Dwom 118
Momfa Anigye Nnye Obiara
Nea Yɛaprente
1. Anigye bɛn ni sɛ yɛahyiam wɔ ha.
Yebetie yɛn Nyankopɔn asɛm.
Yesua nokware a ɛma nkwa;
Yɛde koma nyinaa betie n’Asɛm no daa.
2. Yɛn nuanom yi nti yɛda N’ase daa;
Wɔgye yɛn ma yenya anigye.
Yebebu wɔn nyinaa sɛ wɔsom bo,
Wɔne anigyefo a wɔka yɛn ho no.
3. Yɛn Nyankopɔn no frɛ aman nyinaa.
Ɔma nnipa hu nokware no.
Ɔnam ne Ba no so twe yɛn bɛn no.
Enti bue wo komam, gye obiara to mu.
(Hwɛ Yoh. 6:44; Filip. 2:29; Adi. 22:17 nso.)