ADESUA 44
Nsɛmmisa a Wɔde Di Dwuma Ɔkwan a Etu Mpɔn So
ESIANE sɛ nsɛmmisa hwehwɛ mmuae—sɛ wɔbɛka anaasɛ wobebua wɔ adwenem—nti, ɛboa ma w’atiefo no de wɔn ho hyɛ nkɔmmɔbɔ no mu. Nsɛmmisa betumi aboa wo ma woafi nkɔmmɔbɔ ase na ama moatumi atoatoa adwene wɔ nsɛm ho. Sɛ́ ɔkasafo ne ɔkyerɛkyerɛfo no, wubetumi de nsɛmmisa akanyan anigye, aboa obi ma wadwen asɛm bi ho, anaa wode asi asɛm a woka so dua. Sɛ wode nsɛmmisa di dwuma yiye a, wohyɛ afoforo nkuran ma wodwen nsɛm ho sen sɛ wobetie ara kwa. Ma botae bi ntra w’adwenem, na bisa wo nsɛm no wɔ ɔkwan a ɛbɛboa ma woadu ho so.
Sɛnea Wobɛhyɛ Nkɔmmɔbɔ Ho Nkuran. Sɛ wokɔ asɛnka a, yɛ krado sɛ wode hokwan bɛma nkurɔfo a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛkasa no ma wɔakasa.
Adansefo pii fi nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye ase denam asɛntiaa te sɛ, “So woasusuw ho pɛn sɛ . . . ?” a wobisa no so. Sɛ wɔpaw asɛmmisa a nnipa pii susuw ho a, akyinnye biara nni ho sɛ wɔn ani begye wɔ asɛnka mu. Mpo sɛ asɛmmisa no yɛ foforo ma onii no a, ebetumi ama ne ho apere no sɛ obenya mmuae. Wubetumi de nsɛm te sɛ “Wususuw ho dɛn . . . ?,” “Wote nka dɛn . . . ?,” ne “Wugye di . . . ?” afi nsɛm pii ase.
Bere a ɔsɛmpakafo Filipo kɔɔ Etiopiani piani a na ɔrekenkan Yesaia nkɔmhyɛ no den nkyɛn no, Filipo bisaa no tiawa sɛ: “So wote nea wokan yi ase anaa?” (Aso. 8:30) Asɛmmisa yi buee kwan maa Filipo ma ɔkyerɛkyerɛɛ Yesu Kristo ho nokwasɛm mu kyerɛɛ no. Ɛnnɛyi Adansefo pii de asɛmmisa a ɛte saa adi dwuma de anya nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wonya Bible mu nokwasɛm mu ntease ankasa no.
Sɛ nkurɔfo pii nya hokwan da wɔn ankasa nsusuwii adi a, ɛhyɛ wɔn nkuran ma wotie wo. Sɛ wubisa asɛm bi wie a, tie no yiye. Fi ayamye mu tie onii no mmuae no sen sɛ wobɛkasa atia. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fi komam kamfo no. Bere bi a kyerɛwfo bi ‘buaa asɛm bi nyansam’ no, Yesu kamfoo no sɛ: “Wo ne Nyankopɔn ahenni ntam kwan nware.” (Marko 12:34) Mpo sɛ wo ne nnipa no nsusuwii nhyia a, wubetumi ada no ase sɛ watumi akyerɛ n’adwene. Nea ɔkae no bɛma woahu su a ɛsɛ sɛ woda no adi bere a woreka Bible mu nsɛm akyerɛ no no.
Sɛnea Wobɛda Nsɛntitiriw Adi. Sɛ worekasa akyerɛ nnipakuw anaasɛ onipa biako a, bɔ mmɔden sɛ wode nsɛmmisa bedi dwuma ma atwetwe nsɛm aba. Hwɛ hu sɛ wubebisa nsɛm a ɛfa nneɛma a ɛho hia w’atiefo no ho ankasa. Wubetumi de nsɛmmisa a ɛma wɔhwehwɛ nsɛm mu adi dwuma esiane sɛ ebia na mmuae no nnya nnaa adi nti. Sɛ wubisa asɛm no wie na wohome so a, w’atiefo no de anigye na ɛbɛhwɛ nea edi hɔ no kwan.
Bere bi, odiyifo Mika de nsɛmmisa dodow bi dii dwuma. Bere a odiyifo no bisaa nea Onyankopɔn hwehwɛ fi wɔn a wɔsom no hɔ wiei no, ɔde nsɛmmisa anan foforo sisii hɔ, a na emu biara kura nsɛm a wobetumi de abua. Nsɛmmisa a ɛtete saa no nyinaa boa akenkanfo ma wosiesie wɔn ho ma mmuae a emu da hɔ a ɔde wiee ne nkɔmmɔbɔ no. (Mika 6:6-8) So wubetumi ayɛ biribi a ɛte saa bere a worekyerɛkyerɛ no? Sɔ hwɛ.
Sɛnea Wubesusuw Asɛm Bi Ho. Wubetumi de nsɛmmisa aboa afoforo ma wɔadi aba a ɛwɔ asɛm bi mu akyi. Bere a Yehowa de amanneɛbɔ bi a ɛho hia rema Israel no, ɔyɛɛ eyi, sɛnea wɔada no adi wɔ Malaki 1:2-10 no. Nea edi kan no ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Madɔ mo.” Wɔankyerɛ saa dɔ no ho anisɔ, enti obisaa wɔn sɛ: “So Esau nyɛ Yakob ne nua?” Ɛnna Yehowa kaa awerɛhow tebea a Edom wom no ho asɛm kyerɛɛ wɔn de yɛɛ adanse sɛ ɔman no amumɔyɛ nti na Onyankopɔn annɔ wɔn no. Ɔde mfatoho ne nsɛmmisa kaa eyi ho de sii sɛnea Israel antumi ankyerɛ ne dɔ ho anisɔ no so dua. Obisaa nsɛm no bi te sɛ nea asɔfo a wɔanni nokware no na na wɔrebisa wɔn. Ebi nso yɛ nsɛm a Yehowa bisaa asɔfo no. Nkɔmmɔbɔ no kanyan nkate na ɛma yɛyɛ aso tie; yentumi mmɔ nyansa a ɛwom no ngu; asɛm no nso yɛ nea werɛ ntumi mfi.
Akasafo binom de nsɛmmisa di dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn saa ara so. Ɛwom sɛ wɔnhwɛ kwan sɛ wɔbɛka mmuae no, nanso atiefo no de wɔn adwene di akyi te sɛ nea wɔrebɔ nkɔmmɔ.
Sɛ yɛyɛ Bible adesua a, yɛde ɔkwan a ɛma osuani no tumi nya mu kyɛfa na edi dwuma. Nokwarem no, sɛ osuani no ankenkan mmuae no tẽẽ amfi nhoma mu a, onya so mfaso. Fa ɛnne a ɛda ayamye adi bisa nsɛm foforo a ɛbɛma wo ne osuani no asusuw nsɛm ho. Ɛdefa nsɛntitiriw ho no, hyɛ no nkuran ma onnyina Bible no so mmua ne nsɛm. Wubetumi abisa nso sɛ: “Ɔkwan bɛn so na nea yɛresusuw ho no fa nsɛm afoforo a yɛasua no ho? Dɛn nti na ɛho hia? Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn asetra?” Ɔkwan a ɛte saa a wobɛfa so de adi dwuma no tu mpɔn sen sɛ wode w’ankasa nsusuwii anaa nkyerɛkyerɛmu foforo bedi dwuma. Wɔ saa kwan yi so no, woboa osuani no ma ɔde ‘n’adwene tumi’ di dwuma de som Nyankopɔn.—Rom. 12:1.
Sɛ osuani bi nte asɛm bi ase a, si abotare. Ebia na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔde nea woreka no bɛtoto nea wagye adi mfe pii no ho. Sɛ woka asɛm no ɔkwan foforo so a, ebetumi aboa. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, ehia sɛ mofa ɔkwantiaa so susuw nsɛm ho. Fa Kyerɛwnsɛm no di dwuma wɔ ɔkwan a ɛyɛ fakaa so. Fa mfatoho ahorow di dwuma. Nea ɛka eyi ho no, fa nsɛmmisa ntiantiaa a ɛbɛma onipa no adwen adanse a ɛwom no ho di dwuma.
Sɛnea Wobɛma Nkate Ada Adi. Sɛ nkurɔfo bua nsɛmmisa a, mpɛn pii no wɔnna sɛnea wɔte nka no adi. Ebia nea wɔbɛyɛ ara ne sɛ wɔbɛma wo mmuae a wosusuw sɛ wuhia no. Nhumu ho behia wɔ ha. (Mmeb. 20:5) Sɛnea Yesu yɛe no, wubetumi abisa sɛ: “Wugye eyi di anaa?”—Yoh. 11:26.
Bere a Yesu asuafo no mu pii bo fuw no wɔ nea ɔkae ho na wogyaw no hɔ kɔe no, Yesu frɛɛ n’asomafo no bisaa wɔn sɛnea wɔte nka. Obisae sɛ: “Mo nso, mopɛ sɛ mokɔ bi anaa?” Petro daa sɛnea wɔte nka no adi kae sɛ: “Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm; na yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Nyankopɔn kronkronni no.” (Yoh. 6:67-69) Wɔ bere foforo mu no, Yesu bisaa n’asuafo no sɛ: ‘Nnipa ka sɛ onipa ba no ne hena?’ Ɔde asɛmmisa a ɛmaa wɔn ankasa daa nea ɛwɔ wɔn komam adi toaa so. ‘Na mo de, muse mene hena?’ Petro buae sɛ: “Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefo no ba!”—Mat. 16:13-16.
Sɛ woreyɛ Bible adesua a, wubehu sɛ ɛyɛ papa sɛ wofa ɔkwan a ɛte saa so di nsɛm bi ho dwuma. Wubetumi abisa sɛ: “Wo sukuufo (anaa w’adwumamfo) hu saa asɛm yi dɛn?” Afei wubetumi abisa sɛ: “Wote nka dɛn wɔ ho?” Sɛ wunim sɛnea obi te nka ankasa a, etumi ma woboa no kɛse sɛ ɔkyerɛkyerɛfo.
Sɛnea Wubesi Asɛm so Dua. Wubetumi de nsɛmmisa adi dwuma de asi nsɛntitiriw so dua. Ɔsomafo Paulo yɛɛ eyi, sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Romafo 8:31, 32 no: “Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi? Nea wankame n’ankasa ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?” Hyɛ no nsow sɛ, wɔ asɛm no biara mu no, asɛmmisa no kyerɛkyerɛ ɔkasamufa a edi anim no mu.
Bere a odiyifo Yesaia kyerɛw atemmu a Yehowa de bɛba Babilon hene so wiei no, ɔde ahotoso a emu yɛ den kae sɛ: ‘Na asafo Yehowa abɔ ne tirim, hena na ɔbɛma ayɛ ɔkwa? Na ne nsa ateɛ, hena na obesianka no?’ (Yes. 14:27) Nsɛm a ɛwɔ asɛmmisa no mu no da no adi sɛ wɔrentumi mmu ani ngu adwene a ɛwom no so. Mmuae biara ho renhia.
Sɛnea Wɔbɛma Nsusuwii Bɔne Ada Adi. Nsɛmmisa a wosusuw ho yiye nso yɛ adwinnade a ɛma nsusuwii bɔne da adi. Ansa na Yesu resa ɔbarima bi yare no, obisaa Farisifo no ne ebinom a wɔaben wɔ Mmara no mu sɛ: “Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yare homeda anaa?” Ɔsaa yare no wiei no, ɔde asɛmmisa foforo toaa so sɛ: ‘Mo mu hena na homeda ne babarima anaa nantwi kɔtɔ abura mu a, ɔrentwe no ntɛmntɛm?’ (Luka 14:1-6) Na onhia mmuae biara, na obiara nso antumi amua. Nsɛmmisa no maa wɔn nsusuwii bɔne no daa adi.
Ɛtɔ mmere bi a, nokware Kristofo mpo betumi anya nsusuwii bɔne. Ná afeha a edi kan Korintofo no bi de wɔn nuanom kɔ asɛnnibea kosiesie wɔn ntam nsɛnnennen a anka wɔn ankasa betumi adi ho dwuma. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo dii asɛm no ho dwuma? Obisaa nsɛm penpen de siesiee wɔn nsusuwii no.—1 Kor. 6:1-8.
Wubetumi asua sɛnea wɔde nsɛmmisa a etu mpɔn di dwuma. Nanso, mma wo werɛ mmfi sɛ wobɛda obu adi, titiriw bere a wo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wunnim wɔn yiye, ne wɔn a wɔwɔ tumi rekasa no. Fa nsɛmmisa di dwuma fa da Bible mu nokware adi wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so.