Dwom 128
Wiase Yi Su Resesã
Nea Yɛaprente
1. Adam de bɔne awo yɛn.
Yehia Nyankopɔn nkwagye.
Ɔde ne Ba no ama yɛn.
Ɛyɛ akyɛde kɛse.
(NNYESO)
Yɛahu sɛ wiase yi
su resesã,
Nanso Nyankopɔn behyira
Ɔsoro ne asase.
2. Yɛte wiase bɔne mu nnɛ.
Emu nhyehyɛe redi nkogu.
Yɛkamfo Nyankopɔn nniso;
Wɔawo Ahenni no nnɛ.
(NNYESO)
Yɛahu sɛ wiase yi
su resesã,
Nanso Nyankopɔn behyira
Ɔsoro ne asase.
(Hwɛ Dw. 115:15, 16; Rom. 5:15-17; 7:25; Adi. 12:5 nso.)