-
Ɔsom Nhyiam NhyehyɛeAhenni Som—2008 | November
-
-
Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
MONHYƐ NO NSOW: Wɔbɛyɛ Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe ama dapɛn biara wɔ nhyiam bere no mu wɔ Yɛn Ahenni Som no mu. Asafo ahorow no betumi ayɛ nsakrae a ehia na wɔatumi akɔ “Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Yɛn Kwan” Ɔmantam Nhyiam no bi. Sɛ ɛfata a, momfa Ɔsom Nhyiam a mobɛyɛ ansa na moakɔ nhyiam no mu simma 15 ntĩ afotu ne nkaebɔ a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ ɔsram yi Yɛn Ahenni Som mu a ɛfa mo hɔnom tebea ho no mu. Wɔ mo nhyiam no akyi ɔsram biako anaa asram abien no, momfa Ɔsom Nhyiam no mu simma 15 kosi 20 (ebia asafo mu ahiade bere no) ntĩ nhyiam dwumadi no nsɛntitiriw a adawurubɔfo ahu sɛ ɛboa wɔ asɛnka mu no mu. Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo anaa asafo mu panyin a ɔyɛ nsi yɛ ntimũ yi. Bisa atiefo ma wɔnkyerɛ sɛnea wɔde nsɛm yi redi dwuma anaa wɔde bedi dwuma wɔ asɛnka mu.
Dapɛn a Efi Ase November 10
Dwom 205
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka July asɛnka akontaabu no ho asɛm tiawa na kamfo wɔn nyinaa wɔ mmɔden a wɔbɔe no ho. Fa nsɛm a ɔsom adwuma sohwɛfo no aka afa baabi a asafo no akyekyɛ So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? kratawa no akodu wɔ mo asasesin mu no ka ho. Esiane sɛ adawurubɔfo pii afi ase de November 1 Ɔwɛn-Aban ne November Awake! no rema nti, ma atiefo nka ɔkwan a wɔafa so de nsɛmma nhoma no ama ne nea afi mu aba no ho asɛm nkyerɛ.
10 min: Asɛmmisa Afã a ɛwɔ kratafa 6. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Wɔ nkyekyɛm 5 no, kyerɛ sɛ nnyinasosɛm koro no ara a ɛfa atoro som a obi de ne ho behyem ne ɔsom mu abodin a obi de bedi dwuma no nso fa Adansefo a ebia wɔbɛkɔ sukuu a ɛyɛ asɔre bi de no ho.
25 min: “Bere a Ɛsɛ sɛ Yedidi wɔ Honhom Fam na Yedi Ahurusi.”a Ɛsɛ sɛ asafo no mu ɔkyerɛwfo di ho dwuma. Kyerɛ ɔmantam nhyiam a wɔkyerɛ sɛ mo asafo no nkɔ no. Tĩ “Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ” no mu.
Dwom 197
Dapɛn a Efi Ase November 17
Dwom 80
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Munsusuw “Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo” no ho. Sɛ munim da a mode bɛyɛ mo mansin nhyiam no a, ka ho asɛm.
15 min: Asɛmmisa Afã a ɛwɔ kratafa 7.b
20 min: “Wubetumi Ayɛ Ɔkyerɛkyerɛfo!”c Bisabisa ɔdawurubɔfo anaa ɔkwampaefo bi a odii sɛnea na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ Bible adesua so no nsɛm. Dɛn na ɔyɛe de hwehwɛɛ mmoa fii Yehowa hɔ? Akwan pɔtẽẽ bɛn so na asafo no aboa no ma ne ho akokwaw? Mfaso bɛn na wanya afi Bible adesua a ɔyɛ mu?
Dwom 143
Dapɛn a Efi Ase November 24
Dwom 217
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Kyerɛ nhoma a yɛde bɛma wɔ December mu, na ma wɔnyɛ sɛnea wɔde bɛma ho ɔyɛkyerɛ biako anaa abien.
15 min: Nya Ɔdɔ ne Ayamye Su. Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina November 15, 2008, Ɔwɛn-Aban, kratafa 6-7 so.
20 min: “Yɛwɔ Nokware a Ɛsom Bo a Yɛbɛka Akyerɛ Afoforo.”d Sɛ moresusuw nkyekyɛm 2 ho a, ma atiefo nka Bible mu nokware pɔtẽẽ bi a ɛkaa wɔn ma wɔbaa Yehowa ahyehyɛde no mu anaa Bible mu nokware a wɔn ani abegye ho kɛse fi bere a wɔbɔɔ asu no ho asɛm.
Dwom 71
Dapɛn a Efi Ase December 1
Dwom 84
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa November asɛnka akontaabu mma. Munsusuw “Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo” no ho, na sɛ munim da a mode bɛyɛ mo nhyiam no a, ka ho asɛm.
15 min: Asafo mu osuahu ahorow ne December 1 Ɔwɛn-Aban ne December Awake! a yɛde bɛma. Ka baabi a mutumi kyekyɛɛ So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? kratawa no kodui wɔ mo asasesin mu no kyerɛ asafo no. Ma atiefo nka osuahu a wonyae bere a wɔrekyekyɛ kratawa no anaa bere a wofii ase de yɛɛ Bible adesua no ho asɛm. Bio nso, ka osuahu a ɛyɛ anigye a ɛfa sɛnea mutumi de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mae wɔ November mu ho asɛm. Afei, hyɛ obiara nkuran ma ɔnhwɛ nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 a ɛkyerɛ sɛnea yɛde December nsɛmma nhoma no bɛma no. Ɛsɛ sɛ obiara hwɛ nsɛmma nhoma no mu nsɛm a osusuw sɛ nnipa a wɔwɔ asasesin no mu ani begye ho paa ne nsɛmmisa ne kyerɛw nsɛm a wobetumi de afi nkɔmmɔbɔ no ase. Ma ɔpanyin baako mfa nsɛmma nhoma no mu asɛm bi a wasiesie a ɛbɛfata mo asasesin no anaa nyansahyɛ a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som no kratafa 8 nyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa.
20 min: “Siesie Wɔn a Wɔyɛ Foforo no ma Wonnyina Ɔsɔretia Ano.”e Sɛ moresusuw nkyekyɛm 2 ho a, ka sɛnea asɛm a ɛwɔ “Jehovah’s Witnesses” (Yehowa Adansefo) ase wɔ Reasoning nhoma no mu no betumi aboa Bible asuafo ma wɔabua nsɛmmisa a abusuafo ne nnamfo bisa wɔn no ho asɛm tiawa.
Dwom 105
-
-
July Ɔsom AkontaabuAhenni Som—2008 | November
-
-
July Ɔsom Akontaabu
Nnɔn. Nsɛm. San. BA
Dodow: Nky. Nky. Nky. Nky.
Akw.Tit. 201 133.0 37.5 88.2 18.7
Akw. 4,851 65.6 23.5 37.2 8.5
Abf. 2,665 51.2 17.5 24.2 6.2
Adwf. 79,908 12.8 4.9 6.5 2.2
NKABOM: 87,625 Asubɔfo: 245
Yɛkamfo adawurubɔfo nyinaa wɔ nsi a wɔde yɛɛ asɛnka adwuma no. Mmɔden a yɛbɔe wɔ asɛnka mu ne yɛn akontaabu a yɛde mae ntɛm no ama yɛanya adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara 87,625! Eyi yɛ dodow nkɔanim a ɛto so anum a yɛanya wɔ afe yi mu! Sɛ yɛkɔ asɛnka daa na yɛde yɛn akontaabu ma ntɛm ɔsram biara a, wobehyira yɛn ma yɛanya nkɔanim pii.
-