Dwom 14
Wayɛ Nneɛma Nyinaa Foforo
1. Ɛnnɛ yehu sɛ Ahenni no aba.
Yehowa Ba no te ahengua so.
Wakõ wɔ ɔsoro adi nkonim,
Ɛnkyɛ Nyankopɔn apɛde bɛyɛ.
(NNYESO)
Ma w’ani nnye! Na Nyankopɔn
Ntamadan wɔ nnipa mu.
Ɛyaw ne su nyinaa befi hɔ,
Awerɛhow, owu nso nni hɔ;
Nyankopɔn se: ‘Meyɛ nneɛma fof’ro.’
Nsɛm yi yɛ nokware.
2. Ma obiara nhu Yerusalem Fof’ro,
Oguammaa ayef’ro no hy’rɛn fɛfɛ.
Ɔhyɛ agude a ne bo yɛ den,
Yehowa hyerɛn wɔ kurow no so.
(NNYESO)
Ma w’ani nnye! Na Nyankopɔn
Ntamadan wɔ nnipa mu.
Ɛyaw ne su nyinaa befi hɔ,
Awerɛhow, owu nso nni hɔ;
Nyankopɔn se: ‘Meyɛ nneɛma fof’ro.’
Nsɛm yi yɛ nokware.
3. Obiara ani begye kurow yi ho.
Wɔbɛbue n’apon awia, anadwo.
Aman bɛnantew n’anuonyam hann mu;
Nyankopɔn nkoa, mo nso monhyerɛn.
(NNYESO)
Ma w’ani nnye! Na Nyankopɔn
Ntamadan wɔ nnipa mu.
Ɛyaw ne su nyinaa befi hɔ,
Awerɛhow, owu nso nni hɔ;
Nyankopɔn se: ‘Meyɛ nneɛma fof’ro.’
Nsɛm yi yɛ nokware.
(Hwɛ Mat. 16:3; Adi. 12:7-9; 21:23-25 nso.)