Dwom 111
Ɔbɛfrɛ
Nea Yɛaprente
1. Yɛn nkwa te sɛ bosu, ɛwɔ hɔ nnɛ,
Ɔkyena na atwam kɔ.
Yɛyɛ dɔte, ɛnkyɛ na yɛafi hɔ,
Ɛma yedi aw’rɛhow.
Sɛ nipa wu a, ɔbɛsɔre bio.
Muntie Nyankopɔn bɔhyɛ:
(NNYESO)
Ɔbɛfrɛ; Awufo bɛte.
Ɔbɛma wɔn aba bio.
N’ani begyina ne mma;
Efisɛ odwen wɔn ho.
Nya gyidi sɛ ɛbɛyɛ hɔ,
Nyankopɔn bɛma yɛn so.
Yɛbɛtena ase daa,
Yɛn nyinaa som bo ma no.
2. Nyankopɔn nnamfo betumi awu,
Nanso ne w’rɛ mfi wɔn da.
Awufo a wɔwɔ ne nkae mu no,
Ɔbɛma wɔn aba bio.
Ɛnna yebenya asetena pa:
Paradise no bɛba.
(NNYESO)
Ɔbɛfrɛ; Awufo bɛte.
Ɔbɛma wɔn aba bio.
N’ani begyina ne mma;
Efisɛ odwen wɔn ho.
Nya gyidi sɛ ɛbɛyɛ hɔ,
Nyankopɔn bɛma yɛn so.
Yɛbɛtena ase daa,
Yɛn nyinaa som bo ma no.
(Hwɛ Yoh. 6:40; 11:11, 43; Yak. 4:14 nso.)