BIBLE MU AKORADE | MATEO 22-23
Di Ahyɛde Akɛse Mmienu No So
Nneɛma mmiɛnsa a ɛwɔ ase ha no kyerɛ nea enti a yɛkɔ Kristofo nhyiam. Gyina Mateo 22:36-39 so hyehyɛ no nnidiso nnidiso. Emu nea ɛwɔ he na wobɛka sɛ ɛho hia pa ara, nea ɛwɔ he na edi hɔ, na nea ɛwɔ he na etwa to?
Sɛ́ yebenya nkuranhyɛ
Sɛ́ yɛbɛhyɛ yɛn nuanom nkuran
Sɛ́ yɛbɛsom Yehowa na yɛakyerɛ sɛ yɛdɔ no
Sɛ mpo yɛabrɛ na yɛte nka sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a yɛrennya so mfaso ahe biara a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yemia yɛn ani kɔ?
Nneɛma bɛn bio na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedi ahyɛde akɛse mmienu no so?