Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 8/8 kr. 13-19
  • Nyin Kyɛ na Woanya Anigye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyin Kyɛ na Woanya Anigye
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛnhwɛ Akwanside Ahorow no Bi
  • Su Horow a Etumi Ka W’asetra
  • Baabi a Wote Wɔ so Tumi Paa
  • Ayaresa a Ne Bo Nyɛ Den a Etu Mpɔn—Ɛnyɛ Na
  • APƆW-MU-TEƐTEƐ BƐN NA EYE, NA ƐSƐ SƐ EGYE BERE TENTEN BƐN?
  • SƐNEA WOBƐMA ADWENE NO AYƐ FAKAA
  • AKWAHOSAN HO NYANSAHYƐ MA NKWAKORAA NE MMEREWA
  • AMEMENE MU NTINI HO NIMDEƐ FOFORO
  • MFE DODOW NE NYANSA NA ƐNAM ANAA?
  • Ɔkwan Foforo a Wɔfa so Ko Nsamanwaw
    Nyan!—1999
  • Nkonimdi ne Awerɛhosɛm
    Nyan!—1998
  • Ano Aduru Wɔ Wiase Nyinaa—So Ɛbɛyɛ Yiye?
    Nyan!—1998
  • Adwene Foforo a Wɔrenya Wɔ Mpanyinyɛ Ho
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 8/8 kr. 13-19

Nyin Kyɛ na Woanya Anigye

FA NO sɛ nnipa asetra yɛ mmirika-tenten bi a wɔbobɔ nneɛma tra—mmirika a wohuruhuruw fa akwanside ahorow so. Mmirikatufo no nyinaa fi ase bom; nanso bere a wohuruhuruw fa nneɛma no so na edu baabi a wɔn nan bobɔ mu no, ɛma wɔbrɛ, na wɔn mu pii tete gu.

Saa ara na nnipa asetra nso wɔ mfiase na akwanside akɛse wom. Onipa hyia akwanside toatoa so wɔ n’asetram. Sɛ ɔbɔ ebiara tra a, ɛma ɔyɛ mmerɛw, na bere rekɔ so no, ofi mu. Dodow a nneɛma a esisi kwan mu no yɛ akɛse no, dodow no ara na ogyaa mu ntɛm, anaa owu. Sɛ obi te ɔman a anya nkɔso mu a, mfe a odi ansa na wagyaa mu no yɛ mfe 75. Wɔfrɛ saa bere yi nnipa mfirihyia mu nna—na ɛte sɛ baabi a mmirikatufo dodow no ara tumi kodu.a (Fa toto Dwom 90:10 ho.) Nanso ebinom tumi tu mmirika no kyɛ sen bi, na nnipa kakraa bi mpo tumi twa mfe a wosusuw sɛ obiara ntumi ntra hɔ no, mfe 115 kosi 120—baabi a nnipa ntaa nnu a sɛ obi tumi du a ɛma wɔbɔ ne ho dawuru wɔ wiase nyinaa.

Yɛnhwɛ Akwanside Ahorow no Bi

Mfe dodow a nnipa tumi di seesei no reyɛ ayɛ nea na wodi wɔ afeha yi mfiase no mmɔho abien. Dɛn ntia? Ade titiriw nti a aba saa ne sɛ nnipa atumi atetew akwanside ahorow no so. Nanso dɛn ne saa akwanside ahorow yi? Na wobetumi atetew so bio anaa?

Ɔmanfo akwahosan ho nimdefo bi a ɔwɔ Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) mu no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ akwanside anaa nneɛma atitiriw a enya nnipa nkwa nna so tumi no bi ne sɛnea wɔbɔ wɔn bra, baabi a wɔte, ne aduru ko a wɔyɛ.b Enti, sɛ wobɔ bra pa, tra baabi pa, na wunya aduruyɛ a ɛfata a, ɛtetew akwanside ahorow no so ma wutumi nyin kyɛ. Ɛwom sɛ nnipa nyinaa nsɛm tebea nyɛ pɛ de, nanso ɛkame ayɛ sɛ obiara—efi sikakorabea panyin a ɔwɔ Sydney so kosi obi a ɔtontɔn nneɛma wɔ São Paulo mmɔnten so no so—betumi ayɛ biribi de atetew n’asetram akwanside ahorow no so. Ɔkwan bɛn so?

Su Horow a Etumi Ka W’asetra

The New England Journal of Medicine bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔhwɛ wɔn akwahosan so yiye no nyin kyɛ nko, na mmom saafo no ngow ntɛm, gye sɛ ɛrebɛka kakraa bi ama wɔawu ansa.” Nokwarem no, nea wobetumi ayɛ de abrɛ akwanside a edi kan no ase ne sɛ wɔbɛyɛ nsakrae wɔ nneɛma bi te sɛ adidi, ɔnom, nna, sigaretnom, ne apɔw-mu-teɛteɛ mu. Sɛ nhwɛso no, susuw apɔw-mu-teɛteɛ ho.

Apɔw-mu-teɛteɛ. Apɔw-mu-teɛteɛ kakra boa paa. (Hwɛ adaka mu asɛm “Apɔw-mu-teɛteɛ Bɛn na Eye, na Ɛsɛ sɛ Egye Bere Tenten Bɛn?”) Nhwehwɛmu da no adi sɛ sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a ‘nkwakoraa ne mmerewa posoposo’ ka ho no teɛteɛ wɔn apɔw mu nkakrankakra wɔ fie a, ɛboa wɔn ma wɔsan nya ahoɔden ne ahotɔ. Sɛ nhwɛso no, mpanyimfo bi a wɔadi mfe 72 kosi 98 hui sɛ bere a wɔmomaa nneɛma so de teɛteɛɛ wɔn apɔw mu nnawɔtwe du pɛ no, na wotumi nantew ntɛmntɛm foro atrapoe a wɔmmrɛ sɛ kan no. Na ɛnyɛ nwonwa nso! Bere a wɔsɔɔ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛɛ apɔw-mu-teɛteɛ yi mu hwɛe no, wobehui sɛ wɔn mpɔw mu ayɛ den kyɛn bere bi a atwam no bɛboro mmɔho abien. Wɔmaa kuw foforo nso a emufo dodow no ara yɛ mmea a wɔtaa tra faako a wɔadi mfe 70 teɛteɛɛ wɔn apɔw mu mprenu nnawɔtwe biara. Afe biako akyi no, wɔn ntini yeyɛɛ akɛse, na wonyaa ahoɔden, sii pi, na wɔn nnompe mu yɛɛ den. Sɛnea nipadua yɛ adwuma ho ɔbenfo Miriam Nelson a ɔyɛɛ dwumadi no ho nhyehyɛe kae sɛ: “Bere a yefii ase no, na yesuro sɛ anhwɛ a na wɔn ntini atetew. Nanso ɛma wonyaa ahoɔden ne akwahosan pa mmom.”

Nhoma bi kekaa nea efii mpanyinyɛ ne apɔw-mu-teɛteɛ ho nhwehwɛmu pii a nyansahufo yɛe mu bae no boom kaa ho asɛm sɛ: “Apɔw-mu-teɛteɛ twentwɛn mpanyinyɛ ase, ɛma obi nyin kyɛ, na ɛma bere a obi de dan afoforo ansa na wawu, sɛnea ɛtaa ba no, so tew.”

Adwene no a wɔma ɛyɛ adwuma pii. Asɛm a wɔka sɛ “sɛ woamfa anni dwuma a wobɛhwere” no mfa ntini nko ara ho na mmom ɛfa adwene nso ho bi. Ɛwom sɛ mpanyinyɛ ne awerɛfi na ɛnam de, nanso nhwehwɛmu a U.S. Ɔman Mpanyinyɛ Ho Asoɛe yɛe no kyerɛ sɛ obi a ne mfe akɔ anim amemene kɔ so yɛ fakaa sɛnea ɛsɛ ma etumi gyina mpanyinyɛ ano. Enti amemene ntini ho ɔbenfo Oduruyɛfo Antonio R. Damasio ka sɛ: “Nkwakoraa ne mmerewa adwene betumi atu mpɔn na ayɛ adwuma yiye paa.” Dɛn na ɛma nkwakoraa ne mmerewa amemene kɔ so yɛ fakaa?

Nkwammoaa ɔpepepem 100 na ɛkeka bom yɛ amemene no, na nhama ɔpepehaa na ekurakura mu. Saa nhama yi te sɛ telefon nhama a ɛma amemene mu ntini “kasa” kyerɛ wɔn ho wɔn ho ma nipa no tumi kae ade na ɔyɛ nneɛma afoforo nso. Bere a amemene no nyin no, ntini no wuwu. (Hwɛ adaka mu asɛm “Amemene Mu Ntini Ho Nimdeɛ Foforo”) Nanso nkwakoraa ne mmerewa amemene mu ntini no tumi si nea awuwu no ananmu. Bere biara a amemene mu ntini biako befi mu no, nea ɛbemmɛn no no de nhama foforo kɔ ntini afoforo mu, na wɔtoa ntini a afi mu no adwuma so. Saa kwan no so no, amemene no de adwuma bi ho asɛyɛde fi baabi kɔ baabi foforo. Enti nkwakoraa ne mmerewa pii tumi yɛ nneɛma a mmerante ne mmabaa yɛ no nyinaa bi, nanso ebia ɛbɛsono amemene no fã a wɔde bedi saa nneɛma no ho dwuma. Akwan bi so no, obi a ne mfe akɔ anim amemene yɛ adwuma te sɛ ɔpanyin a wabɔ tɛnis akyɛ a ne ho nyɛ hare pii nanso ɔde ahokokwaw a ebia mmofra nni no si ahoɔhare ananmu. Ɛmfa ho sɛ ɛsono akwan a ɔpanyin no fa so bɔ na ɛsono abofra no de no, ɔpanyin no tumi hyɛ no.

Dɛn na mpanyimfo betumi ayɛ na ama wɔatumi akɔ so ahyɛ pii? Bere a mpanyinyɛ ho ɔbenfo Oduruyɛfo Marilyn Albert yɛɛ nhwehwɛmu wɔ nnipa bɛboro 1,000 a wɔadi mfe 70 kosi 80 mu no, ohui sɛ adwene a wɔma ɛyɛ adwuma pii no ka nneɛma a ɛma nkwakoraa ne mmerewa adwene tumi kɔ so yɛ nnam no ho. (Hwɛ adaka mu asɛm “Sɛnea Wobɛma Adwene no Ayɛ Fakaa”) Adwene no a wɔma ɛyɛ adwuma pii no ma amemene no ‘telefon nhama’ no di dwuma yiye. Nanso sɛnea abenfo ka no, adwene no fi ase gow “bere a nkurɔfo gyae adwuma, fi ase dwudwo wɔn ho, na wɔka sɛ wɔmpɛ sɛ wɔhaw wɔn ho wɔ wiase bio no.”—Inside the Brain.

Enti mpanyinyɛ ho ɔbenfo Oduruyɛfo Jack Rowe kyerɛkyerɛ mu sɛ anigyesɛm ne sɛ, “ɛsɛ sɛ nneɛma a yebetumi ayɛ ho biribi anaa yebetumi asesa no no boa yɛn ma yɛn nkwakoraabere anaa mmerewabere yɛ anigye.” Afei nso ɛnkaa akyiri dodo sɛ yebefi ase anya su pa. Nhwehwɛmufo bi ka sɛ: “Sɛ woanhwɛ w’akwahosan yiye wɔ wo mmerantebere anaa mmabaabere mu na sɛ woyɛ nsakrae bere a woabɔ akwakoraa anaa aberewa mpo a, ɛsɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, wunya ɔbra pa a wobɔ no so mfaso bi.”

Baabi a Wote Wɔ so Tumi Paa

Sɛ abeawa a wɔawo no London nnɛ traa London a na ɛwɔ hɔ Mfinimfini Mmere no mu a, anka ne nkwa nna bɛyɛ nea ɛnnɛ obedi no mu fã. Ɛnyɛ nsakrae a ɛbɛba abeawa no nipadua mu prɛko pɛ no na ɛbɛma aba saa, na mmom nsakrae a ɛba akwanside abien anaa nea ɛboro saa mu—beae a ɔte ne ayarehwɛ. Di kan susuw atrae ho.

Baabi a obi tra. Bere bi a atwam no na baabi a onipa te—yɛbɛka a, ne fie—de n’akwahosan to asiane mu kɛse. Nanso nnansa yi, wɔabrɛ asiane a ɛte saa ase. Ahotew, nsupa a wonya, ne nwemmoa a ɛso atew wɔ fie no ama nnipa asetram ayɛ yiye, na ama wɔn akwahosan atu mpɔn ama wɔn nkwa ayɛ tenten. Ne saa nti, nnipa tumi nyin kyɛ wɔ wiase aman pii mu seesei.c Nanso ɔkwan a wɔfa so brɛ akwanside yi ase no gye pii sen nnorobɛn a ɛwɔ fie a wɔbɛyɛ no yiye. Egye fekubɔ ne nyamesom a eye nso.

Nkitahodi. Nkitaho a wubedi no gyina nnipa so—wɔn a wo ne wɔn te, yɛ adwuma, didi, som, ne wɔn goru. Nhwɛso titiriw ne sɛ, sɛ wunya nsupa a, ɛma w’asetra yɛ papa, na saa ara na sɛ wunya nnamfo pa a, etumi ma wo nkitahodi tu mpɔn. Ka a wutumi ka w’anigye ne w’awerɛhow, wo botae ne w’abasamtu ho asɛm kyerɛ afoforo no, brɛ asetram akwanside no ase, na ɛma wunyin kyɛ.

Nanso sɛ woannya no saa a, nneɛma nyɛ yiye. Sɛ wo ne afoforo ammɔ a, ebetumi ama woayɛ ankonam a w’ani nka. Sɛ wote hɔ na sɛ w’asɛm mfa obiara ho a, ɛma wobotow. Ɔbea bi a ɔte baabi a wɔhwɛ nkwakoraa ne mmerewa kyerɛw kɔmaa ne yɔnko bi sɛ: “Madi mfe 82, na mfe 16 ni a matra fie ha. Wɔhwɛ yɛn yiye de, nanso ɛtɔ mmere bi a mete ankonamyɛ a enni ano nka.” Awerɛhosɛm ne sɛ nkwakoraa ne mmerewa pii tebea te sɛ ɔbea yi, titiriw wɔ Atɔe fam. Wɔtaa tra mmeae a wogye wɔn tom nanso wɔnkyerɛ wɔn ho anisɔ biara. James Calleja a ɔwɔ Amanaman Ntam Mpanyinyɛ Ho Asoɛe no ka sɛ nea akowie ne sɛ “ankonamyɛ yɛ ade biako a ɛkɔ so de nkwakoraa ne mmerewa yiyedi to asiane mu paa wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu no.”

Ampa, ebia wuntumi nyi tebea a ɛde ankonamyɛ ba—te sɛ adwuma a wogyae mpofirim, ka a obi ka dan mu, nnamfo dedaw a ɔhwere, anaa ɔhokafo wu—no mfi hɔ, nanso ne nyinaa akyi no, wubetumi abrɛ saa akwanside yi ase sɛnea ɛsɛ. Nea edi kan no, ma ɛntra w’adwene mu sɛ ɛnyɛ mpanyinyɛ na ɛde ankonamyɛ ba; mmerante ne mmabaa binom nso te nka sɛ wɔyɛ ankonam. Ɔhaw no mfi nyin a obi anyin—efi afoforo a onnya wɔn ne wɔn nni nkitaho. Dɛn na wubetumi ayɛ de akwati ankonamyɛ?

Okunafo bi a ne mfe akɔ anim tu fo sɛ: “Ma nkurɔfo ani nnye sɛ wɔbɛbɛn wo. Nnipa dodow no ara mpɛ wɔn a wɔtaa nwiinwii adamfo. Ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden ma w’anim tew. Ɛyɛ nokware sɛ egye mmɔdenbɔ, nanso saa mmɔdenbɔ no so wɔ akatua. Nea ɔserew na wɔserew kyerɛ no.” Ɔde ka ho sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na matumi ne wɔn a mihyia wɔn, mmofra ne mpanyin nyinaa abɔ nkɔmmɔ no, mebɔ mmɔden kenkan nsɛmma nhoma a nsɛm pii wom tie radio so nsɛm de hu nea ɛrekɔ so.”

Nyansahyɛ afoforo ni: Sua sɛ wobɛma w’ani agye nea afoforo pɛ ho. Bisa nsɛm. Yi ayamye adi sɛnea wubetumi biara. Sɛ wunni honam fam nneɛma a, wubetumi atu wo ho asi hɔ ama afoforo; ɔma mu wɔ anigye. Kyerɛw nkrataa. Pɛ nea wode begyigye w’ani. Sɛ afoforo to nsa frɛ wo sɛ bɛsra wɔn anaa wo ne wɔn mpue a, mpopo wo ti. Ma wo fie nyɛ anigye ne baabi a ahɔho ani ka hɔ. Pinkyɛn wɔn a wohia mmoa na boa wɔn.

Nyamesom. Adanse pii kyerɛ sɛ nyamesom dwumadi boa mpanyimfo ma wonya “atirimpɔw ne botae wɔ asetra mu” na wonya “anigye,” “wɔte nka sɛ wɔn ho hia,” “wonya akomatɔyam kɛse,” na “wɔte nka sɛ wɔka nnipa ho na wɔn asom dwo wɔn.” Dɛn ntia? Later Life—The Realities of Aging nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nyamesom gyidi ma nkurɔfo nya nnyinasosɛm bi a wɔde bɔ wɔn bra ne afei suban ne gyidi ahorow a ɛboa wɔn ma wohu nneɛma ani so wɔ wiase a wɔte mu no mu.” Nea ɛka ho bio no, nyamesom dwumadi ahorow ma nkwakoraa ne mmerewa ne afoforo bɔ, ma “ɛntaa mma wɔntew wɔn ho na wɔayɛ ankonam.”

Wɔ Louise ne Evelyn a wɔn baanu nyinaa yɛ akunafo a wɔadi mfe 80 na wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo bi mu no fam no, saa nhwehwɛmu yi afoa nea wɔahu no dedaadaw no so. Louise ka sɛ: “Sɛ mekɔ yɛn Ahenni Asad so a, m’ani gye sɛ me ne afoforo, mpanyin ne mmofra nyinaa, bɛkasa. Yesua pii wɔ nhyiam horow ase. Sɛ yɛne afoforo bɔ bere a yɛapɔn nhyiam nso a, yetumi serew paa. Ɛyɛ anigye bere.” Evelyn nso nya ne som dwumadi so mfaso. Ɔka sɛ: “Nnipa a wɔwɔ me mpɔtam hɔ a mekɔka Bible no mu asɛm kyerɛ wɔn no mma mentew me ho mfi afoforo ho. Nanso nea ɛsen saa no, ɛma m’ani gye. Afoforo a wɔboa wɔn ma wohu asetra atirimpɔw paa no yɛ adwuma a akomatɔyam wom.”

Ɛda adi pefee sɛ Louise ne Evelyn wɔ atirimpɔw wɔ asetra mu. Abotɔyam a wonya no brɛ akwanside a ɛto so abien a enya nnipa so tumi—baabi a ɔte—ase, na ɛboa wɔn ma wonyin kyɛ.—Fa toto Dwom 92:13, 14 ho.

Ayaresa a Ne Bo Nyɛ Den a Etu Mpɔn—Ɛnyɛ Na

Nkɔanim a wɔanya wɔ ayaresa mu wɔ afeha yi mu no abrɛ akwanside a ɛto so abiɛsa a ɛne aduruyɛ no ase koraa—nanso ɛnyɛ wiase baabiara. The World Health Report 1998 ka sɛ: “Nokwarem no, efi 1975 kosi 1995 no, mfe a nnipa betumi atwa so tewee” wɔ aman a ahia wɔn no mu. WHO kwankyerɛfo panyin no kae sɛ “aman a wonnyaa nkɔso no mu nnipa 4 biara mu 3 wu ansa na wɔadi mfe 50—mfe a na nnipa dodow no ara twa wɔ wiase nyinaa wɔ mfe 50 a atwam ni no.”

Ne nyinaa akyi no, mpanyin ne mmofra pii a wɔwɔ aman a wodi hia mu no rebrɛ akwanside yi ase denam aduruyɛ a ɛwɔ hɔ a ne bo nyɛ den a wɔde redi dwuma no so. Fa ɔkwan foforo a wɔanya a wɔnam so ko nsamanwaw (TB) no sɛ nhwɛso.

Wiase nyinaa no, TB kunkum nnipa pii sen nea AIDS, atiridiinini, ne nyarewa foforo a wɔaka abom kunkum—ekunkum nnipa 8,000 da biara. Nnipa 100 biara a wɔbɔ TB no mu 95 te wiase aman a afei na wɔrenya nkɔso mu. Seesei nnipa bɛyɛ ɔpepem 20 bɔ TB denneennen, na ebetumi akunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 30 wɔ mfe du a edi hɔ no mu, nnipa dodow a ɛte sɛ nnipa a wɔwɔ Bolivia, Cambodia, ne Malawi nyinaa a wɔaka abom.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ WHO de anigye bɔɔ amanneɛ wɔ 1997 mu sɛ wɔanya ɔkwan a wɔnam so ko TB wɔ asram asia mu a ɛho nhia sɛ wogye nipa no to ayaresabea anaa wɔma no ayaresa kyenkyenenn biara. WHO nhoma The TB Treatment Observer no kae sɛ: “Seesei ne bere a edi kan a wiase no anya nnuru ne akwan a wɔasɔ ahwɛ ahu sɛ eye paa a wɔfa so ko TB nsanyare no wɔ aman a wɔwɔ sika ne aman a ahia wɔn paa wɔ wiase no nyinaa mu.” Wɔfrɛ ayaresa yi—a ebinom ka ho asɛm sɛ “ayaresa mu nkɔanim a ɛsen biara wɔ mfe du a atwam mu” no—DOTS.e

Ɛwom sɛ ɛka a ɛwɔ saa ayaresa yi mu no nnu nea wɔbɔ wɔ akwan a wɔtaa fa so ko TB ho no de, nanso nea efi mu ba no yɛ anigye, titiriw wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu. Oduruyɛfo Arata Kochi a ɔyɛ WHO Wiase Nyinaa TB Dwumadi no kwankyerɛfo no ka sɛ: “Ɔkwan biara nni hɔ a wɔfa so ko TB a akɔ so asa nnipa pii yare saa. Sɛ wɔde DOTS sa nnipa ɔha yare a, emu 95 nya ayaresa wɔ aman a ahia wɔn paa mpo no mu.” Eduu 1997 awiei no, na wɔafi ase de DOTS ayaresa no redi dwuma wɔ aman 89 mu. Ɛnnɛ, aman no dodow akodu 96. WHO wɔ anidaso sɛ wɔnam saa ayaresa kwan yi so bɛsa nnipa foforo ɔpepem pii a wɔwɔ aman a wonnyaa nkɔanim pii mu yare na ama wɔabrɛ akwanside a ɛto so abiɛsa wɔ nkwa mmirikatu no mu no ase.

Nnipa nam nsakrae a wɔayɛ wɔ wɔn su, baabi a wɔte a wɔama ayɛ yiye, ne ayaresa a wɔama atu mpɔn no so atumi ato wɔn mfirihyia mu nna ne mfe a, nnipa tumi twa no so. Nanso asɛmmisa no ne sɛ, So da bi bɛba a onipa betumi ato ne nkwa nna mu nso—a ebia wobetumi anyin araa a worenwu da mpo?

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɛwom sɛ mpɛn pii no wɔde nsɛm “mfe a nnipa tumi twa” ne “mfirihyia mu nna” no gyina hɔ ma ade biako de, nanso nsonsonoe wɔ nsɛm abien no ntam. “Mfe a nnipa tumi twa” no kyerɛ mfe dodow a obi betumi ahwɛ kwan sɛ obetumi adi, na “mfirihyia mu nna” kyerɛ mfe dodow a sɛ wɔkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ a obiara di ankasa. Enti, wogyina mfe dodow a sɛ wɔkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ a obiara betumi adi so na ehu nnipa mfirihyia mu nna.

b Nneɛma a nnipa wɔ so tumi yi da nkyɛn a, ɛda adi sɛ awosu a nnipa ntumi nsesa no no nso ka n’akwahosan ne ne mfe dodow a onya. Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

c Sɛ wopɛ akwan nketenkete a wubetumi afa so ama wo fie atew ho nsɛm pii a, hwɛ nsɛm a wɔato din “Ahotew Ho Asɛnnennen Ho Dwumadi” ne “Nea Ɛkyerɛ Sɛnea W’akwahosan Bɛyɛ—Nea Wubetumi Ayɛ” a ɛwɔ September 22, 1988, Engiresi Nyan! ne April 8, 1995 Nyan! mu no.

d Wɔfrɛ baabi a Yehowa Adansefo yɛ wɔn nnawɔtwe nnawɔtwe nhyiam no Ahenni Asa. Obiara tumi ba nhyiam yi bi, na wonnye sika.

e DOTS yɛ din tiawa a wɔde gyina hɔ ma ayaresa a wɔde ani si obi so hwɛ ma no aduru bere tiaa mu. Sɛ wopɛ DOTS ho nsɛm pii a, hwɛ “Ɔkwan Foforo a Wɔfa so Ko Nsamanwaw,” wɔ June 8, 1999, Nyan! mu.

[Kratafa 14 adaka/mfonini]

APƆW-MU-TEƐTEƐ BƐN NA EYE, NA ƐSƐ SƐ EGYE BERE TENTEN BƐN?

Ɔman Mpanyinyɛ Ho Asoɛe (NIA) no ka sɛ: “Sɛ obi de si n’ani so sɛ da biara ɔde simma aduasa bɛteɛteɛ n’apɔw mu nkakrankakra a, ɛyɛ botae pa.” Nanso ɛho nhia sɛ woteɛteɛ w’apɔw mu toãm simma 30. Wɔkyerɛ sɛ sɛ wode simma 10 teɛteɛ w’apɔw mu mprɛnsa da koro a, mfaso a efi mu ba no te sɛ nea woteɛteɛ w’apɔw mu saa toãm simma 30 da koro. Apɔw-mu-teɛteɛ bɛn na wubetumi de wo ho ahyem? NIA nhomawa Don’t Take It Easy: Exercise! no hyɛ nyansa sɛ: “Nnwuma nketenkete te sɛ atrapoe a wobɛforo sen sɛ wode afiri bɛforo abansoro, anaa nantew a wobɛnantew sen sɛ anka wode kar bɛkɔ baabi no betumi aboa ano ayɛ simma 30 apɔw-mu-teɛteɛ da biara. Sɛ wosesa wura, wo ne mmofra di agoru, anaa woyɛ fie nnwuma mpo a, wubetumi ayɛ ne nyinaa wɔ ɔkwan a ɛbɛma aboa ano ma woanya apɔw-mu-teɛteɛ a wuhia no da biara no.” Nokwarem no, nyansa wom sɛ wobɛkɔ akohu oduruyɛfo ansa na woafi apɔw-mu-teɛteɛ no ase.

[Mfonini]

Apɔw-mu-teɛteɛ kakra betumi aboa nkwakoraa ne mmerewa ma wɔasan anya ahoɔden ne ahotɔ

[Kratafa 15 adaka/mfonini]

SƐNEA WOBƐMA ADWENE NO AYƐ FAKAA

Nhwehwɛmu a nyansahufo ayɛ wɔ nkwakoraa ne mmerewa mpempem pii ho ada nneɛma pii a ɛma ɔpanyin adwene yɛ fakaa adi. Emu bi ne “mmɔden kɛse a wɔbɛbɔ de wɔn ho ahyɛ akenkan, akwantu, amammerɛ kwan so dwumadi ahorow, ne nhomasua mu, na wɔakɔdɔm koroyɛ ne adesua akuw.” “Yɛ nneɛma ahorow pii sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara.” “Kɔ so yɛ adwuma. Keka wo ho bere nyinaa.” “Dum wo TV.” “Sua biribi ho ade.” Wogye di sɛ dwumadi a ɛtete saa no kanyan anigye san ma amemene no toatoam bio.

[Mfonini]

Adwene a wɔma ɛyɛ adwuma pii no boa ma ɛyɛ fakaa

[Kratafa 16 adaka/mfonini]

AKWAHOSAN HO NYANSAHYƐ MA NKWAKORAA NE MMEREWA

Ɔman Mpanyinyɛ Ho Asoɛe a ɛhyɛ U.S. Akwahosan ne Nnipa Ho Nsɛm Asoɛe ase no ka sɛ sɛ obi de afotu pa te sɛ nea edidi so yi di dwuma a, “obetumi anya apɔwmuden na wanyin akyɛ”:

● Di aduan pa, a nnuaba ne nhabamma ka ho.

● Sɛ wonom nsa a, nom kakraa bi.

● Nnom sigaret. Ɛnkaa akyiri dodo sɛ wubegyae.

● Teɛteɛ w’apɔw mu daa. Kohu oduruyɛfo ansa na woafi apɔw-mu-teɛteɛ no ase.

● Taa ne w’abusuafo ne wo nnamfo nni nkitaho.

● Keka wo ho denam adwuma, agodie, ne fekubɔ so.

● Nya asetra ho adwempa.

● Yɛ nneɛma a w’ani gye ho.

● Taa yɛ w’akwahosan mu nhwehwɛmu.

[Kratafa 17 adaka]

AMEMENE MU NTINI HO NIMDEƐ FOFORO

Oduruyɛfo Marilyn Albert a ɔyɛ ɔbenfo wɔ adwene ne amemene mu ntini ho no ka sɛ: “Bere bi na yesusuw sɛ da biara da, obi hwere amemene mu nkwammoaa wɔ amemene no fã biara. Ɛnte saa koraa—sɛ obi renyin a ɔhwere bi de, nanso ɛnyɛ pii, na ɛyɛ mmeae kakraa bi pɛ na ɛba saa.” Afei nso November 1998 Scientific American no bɔ amanneɛ sɛ nnansa yi nhwehwɛmu kyerɛ sɛ sɛ adwene a na wokura bere tenten sɛ nnipa ntumi nnya amemene mu nkwammoaa foforo no yɛ nokware mpo a, “ɛnyɛ tebea biara mu.” Amemene ho abenfo ka sɛ seesei wɔanya adanse a ɛkyerɛ sɛ nkwakoraa ne mmerewa mpo tumi “nya amemene mu ntini foforo ɔhaha pii.”

[Kratafa 19 adaka]

MFE DODOW NE NYANSA NA ƐNAM ANAA?

Bible bisa sɛ: “Ɛnyɛ nkwakoraa mu na nyansa wɔ, na onyinkyɛ mma nhumu?” (Hiob 12:12, NW) Dɛn ne ho mmuae? Nhwehwɛmufo hwehwɛɛ nkwakoraa ne mmerewa asetra mu huu su bi te sɛ “nhumu, atɛmpa, ntease, ne sɛnea wotumi susuw nneɛma a ɛkyere adwene ho de di ɔhaw ho dwuma yiye.” Sɛnea U.S.News & World Report kyerɛ no, nhwehwɛmu no daa no adi sɛ “bere nyinaa nkwakoraa ne mmerewa bɔ mmɔden sen mmerante ne mmabaa wɔ nyansa nyinaa mu, na wɔn na wɔma afotu a nyansa wom na etu mpɔn paa.” Nhwehwɛmu kyerɛ nso sɛ “ɛwom sɛ egye nkwakoraa ne mmerewa bere tenten sen mmerante ne mmabaa na wɔde asi gyinae de, nanso wɔn gyinaesi na ɛtaa yɛ papa.” Enti sɛnea Bible nhoma, Hiob kyerɛ no, nyansa wɔ mfe dodow mu ampa.

[Kratafa 13 mfonini]

Nnipa nkwa te sɛ mmirikatu a akwanside pii wom

[Kratafa 17 mfonini]

Okunafo bi tu fo sɛ: “Ma nkurɔfo ani nnye sɛ wɔbɛbɛn wo”

[Kratafa 18 mfonini ahorow]

“Afoforo a wɔboa wɔn ma wohu asetra atirimpɔw paa no yɛ adwuma a akomatɔyam wom.”—Evelyn

[Kratafa 18 mfonini ahorow]

“Sɛ mekɔ yɛn Ahenni Asa so a, m’ani gye sɛ me ne afoforo, mpanyin ne mmofra nyinaa, bɛkasa.”—Louise

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena