Ma Wɔn Akwaaba!
1. Afahyɛ bɛn na ɛma yenya hokwan a ɛsen biara di adanse, na dɛn ntia?
1 Nkaedi afahyɛ a yɛyɛ no afe biara no ma yenya hokwan kɛse di adanse. Wo de susuw ho hwɛ: Afe yi, yɛrehwɛ kwan sɛ nnipa bɛboro ɔpepem du bɛba abɛka yɛn ho wɔ Nkaedi no ase. Saafo yi bɛte ɔdɔ a ɛsen biara a Yehowa ne ne ba Yesu nam agyede no so ada no adi akyerɛ yɛn no ho asɛm. (Yoh. 3:16; 15:13) Wobesua nhyira a Yehowa nam akyɛde yi so bɛma wɔn anya no ho ade. (Yes. 65:21-23) Ɛnyɛ ɔkasafo no nkutoo asɛm a ɔbɛka no na ebedi wɔn adanse. Yɛn mu biara benya hokwan adi wɔn a yɛbɛto nsa afrɛ wɔn no adanse kɛse bere a yɛma wɔn akwaaba.—Rom. 15:7.
2. Yɛbɛyɛ dɛn de anigye ama wɔn a yɛato nsa afrɛ wɔn no akwaaba?
2 Sɛ anka wobɛpɛ baabi atena komm atwɛn sɛ wobefi dwumadi no ase no, dɛn nti na womfa hokwan no ne wɔn a wɔte bɛn wo no mmɔ nkɔmmɔ? Ahɔho no ani so betumi ayɛ wɔn totɔtotɔ. Sɛ yɛtew yɛn anim, serew kyerɛ wɔn ma wɔn akwaaba a, ebetumi ama wɔn koma atɔ wɔn yam paa. Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛ nsato krataa a yɛkyekyɛe no na ɛma obi bae a, wubetumi abisa no sɛ ebia nnɛ ne bere a edi kan a wɔaba yɛn nhyiam ase anaasɛ obi na ɔtoo nsa frɛɛ no. Wubetumi ama wɔabɛtena wo nkyɛn na wɔahwɛ wo Bible ne wo nnwom nhoma no mu bi. Sɛ mobɛyɛ Nkaedi no wɔ Ahenni Asa so a, wubetumi ne no akyinkyin hɔ na woakyerɛ no sɛnea ɛhɔ te. Sɛ yɛpɔn a, bɛn no, na sɛ ɔwɔ nsɛmmisa bi a, woaboa no ma wanya ho mmuae. Sɛ ɛho behia sɛ mo asafo no fi Asa no so ntɛm ma asafo foforo ba a, wubetumi aka sɛ: “Wuhuu dwumadi no dɛn? Mɛyɛ dɛn ahu wo bio?” Afei wo ne no nyɛ nhyehyɛe a ebetumi ama woakɔsra no. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo titiriw de wɔn ani to fam hwehwɛ adawurubɔfo a wɔayɛ mmerɛw no na wɔhyɛ wɔn nkuran.
3. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛbɔ mmɔden ma ahɔho a wɔbɛba no akwaaba wɔ Nkaedi no ase?
3 Ahɔho no mu pii wɔ hɔ a eyi ne bere a edi kan a wɔbɛba abehu anigye, asomdwoe, ne biakoyɛ a Yehowa nkurɔfo wɔ wɔ yɛn honhom fam paradise no mu. (Dw. 29:11; Yes. 11:6-9; 65:13, 14) Dɛn na ahɔho a wɔbɛba Nkaedi no bɛkae afa dwumadi no ho? Ne nyinaa begyina sɛnea yebegye wɔn fɛw so no so.