Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/10 kr. 2
  • So Mereyɛ Nea Metumi Nyinaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Mereyɛ Nea Metumi Nyinaa?
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wodɔ Yehowa Nkae Nsɛm Kɛse?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • “Yehowa Nkaesɛm Yɛ Nokware”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Yehowa Nkaesɛm Rekanyan Yɛn Honhom Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nhyehyɛe Foforo Nyankopɔn No Nkae Nsɛm Ne Ahyɛde Ahorow
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2010
km 7/10 kr. 2

So Mereyɛ Nea Metumi Nyinaa?

1. Nneɛma bɛn na ebetumi ayɛ nokware Kristoni bi haw?

1 Woabisa wo ho saa pɛn? Ebia mpanyinyɛ, ɔyare, anaa abusua mu asɛyɛde a adɔɔso nti, wuntumi nyɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu te sɛ kan no, na ama w’abaw mu abu. Onuawa bi a ɔwɔ mma baasa kyerɛwee sɛ, ɛtɔ mmere bi a, ɔte afobu nka efisɛ bere a ɔde hwɛ n’abusua no gye n’ahoɔden nyinaa ma enti ontumi nyɛ ɔsom adwuma no pii. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakari pɛ wɔ nsɛm a ɛtete saa mu?

2. Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ?

2 Nea Yehowa Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ: Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛyɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu. Nanso mpɛn pii no, nsonsonoe da nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ ne nea yebetumi ayɛ ankasa no ntam. Nokwarem no, ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ pii no da no adi sɛ yɛnyɛ anibiannaso. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa nim nea yebetumi ayɛ, na ɔnhwehwɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so. (Dw. 103:13, 14) Dɛn na ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ? Ɔpɛ sɛ yefi ɔkra nyinaa mu som no, na yɛyɛ nea yɛn ahoɔden betumi nyinaa.—Kol. 3:23.

3. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu mmɔden a yɛrebɔ wɔ asɛnka adwuma no mu?

3 Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛahu nea yebetumi ayɛ ankasa? Yebetumi asrɛ Yehowa na waboa yɛn ma yɛanya yɛn tebea no ho adwempa. (Dw. 26:2) Adamfo a ɔyɛ Kristoni a ne ho akokwaw, onim yɛn yiye, yɛwɔ ne mu ahotoso na ɛnyɛ den mma no sɛ ɔbɛka nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛbɔ mu mmɔden akyerɛ yɛn nso betumi aboa yɛn. (Mmeb. 27:9) Ɛsɛ sɛ yɛkae nso sɛ, esiane sɛ yɛn tebea tumi sesa nti, mfaso wɔ so sɛ yɛhwehwɛ yɛn tebea mu bere ne bere mu.—Efe. 5:10.

4. Ɛsɛ sɛ yebu Bible mu nkaesɛm a wɔde ma yɛn wɔ asɛnka ho no dɛn?

4 Adwene a Ɛsɛ sɛ Yenya wɔ Nkaesɛm Ho: Sɛ nkurɔfo retu mmirika a, ɛyɛ a akyitaafo ka nsɛm de hyɛ wɔn nkuran. Atirimpɔw no ne sɛ wɔbɛboa mmirikatufo no ma wɔadu wɔn botae ho na ɛnyɛ sɛ wobebu wɔn abam. Saa ara na nkuranhyɛ ne Bible mu nkaesɛm a wɔde ma yɛn wɔ asafo nhyiam ase ne nhoma ahorow mu sɛ ‘yɛnka asɛm no denneennen’ no boa ma yɛyere yɛn ho, na ɛnkyerɛ sɛ nea yɛreyɛ no sua. (2 Tim. 4:2) Sɛ yɛkɔ so yɛ nea yebetumi nyinaa a, ɛbɛma yɛanya ahotoso sɛ Yehowa ani bɛsɔ yɛn ‘adwuma ne ɔdɔ’ a yɛda no adi no.—Heb. 6:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena