Mommɔ Mmɔden Nni Mmarima Adanse
1. Dɛn na ɛho abehia paa sɛ wɔyɛ na wɔde ahwɛ Ahenni nneɛma so?
1 Bere a Ahenni adwuma no gu so renya nkɔso wɔ nna a edi akyiri yi mu no, ɛho abehia paa sɛ yenya mmarima a wɔfata a wobedi anim wɔ Onyankopɔn som mu. (Mar. 4:30-32; Aso. 20:28; 1 Tim. 3:1-13) Nanso wɔ mmeae bi no, mmea pii tie Ahenni no ho asɛm sen mmarima. Mmeae bi wɔ hɔ a, mmarima no te nka sɛ wɔn yerenom na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma Onyankopɔn Asɛm. Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ mmarima pii nkuran ma wɔasusuw wɔn honhom fam ahiade ho, na wɔabɛka yɛn ho wɔ nokware som mu?
2. Aba pa bɛn na mmɔden a Paulo ne Petro bɔe de dii mmarima adanse no sowee?
2 Monhwehwɛ Mmarima: Mpɛn pii no, sɛ abusua ti bi gye nokware no a, ɔma afoforo a wɔwɔ n’abusua mu no nso bɛka ne ho wɔ nokware som mu. Sɛ nhwɛso no, bere a Paulo ne Silas reka asɛm no na wɔkyeree wɔn guu afiase no, wodii afiase hwɛfo bi adanse. Wɔbɔɔ ɔbarima no ne ne fiefo nyinaa asu. (Aso. 16:25-34) Asɛnka adwuma a Paulo yɛe wɔ Korinto no maa “Krispo a ɔyɛ hyiadan mu panyin no gyee Awurade dii, na ne fiefo nyinaa nso yɛɛ saa ara.” (Aso. 18:8) Yehowa nam Petro so dii Kornelio—‘ɔbarima a ɔwɔ ahofama na osuro Onyankopɔn’—a na ɔyɛ asraafodɔm so panyin no adanse. Wɔbɔɔ Kornelio ne n’abusuafo ne ne nnamfonom asu.—Aso. 10:1-48.
3. Nnipa a “wɔwɔ dibea a ɛkorɔn” bɛn na wubetumi adi wɔn adanse de asuasua Filipo?
3 Sɛ yedi mmarima a “wɔwɔ dibea a ɛkorɔn” no adanse a, ebetumi asow aba pii. (1 Tim. 2:1, 2) Sɛ nhwɛso no, Yehowa bɔfo ka kyerɛɛ Filipo sɛ ɔnkɔka asɛm no nkyerɛ “otumfoɔ” a ɔhwɛ Etiopiafo hemmaa sika nyinaa so no. Filipo tee sɛ na ɔbarima no ‘rekenkan odiyifo Yesaia nhoma no,’ na ɔkyerɛkyerɛɛ Yesu ho asɛmpa no mu kyerɛɛ no. Saa Etiopiani barima yi bɛyɛɛ osuani, na ɛda adi sɛ bere a ɔnam kwan so rekɔ ne kurom no, ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ afoforo. Ebetumi aba nso sɛ odii ɔhemmaa no ne wɔn a wɔwɔ ahemfie hɔ a anka wɔrennya hokwan ntie asɛmpa no nyinaa adanse.—Aso. 8:26-39.
4. Yɛbɛyɛ dɛn ama mmarima pii anya hokwan atie asɛmpa no?
4 Sɛnea Yebenya Mmarima Pii: Esiane sɛ mmarima taa kɔ adwuma nti, so wubetumi ayɛ wo bere nhyehyɛe akɔ asɛnka anwummere, dapɛn awiei, anaa wɔ dapɔnna mu? Sɛ wotaa yɛ adwuma wɔ asasesin a nnwuma wom mu a, ɛbɛma woanya hokwan adi mmarima a yɛntaa nto wɔn wɔ fie no adanse. Anuanom mmarima nso betumi abɔ mmɔden adi wɔn mfɛfo adwumayɛfo a wɔyɛ mmarima no adanse bɔnnɔ so. Sɛ ɛtɔ bere bi na yɛkɔ afie afie asɛnka, titiriw wɔ asasesin a yɛtaa yɛ mu adwuma mu a, anuanom mmarima no betumi abisa ɔbarima a ɔwɔ fie hɔ no ase na wɔne no akasa.
5. Sɛ onuawa di ɔbarima bi adanse ma n’ani gye Ahenni asɛm no ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ onuawa no yɛ?
5 Sɛ onuawa di ɔbarima bi adanse ma n’ani begye nokware no ho a, ɛnsɛ sɛ ne nkutoo san kɔsra no. Obetumi ne ne kunu anaa ɔdawurubɔfo foforo akɔsra no. Sɛ ɔbarima no nya nkɔso a, mpɛn pii no, ɛbɛyɛ papa sɛ ogyaw adesua no ma onuabarima a ɔfata ma ɔtoa so.
6. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua ɔsomafo Paulo na ‘yɛanya nnipa pii’?
6 Paw Nsɛmti a Mmarima Ani Gye Ho: Ná ɔsomafo Paulo susuw n’atiefo ho, na na ɔdannan ne nsɛm mu sɛnea ɛbɛyɛ a ‘obenya nnipa pii.’ (1 Kor. 9:19-23) Saa ara na yɛn nso, ɛsɛ sɛ yesusuw nsɛmti a mmarima a ebia yebehyia wɔn no ani begye ho no ho, na yesiesie yɛn ho. Sɛ nhwɛso no, mmarima ani taa gye nsɛm a ɛfa sikasɛm mu ahokyere, aban a ɛyɛ papa, ne sɛnea wobetumi ahwɛ wɔn mmusua yiye na wɔabɔ wɔn ho ban ho. Afei nso, wɔn ani betumi agye nsɛm a ɛfa asetena mu atirimpɔw, nea ɛbɛba asase so daakye, ne nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan no ho. Sɛ yɛde nhumu yɛ adwuma na yɛdannan yɛn nsɛm mu a, ɛbɛma nkurɔfo atie Ahenni ho asɛmpa no yiye.—Mmeb. 16:23.
7. Ɔkwan bɛn so na anuanom nyinaa betumi aboa okununom a wɔnyɛ gyidifo a wɔba asafo nhyiam no?
7 Mommoa Okununom a Wɔnnyɛ Gyidifo: Ɛwom sɛ yɛn nuanom Kristofo mmea awarefo suban pa tumi nya wɔn kununom a wɔnnyɛ gyidifo no so nkɛntɛnso pa de, nanso asafo no mufo nso betumi aboa. (1 Pet. 3:1-4) Sɛ okunu a ɔnyɛ gyidini di ne yere akyi kɔ asafo nhyiam na anuanom gye no fɛw so a, ebetumi ayɛ adansedi kɛse ama no. Nhyiam no ase a ɔbae no mpo kyerɛ sɛ ɔwɔ nokware no ho anigye kakra, na ebia ɔbɛpene ma wɔne no ayɛ Bible adesua.
8. Anuanom mmarima bɛyɛ dɛn aboa okununom a wɔnyɛ gyidifo a wɔkyerɛ nokware no ho anigye kakra no?
8 Okununom bi wɔ hɔ a, mfiase no wɔnkyerɛ Bible no ho anigye ahe biara de, nanso akyiri yi ebia wɔbɛma kwan ma onua bi a wɔn ani akokwaw n’anim ne wɔn abɔ Bible mu nkɔmmɔ. Anuanom mmarima a wɔwɔ asafo bi mu bɔɔ mmɔden sɛ wɔne okunu bi a ɔnyɛ gyidini bɛbɔ nneɛma a wonim sɛ n’ani gye ho no ho nkɔmmɔ. Awiei koraa no, wonyaa kwan ne no bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ, na seesei wabɔ asu. Wɔ baabi foforo nso, onuabarima bi boaa okunu a ɔnyɛ gyidini a ɔtew n’anim ma ogyee ne fie ho ban. Esiane sɛ onua no nam saa kwan no so faa no adamfo nti, wotumi fii Bible adesua ase. (Gal. 6:10; Filip. 2:4) Sɛ woyɛ Kristoni barima a, dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wobɛboa okununom a wɔnnyɛ gyidifo no mu biako anaa nea ɛboro saa?
9. Sɛ yɛtete Kristofo mmarima a, dɛn na ebetumi afi mu aba?
9 Montete Mmarima ma Wɔmfata Mma Asɛyɛde: Mmarima a wotie Ahenni asɛm no na wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi asɛyɛde ahorow ho dwuma wɔ Yehowa som mu no betumi abɛyɛ ‘akyɛde wɔ nnipa mu,’ na wɔayɛ Kristofo asafo no mu mpanyimfo a wɔde wɔn nimdeɛ ne wɔn ahoɔden boa Yehowa nkurɔfo wɔ asafo ahorow mu. (Efe. 4:8; Dw. 68:18) Mmarima a wɔte saa no fi wɔn pɛ mu de anigye hwɛ asafo no so. (1 Pet. 5:2, 3) Hwɛ nhyira ara a saa mmarima yi ma anuanom nyinaa nya!
10. Ɔkwan bɛn so na mmɔden a Anania bɔe de boaa Paulo no aboa nnipa pii?
10 Sɛ nhwɛso no, Saul a bere bi na ɔtaa Kristofo no bɛyɛɛ ‘ɔsomafo ma amanaman no.’ (Rom. 11:13) Mfiase no, na osuani Anania mpɛ sɛ ɔkɔka asɛm no kyerɛ Saul esiane sɛ na ɔtaa wɔn nti. Nanso, Anania tiee akwankyerɛ a Awurade de maa no no, na ɔkaa asɛm no kyerɛɛ ɔbarima a akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔsomafo Paulo no. Mfe pii akyi no, nnipa mpempem pii a wotiee Paulo nkyerɛkyerɛ no nyaa n’asɛnka adwuma no so mfaso, na saa ara nso na nnipa ɔpepem pii a wogu so kenkan ne nkrataa a honhom kaa no ma ɔkyerɛwee a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no renya so mfaso.—Aso. 9:3-19; 2 Tim. 3:16, 17.
11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de di mmarima adanse?
11 Ne saa nti, momma yɛnnyɛ nsakrae biara a ehia na yɛmmɔ mmɔden nni mmarima adanse. Sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa behyira mmɔden a yɛbɔ de yɛ n’apɛde no so, na yɛatumi ahwɛ Ahenni nneɛma so yiye.