Dwom 88
Onyankopɔn De Mmofra Ahyɛ Awofo Nsa
1. Sɛ ɔbarima nya ne ba
Na sɛ ɔbea nso wo ne yam ba,
Wɔde mmofra no ahyɛ wɔn nsa,
Na ɛnyɛ wɔn nkutoo dea.
Wɔn akyɛde no fi Yehowa.
Ɔno na nkwa ne ɔdɔ fi no.
Ɔma awofo akwankyerɛ
Na ama wɔafa ɔkwan pa so.
(NNYESO)
Wɔyɛ nhyira, akyɛde bɛn ni!
Wɔde nkwa ahyɛ mo nsa.
Mmofra no yɛ akyɛde s’ronko.
Ky’rɛky’rɛ wɔn Nyankopɔn asɛm.
2. Nyankopɔn ahyɛde nyinaa—
Ma ɛnna mo koma so daa nyinaa.
Monka nsɛm yi nkyerɛ mo mma;
Wɔde eyi ahyɛ mo nsa.
Monka ho asɛm wɔ ɔkwan so,
Mo sɔre mu ne mo nnae nyinaa mu.
Wɔn werɛ remfi da biara da,
Wɔbɛdi nokware daa nyinaa.
(NNYESO)
Wɔyɛ nhyira, akyɛde bɛn ni!
Wɔde nkwa ahyɛ mo nsa.
Mmofra no yɛ akyɛde s’ronko.
Ky’rɛky’rɛ wɔn Nyankopɔn asɛm.
(Hwɛ Deut. 6:6, 7; Efe. 6:4; 1 Tim. 4:16 nso.)