ADESUA 43
Asɛm a Wɔde Ama a Wɔde Di Dwuma
BIBLE no de Kristofo asafo no toto nipadua ho. Akwaa biara so wɔ mfaso, nanso, wɔn “nyinaa nni dwuma koro.” Nea ɛne ɛno hyia no, ɛsɛ sɛ yɛde hokwan biara a wɔde ama yɛn no di dwuma. Eyi behia sɛ yɛte dwumadi a wɔde ama yɛn no ase na yɛyɛ no yiye sen sɛ yebebu emu nsɛm bi adewa esiane sɛ yesusuw sɛ nsɛm afoforo mmom bɛyɛ anigye nti. (Rom. 12:4-8) Ɛyɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no asɛyɛde sɛ wɔde honhom fam aduan bɛma wɔ “ɛbere a ɛsɛ mu.” (Mat. 24:45) Sɛ yɛbɔ mmɔden biara de siesie ɔkasa ahorow denam akwankyerɛ a wɔde ama yɛn no so a, na yɛrekyerɛ anisɔ ama saa nhyehyɛe no. Eyi boa ma asafo mũ no dwumadi nyinaa kɔ so yiye.
Nea Ɛsɛ sɛ Wode Ka Ho. Sɛ wɔde dwumadi bi hyɛ wo nsa wɔ sukuu no mu a, hwɛ hu sɛ nea wɔde ama wo no ho dwuma na woadi no na ɛnyɛ ade foforo. Ɛtɔ da bi a, wɔde nea woyii asɛm no fii mu no ka ho. Sɛ wɔankyerɛ wo nhoma ko a ɛsɛ sɛ wuyi w’asɛm no fi mu de ma ɔkasa no a, wubetumi apaw nsɛm afi faako a wopɛ. Nanso, bere a woresiesie wo kasa no, hwɛ hu sɛ wode asɛm no nyinaa begyina asɛmti a wɔde ama wo no so. Sɛ woresi nsɛm a wode bɛka ho no ho gyinae a, ebehia sɛ wususuw w’atiefo no ho.
Susuw nea wɔatwe adwene asi so wɔ dwumadi no mu no ho yiye, na susuw kyerɛw nsɛm a ɛka ho no ho. Na afei susuw sɛnea wode bedi dwuma yiye ma ɛso aba w’atiefo no mfaso ho. Paw nsɛntitiriw abien anaasɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye a abiɛsa fi nhoma a wuyii wo kasa no fii mu no mu ma wo kasa no. Saa ara nso na paw kyerɛw nsɛm a wopɛ sɛ wokenkan na mususuw ho no fi dwumadi a wɔde ama wo no mu.
Nsɛm a wɔde ama wo no mu ahe na ɛsɛ sɛ woka? Nea wubetumi aka ho asɛm yiye nkutoo. Mfa nsɛm pii nhyem nsɛe wo nkyerɛkyerɛ pa no. Sɛ nsɛm no bi ne wo kasa no botae nhyia a, fa w’adwene si afã horow a ɛbɛboa wo ma woadu wo botae no ho so. Fa wo dwumadi no mu nsɛm a aba wom na ɛso bɛba w’atiefo no mfaso di dwuma. Ɛnyɛ ɔkasa ho afotu yi botae ne sɛ wode behu nsɛm dodow a wubetumi aka, na mmom sɛ wubegyina nea wɔde ama wo no so ama ɔkasa no.
Ɛnyɛ nea wo kasa no kyerɛ ara ne sɛ wobɛbɔ dwumadi no mua kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden kyerɛkyerɛ nsɛm titiriw bi mu, bae mu, yɛ ho mfatoho, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a woyɛ ɔkwan a wɔbɛfa so de adi dwuma no ho nhwɛso. Ɛsɛ sɛ wode adwene foforo a ɛka ho no di dwuma de da nsɛntitiriw a ɛwɔ dwumadi a wɔde ama wo no mu no adi sen sɛ wode biribi foforo besi ananmu.
Edu bere bi a wɔbɛto nsa afrɛ anuanom mmarima a wɔfata sɛ akyerɛkyerɛfo ma wɔakyerɛkyerɛ wɔ Ɔsom Nhyiam ase. Wɔte hia a ehia sɛ wɔka dwumadi a wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho asɛm yiye sen sɛ wɔde biribi foforo bɛhyɛ ananmu no ase. Saa ara nso na wɔde krataa a wɔhwɛ so ma ɔkasa ma anuanom mmarima a wɔma baguam ɔkasa no sɛ wonni akyi. Eyi ma wotumi dannan wɔn nsɛm mu, nanso wɔkyerɛ emu nsɛntitiriw a ɛsɛ sɛ wɔma ɛda adi, adanse ahorow a wɔde bedi dwuma, ne kyerɛw nsɛm a ɔkasa no gyina so. Sɛ wubegyina dwumadi a wɔde ama wo no so akyerɛkyerɛ no yɛ adeyɛ a ɛho hia a wubegyina so asiesie ɔkasa afoforo.
Saa ntetee yi nso betumi aboa wo ma woayɛ ofie Bible adesua ahorow a ɛsow aba. Wubesua sɛnea wɔde adwene si dwumadi a wɔde ama no so sen sɛ wobɛsesa asɛm no de foforo a ɛbɛyɛ anigye nanso ɛremma asɛm no mu nna hɔ ahyem. Nanso, sɛ wuhu sɛnea asɛm yi te ankasa a, ɛremma wonyɛ katee dodo sɛ wuntumi mfa nkyerɛkyerɛmu foforo a osuani no behia nka ho.