Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase December 26, 2011 mu.
1. Ɔkwan bɛn so na afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 30:32 no betumi aboa yɛn na yɛankɔ so anhyɛ obi a ebia yɛafom no no abufuw? [w87-E 5/15 kr. 30 nky. 11]
2. “Anigye” bɛn na ɛmma obi nnya akomatɔyam? (Ɔsɛnk. 2:1) [g-E 4/06 kr. 6 nky. 1-2]
3. Ɛwom sɛ nnipa binom kyerɛ sɛ Solomon asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 3:1-9 no foa nkrabea a wogye di so de, nanso ɔkwan bɛn so na asɛm a ɔkyerɛwee wɔ Ɔsɛnkafo 9:11 no ma asɛm no mu da hɔ sɛ biribiara nni hɔ a ɛkɔ so wɔ nnipa asetenam a efi nkrabea? [w09-E 3/1 kr. 4 nky. 4]
4. Dɛn nti na asiane wom sɛ obi bɛyɛ ne ho “ɔtreneeni dodo”? (Ɔsɛnk. 7:16) [w10 10/15 kr. 9 nky. 8-9]
5. Ɔkwan bɛn so na Solomon Dwom 2:7 kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔresusuw aware ho no pere wɔn ho paw obi a wɔbɛware no? [w06 11/15 kr. 19 nky. 1; w80-E 4/15 kr. 19 nky. 7]
6. Dɛn na Sulamit ababaa no ‘ano a ɛsosɔ sɛ ɛwokyɛm,’ ne ‘ɛwo ne nufusu a ɛwɔ ne tɛkrɛma ase’ no kyerɛ? (Nmd. 4:11) [w06 11/15 kr. 19 nky. 6]
7. Ɔkwan bɛn so na abodin te sɛ “Ɔfotufo Nwonwafo,” “Onyame Tumfoɔ,” ne “Daa Agya” no ma yehu Yesu su ahorow ne sɛnea ne nniso bɛyɛ wɔ wiase foforo no mu ho biribi kakra? (Yes. 9:6) [w91-E 4/15 kr. 5 nky. 7]
8. Henanom na nnɛ yebetumi de wɔn atoto “awaefo man” Israel ho, na hena na wɔde no bedi dwuma sɛ “abaa” a wɔde bɛsɛe no? (Yes. 10:5, 6) [ip-1 kr. 145 nky. 4-5; kr. 152 nky. 20]
9. Dɛn nti na asɛm a Yesaia kae sɛ “obiara rentena [Babilon] mu da” no yɛ nwonwa, na anidaso bɛn na nkɔmhyɛ yi a ɛbaa mu no ma yenya? (Yes. 13:19, 20) [bh ti 2 kr. 24-25 nky. 16-17]
10. Bere bɛn na wɔde “Dawid safe” no maa Yesu, na ɔkwan bɛn so na ɔde saa safe no redi dwuma? (Yes. 22:22) [w09 1/15 kr. 31 nky. 2]