Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/11 kr. 1
  • Ɛbɛyɛ Adansedi Kɛse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛbɛyɛ Adansedi Kɛse
  • Yɛn Ahenni Som—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Wɔn Akwaaba!
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Dɛn na Yebetumi Ayɛ De Aboa Wɔn a Wɔbɛba Nkaedi No?
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Ma wɔn a yɛato nsa afrɛ wɔn no akwaaba
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
  • Ma Wɔn Ani Nnye wɔ Nkaedi no Ase
    Yɛn Ahenni Som—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2011
km 4/11 kr. 1

Ɛbɛyɛ Adansedi Kɛse

1. Ɔkasa a wɔbɛma akyi no, dɛn bio na ahɔho a wɔbɛba Nkaedi no ani begye ho? Kyerɛkyerɛ mu.

1 Dɛn na ɛbɛyɛ adansedi kɛse no? Ɛyɛ Nkaedi no. Ɛno nti, yɛayɛ nneɛma pii a ɛbɛma yɛato nsa afrɛ nkurɔfo ma wɔaba bi. Ɛnyɛ nea ahɔho no bɛte nkutoo na ɛbɛma wɔn ani agye. Bere a ɔbea bi kɔɔ Nkaedi no, ɔkaa nneɛma pɔtee bi a ohui—adamfofa su a obiara daa no adi, ɔdan a ɛyɛ fɛ a atuhoamafo asi na wɔasiesie mu kama—no ho asɛm. Ɛno nti ɛnyɛ ɔkasafo no nkutoo na ɔma afahyɛ a ɛho hia sen biara wɔ afe no mu no yɛ adansedi kɛse na mmom yɛn nyinaa nso boa.—Efe. 4:16.

2. Yɛn mu biara bɛyɛ dɛn adi ahɔho a wɔbɛba Nkaedi no adanse?

2 Tew W’anim Kyia Ahɔho: Sɛ yɛtew yɛn anim kyerɛ ahɔho na yɛde anigye kyia wɔn a, ebedi wɔn adanse. (Yoh. 13:35) Sɛ worentumi ne obiara nkasa mpo a, wubetumi akyia wɔn a wɔbɛn wo no na woabɔ wo din akyerɛ wɔn. (Heb. 13:1, 2) Fa w’ani to fam hwehwɛ ahɔho a wɔbae nanso ɛte sɛ nea wonnim obiara no. Ebia bere a yɛrekyekyɛ nsato krataa no na yɛmaa wɔn bi. Wubetumi abisa wɔn sɛ, “Eyi ne bere a edi kan a moaba ha?” Ma wɔntena wo nkyɛn na sɛ wɔwɔ nsɛmmisa bi a woaboa wɔn. Sɛ ɛsɛ sɛ mo asafo no fi beae hɔ ntɛm na ama asafo foforo aba a, wubetumi aka sɛ: “Mepɛ sɛ mihu w’adwene wɔ nea ɛkɔɔ so no ho, na ɛhe na mehu wo?”

3. Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so agye adawurubɔfo a wɔagyae asɛnkakɔ no?

3 Gye Adawurubɔfo a Wɔagyae Asɛnkakɔ no Fɛw So: Ɛda adi sɛ adawurubɔfo a wɔagyae asɛnkakɔ no bɛba bi. Wɔn a wɔmma asafo nhyiam gye Nkaedi a wɔyɛ no afe afe nkutoo no nso bɛba bi. Fa anigye kyia wɔn na ma wonhu sɛ w’ani agye paa sɛ woahu wɔn. (Rom. 15:7) Nkaedi no akyi pɛɛ no, asafo mu mpanyimfo betumi akɔsra wɔn na wɔahyɛ wɔn nkuran ma wɔakɔ so aba asafo nhyiam. Yɛwɔ anidaso sɛ ɛnyɛ nsɛm a wɔn a wɔbɛba Nkaedi no bɛte no nko na ɛbɛka wɔn, na mmom nea wobehu, kyerɛ sɛ ‘yɛn nnwuma pa a wɔn ankasa yɛ ho adansefo’ no nso bɛma wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam.—1 Pet. 2:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena