Siesie Wɔn a Wɔyɛ Foforo no ma Wonnyina Ɔsɔretia Ano
1 Sɛ nkurɔfo fi ase sua Bible na “wɔpɛ sɛ wɔde nyamesom pa tra ase” a, Satan hyɛ da tu n’ani si wɔn so. (2 Tim. 3:12) Adwumayɛfo, sukuufo, anaa afipamfo betumi asɔre atia wɔn. Sɛ wɔn a wɔyɛ foforo no abusuafo a wɔpɛ wɔn asɛm sɔre tia wɔn a, ebetumi ayɛ den ama wɔn.—Mat. 10:21; Mar. 3:21.
2 Wɔkae sɛ Ɔsɔretia Bɛba: Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ foforo no hu sɛ wobehyia ɔsɔretia, na ɛno bɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ Kristo asuafo ankasa. (Yohane 15:20) Ɛtɔ mmere bi a Yehowa Adansefo ho adwene a ɛmfata a nkurɔfo wɔ nti na wɔsɔre tia wɔn. Sɛ afoforo mpɛ w’asɛm esiane sɛ wudi Yesu akyi na wutie Onyankopɔn nti a, hu sɛ ɛno bɛma woanya anigye pii. (Aso. 5:27-29, 40, 41) Ma wɔn a wɔyɛ foforo no awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ wɔn. (Dw. 27:10; Mar. 10:29, 30) Sɛ wɔkɔ so di nokware a, ɛma wogyina Yehowa tumidi afa.—Mmeb. 27:11.
3 Dwuma a Nokware Nimdeɛ Di: Ma wo Bible asuafo nhu hia a ehia sɛ wɔkɔ so nya nokware nimdeɛ ɛmfa ho sɛ ebia wɔrehyia sɔhwɛ no. Satan mpɛ sɛ nea wɔresua no gye ntini wɔ wɔn koma mu, enti ɔde ɔsɔretia ba wɔn so. (Mmeb. 4:23; Luka 8:13) Ɛsɛ sɛ wɔkɔ so nya Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ase betim wɔ gyidi no mu.—Dw. 1:2, 3; Kol. 2:6, 7.
4 Boasetɔ Ho Hia: Wɔ tebea a emu yɛ den biara mu no, boasetɔ ho hia, na biribi pa betumi afi mu aba. (Luka 21:16-19) Sɛ wɔn a wɔyɛ foforo no gyina ɔsɔretia ano a, ɛboa wɔne afoforo nyinaa. Ɛma wohu sɛnea Yehowa tumi hyira wɔn a wɔde nokwaredi gyina sɔhwɛ mu no.—Yak. 1:12.
5 Ɔsomafo Paulo dii ne nuanom Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika a wɔrenya nkɔso no ho ahurusi. Wɔn nti ɔdaa Onyankopɔn ase. Ná waboa wɔn mu pii ma wɔaba nokware no mu. (2 Tes. 1:3-5) Sɛ yesiesie yɛn Bible asuafo ma wogyina ɔsɔretia ano a, yɛn nso yebetumi anya anigye ne akomatɔyam koro no ara bi.