KRISTOFO ABRABƆ
Yehowa Nim Nea Yehia
Akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ma yɛn aduan wɔ “bere a ɛsɛ mu.” Wei kyerɛ sɛ, Yehowa a ɔkyerɛ akoa no kwan no nim nea yehia na ama yɛne no ntam ayɛ papa. (Mt 24:45) Ɔmantam nhyiam ahorow ne nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu no di wei ho adanse.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN AFE 2017 AMANNEƐBƆ A EFI NKYERƐKYERƐ BOAYIKUW NO HƆ NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Ɔmantam nhyiam a yɛkɔ afe biara no, yenya so mfaso. Hena na ɛsɛ sɛ yɛde ho aseda ma no, na dɛn ntia?
Bere bɛn na wofi ase yɛ ɔmantam nhyiam ho ntotoe?
Wɔyɛ dɛn paw nsɛntitiriw a wɔbɛka ho asɛm wɔ nhyiam no ase?
Sɛ wɔreyɛ nhyiam no ho ntotoe a, nneɛma pɔtee bɛn na wɔyɛ?
Ɔkwan bɛn so na wɔahyehyɛ nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu no te sɛ nea wosua ade wɔ Gilead?
Sɛn na Betel dwumadibea ahorow no yɛ adwuma bom na wɔatumi ayɛ adesua nhomawa no?
Honhom fam nnuan a Yehowa de ma yɛn no, wote nka sɛn wɔ ho?