Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 10/1 kr. 32
  • Tumi a Ɛwɔ Asɛm a Wofi Ayamye mu Ka Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tumi a Ɛwɔ Asɛm a Wofi Ayamye mu Ka Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 10/1 kr. 32

Tumi a Ɛwɔ Asɛm a Wofi Ayamye mu Ka Mu

“Onipa komam awerɛhow botow no, na asɛmpa ma koma tɔ yam.”—Mmebusɛm 12:25.

KRISTOFO mfaa wɔn ho nnii wɔ ahohia ho. Ɛtɔ da bi a wonya dadwen esiane sɛ wɔwɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu nti.—2 Timoteo 3:1.

Sɛ wuhyia amanehunu a ɛte saa a, hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ wobɛte nsɛm a w’adamfo nokwafo bi fi ayamye mu ka! Bible no ka sɛ: “Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa hiada.” (Mmebusɛm 17:17) Ná wonim ɔnokwafo Hiob sɛ ɔyɛ adamfo a ɔte saa. Elifas mpo kaa ne ho asɛm sɛ: “Wo nsɛm ama nea ɔrebɛhwe ase agyina.”—Hiob 4:4.

Nanso, bere a Hiob ankasa behiaa nkuranhyɛ no, Elifas ne ne mfɛfo no anka ayamye nsɛm. Wɔkae sɛ Hiob haw no fi no, a nea na ɛkyerɛ ne sɛ ɛbɛyɛ sɛ wadi mfomso bi asie. (Hiob 4:8) The Interpreter’s Bible ka sɛ: “Nea Hiob hia ne mmɔborohunu a efi nnipa komam. Nea onya ne ɔsom ne abrabɔ fam ɔkasatia ahorow a ɛnhyɛ nkuran a ayɛ te sɛ nea ɛyɛ ‘nokware’ turodoo na ɛyɛ dɛ yiye.” Elifas ne ne mfɛfo no nsɛm no a Hiob tee no maa n’adwene tu frae araa ma ɛhyɛɛ no ma ɔteɛɛm sɛ: “Mobɛhaw me kra akosi da bɛn, na mode nsɛm abubu me pasaa?”—Hiob 19:2.

Ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ yɛbɛma yɛn yɔnko Onyankopɔn somfo bi afi ahohia mu ateɛm esiane nsɛm a yensusuw ho na ɛnkyerɛ ayamye a yɛka nti. (Fa toto Deuteronomium 24:15 ho.) Bible mu abebusɛm bi bɔ kɔkɔ sɛ: “Asɛm a woka no betumi agye nkwa anaa adi awu; enti ɛsɛ sɛ wugye nea ebefi nsɛm a woka mu aba ho asɛyɛde tom.”—Mmebusɛm 18:21, TEV.

Bere a yehu sɛ ɔkasa wɔ tumi no, momma yensuasua ɔsomafo Paulo nhwɛso no. Bere a na ɔwɔ Makedonia no, ɔde “nsɛm pii tuu wɔn fo.”—Asomafo no Nnwuma 20:2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena