Dwom 106
Nea Yehowa Bɛfa No Adamfo
Nea Yɛaprente
(Dwom 15)
1. Yehowa Nyankopɔn,
Hena ne w’adamfo?
Hena na ɔbɛtena wo fie?
Hena na wobɛn no?
Wɔn a wɔtie w’Asɛm,
Wɔn a wɔgye wo di;
Wɔn a wɔdi nokware ma wo.
Wɔn na wɔba wo nkyɛn.
2. Yehowa Nyankopɔn,
Hena na wodɔ no?
Hena na ɔbɛba w’agua ho?
Hena na wunim no?
Wɔn a wɔbɔ wo din,
Wɔn a wɔtie w’Asɛm,
Anokwafo ne wɔn a wɔbɔ
Wo din no baabiara.
3. Yɛn dadwen da wo so,
Yɛaba w’anim mpaebɔ.
Wotwe yɛn ba wo nkyɛn, wodɔ yɛn,
Wudwen yɛn ho ampa.
Yɛbɛyɛ w’adamfo.
Yɛne wo bɛbɔ daa.
Yenni adamfo bi te sɛ wo,
Yebedi w’akyi daa.
(Hwɛ Dw. 139:1; 1 Pet. 5:6, 7 nso.)