Ti 35
Yebetumi Anyan Afi Awufo Mu!
SƐ YEWU a, so Onyankopɔn bɛpɛ sɛ onyan yɛn, kyerɛ sɛ, ɔbɛsan de yɛn aba nkwa mu?— Ɔbarima nokwafo Hiob gye dii sɛ Onyankopɔn bɛpɛ sɛ ɔyɛ saa. Enti bere a na Hiob susuw sɛ ɔrebewu no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Wobɛfrɛ, na me nso magye wo so.” Hiob kae sɛ Yehowa Nyankopɔn ani begyina anaa n’ani begye ho paa sɛ obenyan no.—Hiob 14:14, 15.
Yesu te sɛ N’agya Yehowa Nyankopɔn pɛpɛɛpɛ. Yesu pɛ sɛ ɔboa yɛn. Bere a ɔbarima bi a ɔyare kwata ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi’ no, Yesu buae sɛ: “Mepɛ.” Na ɔsaa ɔbarima no kwata no maa no.—Marko 1:40-42.
Yesu suaa ɔdɔ a wonya ma mmofra no fii N’agya nkyɛn. Wɔ bere tenten bi a atwam no, Yehowa de ne nkoa dii dwuma mprenu ma wonyanee mmofra nkumaa. Elia srɛɛ Yehowa sɛ onnyan ɔbea bi a ɔyɛɛ ɔno Elia adɔe no babarima. Na Yehowa yɛɛ saa. Yehowa san de n’akoa Elisa dii dwuma ma onyanee abarimaa bi.—1 Ahene 17:17-24; 2 Ahene 4:32-37.
So ɛnyɛ anigye sɛ yebehu sɛ Yehowa dɔ yɛn yiye saa?— Ɛnyɛ bere a yɛte nkwa mu nkutoo na odwen yɛn ho. Sɛ ɛba sɛ yewu nso a ɔkae yɛn. Yesu kae sɛ Agya no bu wɔn a wɔawuwu a ɔdɔ wɔn no mpo sɛ wɔte nkwa mu! (Luka 20:38) Bible ka sɛ ‘owu anaa nkwa anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛreba rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ mu.’—Romafo 8:38, 39.
Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkyerɛe sɛ Yehowa susuw mmofra nkumaa ho. Wobɛkae sɛ Yesu gyee bere kaa Onyankopɔn ho asɛm kyerɛɛ mmofra. Nanso so wunim sɛ Onyankopɔn na ɔmaa Yesu tumi ma ɔde nyanee mmofra nkumaa fii awufo mu no?— Ma yɛnka bere a Yesu nyanee ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo babea a na wadi mfe 12 no ho asɛm.
Na Yairo ne ne yere ne wɔn babea biako pɛ no te bɛn Galilea Po no. Da bi, abeawa no yaree paa, na na Yairo tumi hu sɛ obewu. Ofii ase susuw Yesu, ɔbarima nwonwafo a na Yairo ate ne ho asɛm sɛ otumi sa nkurɔfo yare no ho. Enti Yairo kɔhwehwɛɛ no. Ohuu Yesu wɔ Galilea Mpoano sɛ ɔrekyerɛkyerɛ nkurɔfo pii ade.
Yairo faa nnipakuw no mu kɔhwee Yesu nan ase. Ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: ‘Me babea no yare paa. So wobɛba abɛhwɛ no ama me? Mesrɛ wo, bra.’ Ɛhɔ ara na Yesu ne Yairo kɔe. Nnipakuw a na wɔaba Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nkyɛn no nso dii n’akyi kɔe. Nanso bere a wɔkɔɔ wɔn anim kakra no, mmarima bi fi Yairo fie hɔ bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Wo babea no awu; adɛn na woda so haw ɔkyerɛkyerɛfo no?”
Yesu tee sɛ mmarima no reka eyi. Onim sɛnea ɛyɛ Yairo yaw sɛ ɔbɛhwere ne ba koro pɛ no. Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Nsuro. Wo de nya Onyankopɔn mu gyidi, na wo ba no ho bɛtɔ no.’ Wɔkɔe ara kosii sɛ woduu Yairo fie. Hwɛ, abusua no nnamfo na na wɔresu yi. Wɔn werɛ ahow efisɛ na wɔn adamfo kumaa no awu. Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Munnsu! Abofra no nwui, na wada.’
Bere a Yesu kaa saa no nnipa no fii ase serewee, efisɛ na wonim sɛ abeawa no awu. Ɛnde wususuw sɛ dɛn nti na Yesu kae sɛ wada?— Asuade bɛn na wususuw sɛ na ɔpɛ sɛ nkurɔfo no nya?— Na ɔpɛ sɛ wohu sɛ owu betumi ayɛ sɛ nnahɔɔ. Na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wɔn sɛ ɔnam Onyankopɔn tumi so betumi anyan awufo aba nkwa mu sɛnea ɛnyɛ den koraa sɛ yebetumi anyan obi afi nna mu no ara pɛ.
Yesu maa obiara fii fie hɔ ma ɛkaa ɔsomafo Petro, Yakobo ne Yohane ne abeawa no papa ne ne maame. Afei ɔkɔɔ faako a abofra no da no. Osoo ne nsa frɛe sɛ: ‘Ababaa, nyan!’ Ɔsɔree ntɛm ara, na ofii ase nantewee! Ne papa ne ne maame ani gyei a na wonhu nea wɔnyɛ.—Marko 5:21-24, 35-43; Luka 8:40-42, 49-56.
Afei susuw eyi ho hwɛ. Esiane sɛ Yesu tumi de saa abeawa no baa nkwa mu bio nti, so obetumi ayɛ saa ara ama afoforo?— So wususuw sɛ ɔbɛyɛ saa ankasa?— Yiw, ɔbɛyɛ. Yesu ankasa kae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte [me] nne, na wɔafi adi.”—Yohane 5:28, 29.
Wususuw sɛ Yesu pɛ sɛ onyan nkurɔfo?— Nhwɛso foforo a ɛwɔ Bible mu no bɛboa yɛn ma yɛabua saa asɛm no. Nea esii da bi wɔ Nain kurow mu no kyerɛ sɛnea Yesu te nka ma nnipa a wodi awerɛhow wɔ ayi ase no.
Ɔbea bi di santen a wɔato de rekosie ne babarima mu bere a nnipakuw no fi Nain kurow mu no. Na ne kunu awu dedaw, na afei ne ba a odi no ba koro no nso awu. Hwɛ sɛnea ne werɛ ahow afa! Na nnipa a wɔwɔ Nain kurow mu no pii di santen no akyi bere a wɔsõ ne ba no de no refi kurow no mu no. Na ɔbea no resu, na nnipa no ntumi nyɛ hwee mfa nkyekye ne werɛ.
Saa da no, na Yesu ne n’asuafo no ani kyerɛ Nain. Wohyiaa nnipakuw wɔ kurow no pon ano sɛ wɔrekosie ɔbea no babarima no. Bere a Yesu huu ɔbea a ɔresu no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ. Awerɛhow kɛse a na ɔbea no redi no kaa ne koma. Ɔpɛe sɛ ɔboa no.
Yesu fi ayamye mu kasa kyerɛɛ ɔbea no wɔ ɔkwan a ɛbɛma watie no so sɛ: “Nsu.” Sɛnea ɔyɛɛ n’ade no maa obiara hwɛɛ no. Bere a Yesu kɔɔ amu no ho no, na obiara ntumi nhu nea ɔrekɔyɛ. Yesu teɛɛm sɛ: “Aberante, mise wo sɛ: Sɔre!” Na ntɛm ara na ɔsɔre traa ase! Na ofii ase kasae.—Luka 7:11-17.
Susuw sɛnea ɔbea no bɛte nka afa no ho hwɛ! Sɛ wonyan wo dɔfo bi a wawu ba nkwa mu bio a anka wobɛte nka dɛn?— So eyi nkyerɛ sɛ Yesu dɔ nnipa ampa na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn?— Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu bere a yɛma nnipa akwaaba ba nkwa mu bio no!—2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3, 4.
Saa bere no, wɔn a wobenyan wɔn no bɛyɛ nnipa a na yenim wɔn dedaw, a mmofra nso ka ho. Yebehu nnipa ko a wɔyɛ te sɛ nea Yairo huu ne babea no bere a Yesu nyan no no. Afoforo nso bɛyɛ nnipa a wowuwui bɛyɛ mfehaha anaa mpempem pii a atwam no. Nanso ɛmfa ho sɛ wɔtraa ase akyɛ no, Onyankopɔn werɛ remfi wɔn.
So ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba Yesu dɔ yɛn saa?— Wɔpɛ sɛ yɛtra ase daa, ɛnyɛ mfe kakraa bi pɛ!
Ɛdefa anidaso a ɛyɛ nwonwa a Bible wɔ ma awufo ho no, yɛsrɛ sɛ kenkan Yesaia 25:8; Asomafo no Nnwuma 24:15; ne 1 Korintofo 15:20-22.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 182]
Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛe sɛ ɔdɔ mmofra?
[Mfonini wɔ kratafa 184]
Dɛn na yesua fi Yairo babea a Yesu nyanee no no mu?
[Mfonini wɔ kratafa 186]
Dɛn na ɔbea yi ba koro pɛ a wonyanee no no kyerɛ?