Dɛn na Yebetumi Ayɛ De Aboa Wɔn a Wɔbɛba Nkaedi No?
1. Adanse kɛse bɛn na yebedi wɔ March 22, 2008 mu?
1 Wɔ March 22, 2008 mu no, yebedi nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa adanse kɛse. Wɔn a wɔbɛba Nkaedi no bɛte ɔdɔ kɛse a Yehowa nam agyede no so ada no adi akyerɛ adesamma no ho asɛm. (Yoh. 3:16) Wɔbɛte Ahenni no ne sɛnea Yehowa nam so bɛma n’atirimpɔw ma asase abam no ho asɛm. (Mat. 6:9 10) Wɔn ankasa behu ɔdɔ ne biakoyɛ a ɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no, na wobehu sɛ yɛda ahɔhoyɛ adi.—Dw. 133:1.
2. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa Bible asuafo a wɔbɛba Nkaedi no?
2 Bible Asuafo: Nnipa a wɔbɛba no bi bɛyɛ wɔn a afei koraa na wɔafi ase ne yɛn resua Bible no. Fa wɔn kyia anuanom. Ka nhyiam a yɛyɛ dapɛn biara no ho asɛm na fa bere tiaa kyerɛ wɔn mmeae ahorow wɔ Ahenni Asa no so. Ɔkasa no rekɔ so a, ɔkasafo no bɛhyɛ nnipa a wɔte saa nyinaa nkuran sɛ wɔnkɔ so ne Onyankopɔn nnya abusuabɔ. Wubetumi agyina nsɛm a ɔkasafo no bɛka so de ahyɛ osuani no nkuran.
3. Dɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ adawurubɔfo a wɔagyae asɛnkakɔ a wɔbɛba Nkaedi no nkuran?
3 Adawurubɔfo a Wɔagyae Asɛnkakɔ: Adawurubɔfo a wɔagyae asɛnkakɔ nso bɛba bi. Fa anigye di kan kyia wɔn. Mmisa wɔn nsɛm anaa nka nsɛm a ebia ɛbɛhyɛ wɔn aniwu. Nkaedi no akyi pɛɛ no, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo kɔsra adawurubɔfo a wɔagyae asɛnkakɔ a wɔbaa Nkaedi no, na wɔakamfo wɔn sɛ wɔbɔɔ mmɔden bae, na wɔde anigye ato nsa afrɛ wɔn ma wɔaba asafo nhyiam a edi hɔ no.
4. Dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ de aboa ahɔho a wɔbɛba no?
4 Ahɔho: Ebia ebinom a wɔbɛba no bɛyɛ amannifo anaa abusuafo a yɛn ankasa too nsa frɛɛ wɔn. Ebia afoforo nso yɛ wɔn a yɛnam ɔsatu titiriw a yɛbɛyɛ no so bɛto nsa afrɛ wɔn. Sɛ wuhu obi a wunnim no a, di kan bɔ wo din kyerɛ no na ma no akwaaba. Ebetumi aba sɛ ɔmmaa yɛn nhyiam no bi da. Bere a wo ne no rebɔ nkɔmmɔ no, ebia a wubehu baabi a ɔte. Wɔ Nkaedi no akyi nna kakra bi no, sɛ wokɔsra no anaa wofrɛ no wɔ telefon so tiawa a, wubetumi ahyɛ no nkuran ma wasua pii, na wo ne no ayɛ Bible adesua ho nhyehyɛe.
5. Dɛn na yebetumi aka de afi Bible adesua ase?
5 Sɛ worekɔyɛ sankɔhwɛ a, wubetumi agyina nsɛm a wɔbɛka wɔ Nkaedi ho ɔkasa no mu so de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no akyerɛ no. Sɛ nhwɛso no, onipa a ɔbɛma Nkaedi ho ɔkasa no bɛkenkan Yesaia 65:21-23. Bere a woreyɛ sankɔhwɛ no, wubetumi atwe adwene asi ɔkasa no so na woaka sɛ, “Ma menka nhyira afoforo a agyede no bɛma yɛanya ho asɛm nkyerɛ wo.” Afei wo ne no nsusuw Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no kratafa 4-5 ho. Anaa wubetumi aka sɛ, “Nnipa pii ntumi nhu bere a Yesaia nkɔmhyɛ yi bɛbam.” Afei wo ne no nsusuw ti 9 nkyekyɛm 1-3 ho. Ɔkwan foforo nso ne sɛ, wobɛtwe adwene asi nsɛm a onipa a ɔmaa Nkaedi ho ɔkasa no kae no so. Afei fa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no kyerɛ no, na kyerɛ no sɛnea yɛyɛ adesua no.
6. Hokwan ahorow bɛn na yɛwɔ bere a yedi Yesu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnkae ne wu so no?
6 Momma yɛn mu biara nhwehwɛ hokwan a yebetumi de aboa Bible asuafo, adawurubɔfo a wɔagyae asɛnkakɔ, ne ahɔho a wɔbɛba Nkaedi no. (Luka 22:19) Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa behyira Ahenni adwuma pii a yɛbɛyɛ no so.