Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase July 19
DAPƐN A EFI ASE JULY 19
□ Asafo Bible Adesua:
cf ti 7 ¶17-21, adaka a ɛwɔ kr. 75
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 1 Ahene 12-14
No. 1: 1 Ahene 12:12-20
No. 2: Dɛn na Ɛbɛboa Yɛn ma Yɛabu Yɛn Nuanom Sɛnea Yehowa Bu Wɔn?
No. 3: Ma Wo ne Yehowa Ntam Abusuabɔ Nsom Bo Mma Wo, na Kwati Fekubɔne (rs-E kr. 189 ¶2) (+lv kr. 102 ¶13–kr. 105 ¶17)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ.
10 min: Akwan a Wobɛfa So Atrɛw Wo Som Adwuma Mu—Ɔfã 2. Ɔkasa a egyina Nhyehyɛe nhoma no kratafa 112, nkyekyɛm 3 kosi kratafa 114, nkyekyɛm 1 so. Sukuufo binom tumi yɛ nhyehyɛe yɛ akwampae adwuma bere a wɔwɔ sukuu mu. Bisabisa ɔkwampaefo biako anaa baanu nsɛm fa nsakrae a wɔyɛe wɔ wɔn bere nhyehyɛe mu a ama wɔatumi ayɛ akwampae adwuma no.
10 min: Sɛnea Wubesiesie Wo Ho Ama Sukuu Afe a Ɛreba No. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Ma atiefo nkyerɛ nsɛnnennen a Kristofo mmofra behyia wɔ sukuu mu no bi. Kyerɛ sɛnea awofo betumi de Index, Young People Ask nhoma ahorow no, ne nnwinnade foforo a asafo no ayɛ adi dwuma wɔ Abusua Som mu de asiesie wɔn mma ma wɔagyina sɔhwɛ ahorow ano na wɔatumi aka wɔn gyidi ho asɛm. (1 Pet. 3:15) Paw asɛmti biako anaa abien fi yɛn nhoma ahorow yi mu, na ka emu nsɛm a mfaso wɔ so no bi. Ma atiefo nka sɛnea wotumi dii adanse bere a na wɔwɔ sukuu mu no ho asɛm.
10 min: “So Mereyɛ Nea Metumi Nyinaa?” Asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ.