Amonfo Nkurɔfo a Wɔde Nitan Tuaa Ayamye so Ka
ƐNNƐYI kurow a wɔfrɛ no Amman, a ɛyɛ Hashemfo ahenni a ɛwɔ Jordan ahenkurow no, ma yɛkae nkurɔfo bi a wɔayera afi asase ani. Ná wɔfrɛ wɔn Amonfo. Ná wɔyɛ nnipa bɛn, na asuade bɛn na yebetumi asua afi wɔn asehwe no mu?
Ná Amonfo no yɛ ɔtreneeni Lot asefo. (Genesis 19:35-38) Esiane sɛ na Lot yɛ Abraham wɔfaase nti, wubetumi aka sɛ na Amonfo no yɛ Israelfo nuanom. Nanso, Lot asefo no dan kɔsom atoro anyame. Ne nyinaa akyi no, Yehowa Nyankopɔn kɔɔ so kyerɛɛ wɔn ho anigye. Bere a Israel man no bɛnee Bɔhyɛ Asase no so no, Onyankopɔn bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Nhiahia [Amonfo no] ho na wo ne wɔn nnni aperepere, na meremma wo Amon mma asase no bi nni so, efisɛ mede mama Lot mma sɛ wonni so.”—Deuteronomium 2:19.
Amonfo no kyerɛɛ ayamye a ɛte saa ho anisɔ? Nea ɛne no bɔ abira no, wɔammu sɛ Yehowa ayɛ biribi ama wɔn. Wotuaa anigye a Onyankopɔn fii ayamye mu kyerɛɛ wɔ wɔn ho no so ka denam nitan a wɔkɔɔ so daa no adi kyerɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo, Israelfo no so. Ɛwom sɛ Israelfo no tiee Yehowa mmara no na wɔantow anhyɛ wɔn so de, nanso Amonfo ne wɔn nuanom Moabfo no suroe. Nokwarem no, Amonfo no ne wɔn anko, nanso wɔsrɛɛ odiyifo bi a wɔfrɛ no Bileam sɛ ɔnkɔdome Israelfo!—Numeri 22:1-6; Deuteronomium 23:3-6.
Afei ade a ɛyɛ nwonwa bi sii. Bible no bɔ amanneɛ sɛ Bileam antumi annome wɔn. Hyira nko na otumi hyiraa wɔn, na ɔkae sɛ: “Nhyira ne wɔn a wohyira wo, na nnome ne wɔn a wɔdome wo.” (Numeri 24:9) Anka ɛsɛ sɛ wɔn a asɛm no fa wɔn ho, a Amonfo ka ho no, nya asuade a tumi wom bi fi eyi mu: Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo nya asɛm a, na wayɛ ahoboa yiye sɛ obedi ama wɔn!
Nanso, Amonfo no kɔɔ so hwehwɛɛ akwan a wɔbɛfa so asɔre atia Israelfo no. Wɔ Atemmufo no mmere so no, Amonfo ne Moabfo ne Amalekfo yɛɛ biako na wɔtow hyɛɛ Bɔhyɛ Asase no so, na wɔkoe ara kosii Yeriko. Nanso, wɔn nkonimdi no yɛɛ bere tiaa bi de, bere a Israel Temmufo Ehud pam ntuafo no. (Atemmufo 3:12-15, 27-30) Ɔko ho huhuhuhu kɔɔ so kosii Ɔtemmufo Yefta mmere so. Saa bere no, na Israel man de wɔn ho ahyɛ abosonsom mu, enti Yehowa yii n’ahobammɔ fii wɔn so. Enti Onyankopɔn ‘tɔn wɔn maa Amonfo no mfe 18.’ (Atemmufo 10:6-9) Amonfo dii nkogu kɛse bio bere a Israelfo no gyaee wɔn abosonsom na wɔkaa wɔn ti pam ho wɔ Yefta akanni ase no.—Atemmufo 10:16–11:33.
Bere a atemmufo de dii Israelfo so tumi no baa awiei bere a wɔde ɔhene a odi kan, Saul, sii hene no. Bere a Saul fii ase dii tumi no, ankyɛ na Amonfo fii wɔn nitan no ase bio. Ɔhene Nahas tow hyɛɛ Israelfo kurow Yabes-Gilead so mpofirim. Bere a saa kurow no mu mmarima hwehwɛɛ asomdwoe no, Nahas a ɔyɛ Amonni no de ahwehwɛde dennen yi too wɔn anim: “Ansa na me ne mo bɛpam no, gye sɛ mitutu mo aniwa nifa nyinaa.” Abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus kyerɛ sɛ nea enti a ɔyɛɛ saa no fã bi ne sɛ ɔde bɛbɔ ne ho ban, sɛnea ɛbɛyɛ a, “sɛ wɔde wɔn kyɛm no kata wɔn aniwa benkum a, ɛmma wontumi nyɛ hwee wɔ ɔko mu.” Nanso, na saa ahwehwɛde a ahummɔbɔ nnim yi atirimpɔw ankasa ne sɛ ɛbɛbɔ Israelfo ahohora de ayɛ sɛnnahɔ.—1 Samuel 11:1, 2.
Amonfo no de nitan tuaa Yehowa ayamye so ka bio. Yehowa ammu n’ani angu ahunahuna a emu yɛ den yi so. “Saul tee [Nahas] nsɛm yi no, Awurade honhom sii no so, na ne bo fuwii kɛse.” Wɔ Onyankopɔn honhom akwankyerɛ ase no, Saul boaboaa akofo 330,000 ano ma wɔbɔɔ Amonfo hwetee ma “anka wɔn mu baanu po wɔ faako.”—1 Samuel 11:6, 11.
Awiei koraa no, Amonfo pɛsɛmenkominya a wɔde hwehwɛɛ wɔn ankasa yiyedi, wɔn atirimmɔden, ne wɔn adifudepɛ a wodwen ho kɛse no kowiee wɔn sɛe mu koraa. Sɛnea na Yehowa diyifo Sefania aka asie no, wɔbɛyɛɛ “sɛ Gomora . . . daapem amamfõ . . . efisɛ wɔasopa na wɔama wɔn ho so ahyɛ asafo Awurade [Yehowa, NW] man no.”—Sefania 2:9, 10.
Ɛsɛ sɛ nnɛyi wiase akannifo no hyɛ nea ɛtoo Amonfo no nsow. Onyankopɔn ada ayamye a ɛte saa ara adi akyerɛ amanaman no denam ma a wama wɔn kwan ma wɔte ne nan ntiaso a ɛne asase no so so. Nanso sɛ anka wɔbɛhwɛ asase no so no, aman a wɔyɛ adifudepɛ no resɛe no, na wɔde okyinnsoromma no ato nuklea ɔsɛe ho asiane mpo mu. Sɛ́ anka aman no bɛda ayamye adi akyerɛ Yehowa asase so asomfo no, mpɛn pii no nitan na wɔda no adi kyerɛ wɔn, na wɔde ɔtaa a emu yɛ den ba wɔn so. Enti asuade a yenya wɔ Amonfo ho ne sɛ Yehowa mmu nitan a wɔde tua ayamye so ka no ade ketewa bi. Na wɔ ne bere a ɛsɛ mu no, ɔbɛyɛ ho biribi, sɛnea ɔyɛe wɔ tete mmere mu no pɛpɛɛpɛ.—Fa toto Dwom 2:6-12 ho.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.
[Kratafa 9 mfonini]
Nneɛma a Romafo sɛee no wɔ Amman, baabi a na Rabbah, Amonfo ahenkurow, no wɔ no
[Asɛm Fibea]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.
[Kratafa 10 mfonini]
Amonfo no traa saa beae yi
[Asɛm Fibea]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.