Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/09 kr. 1
  • Ɛbɛyɛ Dɛn na Wɔbɛte?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛbɛyɛ Dɛn na Wɔbɛte?
  • Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Som Adwuma No a Yɛbɛkɔ So Ayɛ a Yennyae
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nea Enti a Yɛsan Kɔ Mpɛn Pii
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Ka Asɛm no a Wunnyae
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • “Hwɛ Ɔsom Adwuma A Wugyee No Awurade Mu No So”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2009
km 1/09 kr. 1

Ɛbɛyɛ Dɛn na Wɔbɛte?

1. Dɛn nti na asɛnka adwuma no betumi ayɛ den, nanso dɛn nti na yɛkɔ so yɛ?

1 Esiane sɛ Yehowa da no rebɛn ntɛmtɛm nti, ɛho abehia sɛ yɛboa nnipa pii ma wohu nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama adesamma no. (Yoh. 17:3; 2 Pet. 3:9, 10) Esiane sɛ nnipa pii ntie asɛm a yɛka no na wodi yɛn ho fɛw nti, ɛtɔ mmere bi a ɛma asɛnka adwuma no yɛ den. (2 Pet. 3:3, 4) Nanso, yɛwɔ nea yebetumi agyina so agye adi sɛ yɛda so ara wɔ nkurɔfo wɔ yɛn asasesin mu a sɛ yɛka asɛm no kyerɛ wɔn a wobetie. Nanso, sɛ obi anka asɛm no ankyerɛ wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte?—Rom. 10:14, 15.

2. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo nhwɛso no hyɛ yɛn nkuran?

2 Ɔsɔretia a Yebegyina Ano: Esiane sɛ nnipa pii wɔ hɔ a wɔpɛ sɛ wotie Ahenni asɛm no nti, ɛnsɛ sɛ yegyae asɛm no ka. Europa kurow a ɔsomafo Paulo dii kan kaa asɛmpa no wɔ hɔ ne Filipi. Bere a wotwaa atoro too Paulo ne Silas so no, wɔbɔɔ wɔn baanu nyinaa mmaa na wɔde wɔn koguu afiase. (Aso. 16:16-24) Nanso, saa amanehunu a Paulo faa mu no anhunahuna no ma wannyae asɛm no ka. Bere a ɔkɔɔ Tesalonika wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a edi hɔ no mu no, ɔnam ‘Onyankopɔn mmoa so nyaa akokoduru.’ (1 Tes. 2:2) So Paulo nhwɛso no mma yenhu nea nti a ɛnsɛ sɛ ‘yɛpa abaw’?—Gal. 6:9.

3. Dɛn na ebetumi ama ebinom a bere bi na wɔn ani nnye asɛm no ho no asesa wɔn adwene?

3 Nnipa pii a bere bi a atwam no na wontie yɛn no asesa wɔn adwene. Sikasɛm mu ahokyere, yare, obusuani bi wu, anaa nsɛm a ɛhaw adwene a ɛresisi no betumi ama wɔayɛ nsakrae a ɛte saa. (1 Kor. 7:31) Ebinom a bere a wɔyɛ mmofra no wɔn awofo hyiaa ɔtaa no anyinyin, na afei wɔpɛ sɛ wotie. Sɛ yɛkɔ so ka asɛm no a, ɛbɛma saafo no anya hokwan ‘abɔ Yehowa din’ ansa na aka akyi dodo.—Rom. 10:13.

4. Dɛn na ɛka yɛn ma yɛkɔ so ka asɛm no a ‘yennyae’?

4 “Wɔannyae” Asɛm no Ka: Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn mfɛfo bɛka yɛn ma yɛakɔ so aka asɛm no, na yɛayɛ afoforo asuafo a ‘yennyae,’ sɛnea asomafo no yɛe wɔ afeha a edi kan mu no. (Aso. 5:42) Nnipa pii ‘resi apini na wɔredi akyide a wɔreyɛ no nnɛ no nyinaa ho abooboo.’ (Hes. 9:4) Hwɛ anidaso ne akomatɔyam ara a saafo yi nya bere a wɔte asɛmpa no! Sɛ nnipa dodow no ara antie yɛn mpo a, Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa ani sɔ mmɔden a yɛbɔ no.—Heb. 13:15, 16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena