoma a Ɛto So 52—1 Tesalonikafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nhoma a Ɛto So 52—1 Tesalonikafo
  • “Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 17
  • Nsɛmti Nketewa
  • NEA ENTI A MFASO WƆ SO
“Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 17
bsi08-2 ti 52 kr. 3-4

Bible Nhoma a Ɛto So 52—1 Tesalonikafo

Nea Ɔkyerɛwee: Paulo

Beae a Ɔkyerɛw No: Korinto

Bere a Ɔkyerɛw Wiei: Bɛyɛ 50 Y.B.

BƐYƐ afe 50 Y.B. mu, wɔ ɔsomafo Paulo asɛnka akwantu a ɛto so abien mu no, ɔkɔɔ Makedonia kurow Tesalonika mu, na ɔhyehyɛɛ Kristofo asafo wɔ hɔ. Wɔ afe ntam, bere a Paulo ne Silwano (nea wɔfrɛ no Silas wɔ Asomafo nhoma no mu no) ne Timoteo wɔ Korinto no, Paulo kyerɛw ne krataa a edi kan kɔmaa Tesalonikafo de kyekyee wɔn werɛ, na ɔhyɛɛ wɔn gyidi den. Ɛbɛyɛ sɛ afe 50 Y.B. awiei hɔ baabi. Nea ɛma krataa yi da nsow ne sɛ ɛno ne Paulo krataa a edi kan a wogye toom sɛ Bible no fã, na sɛ Mateo Asɛmpa no da nkyɛn a, ɛno ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nhoma a wodii kan kyerɛwee.

2 Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ krataa yi yɛ nokware na edi mũ. Paulo ankasa bɔɔ ne din wɔ krataa no mu sɛ ɔno na ɔkyerɛwee, na emu nsɛm ne Kyerɛwnsɛm a aka no hyia. (1 Tes. 1:1; 2:18) Tete nhoma ahorow te sɛ Muratori nhoma a wɔahyehyɛ Kyerɛwnsɛm mu nhoma ahorow wom no bɔ krataa yi din. Tete nyamesɛm akyerɛwfo pii te sɛ Irenaeus (a ɔbae Kristo wu akyi bɛyɛ mfe ɔha no) faa Tesalonikafo Nhoma a Edi Kan no mu nsɛm kae anaa wɔtwee adwene sii so. Irenaeus bɔɔ krataa no din wɔn ne nhoma mu. Tesalonikafo Nhoma a Edi Kan no wɔ Chester Beatty Papyrus No. 2 (P46) a wɔkyerɛw bɛyɛ afe 200 Y.B. no mu. Afei Paulo nhoma a edi kan yi ne nea ɛto so abien no asinasin bi wɔ afeha a ɛto so abiɛsa mu mmɛw nhoma afoforo (P30) a seesei ɛwɔ Ghent, Belgium, no mu.a

3 Sɛ yɛhwɛ Tesalonika asafo no ho abakɔsɛm ansa na Paulo rekyerɛw saa krataa yi a, ɛma yehu nea enti a na odwen anuanom a na wɔwɔ saa kurow no mu no ho. Mfiase pɛɛ na asafo no hyiaa ɔtaa ne ɔsɔretia denneennen. Luka bɔ amanneɛ wɔ Asomafo Nnwuma ti 17 sɛ Paulo ne Silas baa Tesalonika, “faako a na Yudafo hyiadan bi wɔ no.” Paulo de Homeda abiɛsa kaa asɛm kyerɛɛ wɔn, na ɔne wɔn susuw nsɛm ho fii Kyerɛwnsɛm no mu. Ɛbɛyɛ sɛ ɔkyɛe kakra, efisɛ onyaa bere yɛɛ n’ankasa nsa ano adwuma, na ɔhyehyɛɛ asafo mpo.—Aso. 17:1; 1 Tes. 2:9; 1:6, 7.

4 Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 17:4-7 no ma yehu nea efii ɔsomafo no asɛnka adwuma wɔ Tesalonika mu bae no pefee. Yudafo no ani beree nea efii Paulo som adwuma mu bae no, na wɔboaboaa dɔm ano maa kurow no mu yɛɛ bagyabagya. Wɔtow hyɛɛ Yason fie so twee Yason ne anuanom bi de wɔn kɔɔ kurow no mu atumfoɔ nkyɛn, na wɔteɛɛm sɛ: “Mmarima yi a wɔadan wiase ani no aba ha nso, na Yason agye wɔn aba ne fie. Saa nnipa yi nyinaa sɔre tia Kaesare ahyɛde ahorow ka sɛ ɔhene foforo bi wɔ hɔ a ɔne Yesu.” Wɔhyɛɛ Yason ne wɔn a wɔka ne ho no maa wɔde biribi dii agyinam ansa na wɔregyaa wɔn. Nea ɛbɛyɛ na anuanom a wɔwɔ asafo no mu annya asɛm biara, na bɔne biara anto Paulo ne Silas no, wogyaa wɔn kwan anadwo no ara ma wɔkɔɔ Beroia. Nanso saa bere no na wɔahyehyɛ Tesalonika asafo no.

5 Yudafo de ɔtaa a emu yɛ den toaa Paulo wɔ Beroia na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wagyae asɛnka no wɔ hɔ. Afei ofii hɔ kɔɔ Atene wɔ Hela man mu. Nanso na ne ho pere no sɛ obehu sɛnea ne nuanom a wɔwɔ Tesalonika no ho te wɔ ahohia bere no mu. Ɔbɔɔ mmɔden mprenu sɛ ɔbɛkɔ wɔn nkyɛn, nanso emu biara ‘Satan twitwaree n’ananmu.’ (1 Tes. 2:17, 18) Ná asafo foforo yi ho asɛm hia Paulo, na na ahohia a wɔrehyia no ho asɛm haw no, enti ɔsomaa Timoteo ma ɔsan kɔɔ Tesalonika kɔkyekyee anuanom no werɛ, na ɔhyɛɛ wɔn gyidi den. Bere a Timoteo de amanneɛbɔ a ɛhyɛ nkuran bae no, Paulo ani gyei yiye sɛ wɔde akokoduru akura wɔn nokwaredi mu wɔ ɔtaa a ɛyɛ hu mu. Saa bere yi na wɔate wɔn nka wɔ Makedonia ne Akaia nyinaa, na wɔbɛyɛɛ nhwɛso maa gyidifo a wɔwɔ hɔ no. (1:6-8; 3:1-7) Paulo daa Yehowa Nyankopɔn ase sɛ wɔde nokwaredi agyina tebea no mu, nanso ohui sɛ bere rekɔ so no, wobehia akwankyerɛ ne afotu pii na wɔn ho akokwaw yiye. Enti bere a Paulo ne Timoteo ne Silwano wɔ Korinto no, ɔkyerɛw ne krataa a edi kan no kɔmaa Tesalonikafo no.

NEA ENTI A MFASO WƆ SO

13 Ɛda adi wɔ krataa yi mu sɛ Paulo dɔ ne nuanom na odwen wɔn ho. Ɔne ne mfɛfo asomfo yɛɛ nhwɛso pa sɛ nnipa a wɔwɔ onuadɔ, na ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na wɔde maa wɔn nuanom a wɔwɔ Tesalonika no, na mmom wɔn ankasa kra nso. Ɛsɛ sɛ ahwɛfo nyinaa bɔ mmɔden nya ɔdɔ a ɛte saa ma wɔn asafo! Ɔdɔ a ɛte saa bɛka asafo no nyinaa ma wɔadodɔ wɔn ho ma ɛne Paulo asɛm yi ahyia sɛ: “Bio nso, Awurade mma mo dɔ nnɔɔso na ɛmmoro so mma mo ho mo ho ne obiara, sɛnea yɛn nso yɛda no adi kyerɛ mo no.” Ɔdɔ a ɛte saa a Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa fi wɔn komam da no adi no hyɛ gyidi den. Ɛma koma yɛ ‘pintinn, na ɛyɛ kronn a ɛho nni asɛm, yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agya anim bere a yɛn Awurade Yesu ba a n’akronkronfo nyinaa ka ne ho no.’ Ɛma Kristofo yɛ soronko wɔ wiase a aporɔw na ɔbrasɛe abu so wom yi ho na wɔatumi anantew wɔ kronnyɛ ne ahotew mu na wɔnam saayɛ so asɔ Onyankopɔn ani.—3:12, 13; 2:8; 4:1-8.

14 Krataa yi ma yehu ɔkwan pa a yɛbɛfa so de anifere ne ɔdɔ adi dwuma bere a yɛretu fo wɔ Kristofo asafo mu no. Ɛwom sɛ na anuanom a wɔwɔ Tesalonika no yɛ nnam na wodi nokware de, nanso na wohia ateɛteɛ kakra. Ne nyinaa mu no, Paulo kamfoo anuanom yi wɔ wɔn suban pa ho. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔrebɔ wɔn kɔkɔ wɔ ɔbrasɛe ho no, odii kan kamfoo wɔn sɛ wɔkɔ so nantew sɛnea ɛsɔ Onyankopɔn ani. Ɛno akyi na otuu wɔn fo sɛ wɔnkɔ so “nyɛ no kɛse” na wɔn mu biara nhu sɛnea obedi n’ankasa nipadua so wɔ ahotew ne nidi mu. Afei, bere a ɔkamfoo wɔn wɔ wɔn nuadɔ ho akyi no, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so “nyɛ mmoro so,” na wonni wɔn ankasa fie asɛm na wɔmmɔ wɔn bra fɛfɛɛfɛ wɔn a wɔwɔ akyi no anim. Paulo fii anifere mu ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ ‘wɔnhwehwɛ nea eye mma wɔn ho wɔn ho ne afoforo nyinaa.’—4:1-7, 9-12; 5:15.

15 Mpɛn anan na Paulo kaa Yesu Kristo “mmae” ho asɛm. Ɛda adi sɛ na wɔn a wɔbɛyɛɛ Kristofo nkyɛe wɔ Tesalonika no ani gye nkyerɛkyerɛ yi ho. Akyinnye biara nni ho sɛ bere a Paulo wɔ wɔn kurow no mu no, ofi akokoduru mu kaa Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ Kristo nsa no ho asɛm, na yehu eyi wɔ sobo a wɔde bɔɔ ɔne ne mfɛfo no mu: “Saa nnipa yi nyinaa sɔre tia Kaesare ahyɛde ahorow ka sɛ ɔhene foforo bi wɔ hɔ a ɔne Yesu.” (Aso. 17:7; 1 Tes. 2:19; 3:13; 4:15; 5:23) Na anuanom a wɔwɔ Tesalonika no de wɔn ani ato Ahenni no so, na Onyankopɔn mu gyidi a wɔwɔ nti, na wɔretwɛn ‘ne Ba Yesu a onyanee no fii awufo mu no afi soro,’ na wabegye wɔn afi abufuw a ɛreba no mu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrehwɛ Onyankopɔn Ahenni kwan nnɛ nyinaa nso tie afotu a ɛwɔ Tesalonikafo Nhoma a Edi Kan no mu na wɔn dɔ aboro so ma wɔn koma ayɛ pintinn a ɛho nni asɛm, na ‘wɔakɔ so anantew sɛnea ɛsɛ Onyankopɔn a ɔrefrɛ wɔn akɔ n’ahenni ne n’anuonyam mu no.’—1 Tes. 1:8, 10; 3:12, 13; 2:12.

[Ase hɔ asɛm]

a The Text of the New Testament, a Kurt ne Barbara Aland kyerɛwee, na E. F. Rhodes kyerɛɛ ase, 1987, kratafa 97, 99.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena