Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr22 September kr. 1-3
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • SEPTEMBER 5-11
  • SEPTEMBER 19-25
  • SEPTEMBER 26–OCTOBER 2
  • OCTOBER 17-23
  • OCTOBER 31–NOVEMBER 6
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2022
mwbr22 September kr. 1-3

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

SEPTEMBER 5-11

Tweetwee Bible Mu

w08 11/1 22 ¶4-6

So Wunim?

Sika kɔkɔɔ sɛn na na Ɔhene Solomon wɔ?

Bible ma yehu sɛ, Tiro hene Hiram de sika kɔkɔɔ a emu duru bɛyɛ semɛnte bag 80 kɔmaa Solomon, na Saba hemmaa no nso maa Solomon sika kɔkɔɔ a emu duru te saa ara. Ɛsan ma yehu sɛ, po so ahyɛn a na Solomon wɔ no de sika kɔkɔɔ a emu duru bɛyɛ semɛnte bag 300 fi Ofir brɛɛ no. Bible ka sɛ, “Afe biara, sika kɔkɔɔ a na Solomon nya no, emu duru yɛ dwetikɛse 666,” anaa semɛnte bag 500 ne akyi. (1 Ahene 9:14, 28; 10:10, 14) Wohwɛ a, saa asɛm no yɛ ampa? Tete no, sika kɔkɔɔ dodow sɛn na na ahemfo tumi nya?

Wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu akohu asɛm bi a wɔakyerɛw agu baabi. Saa nkyerɛwee no akyɛ paa, na abenfo ka sɛ asɛm no yɛ nokware. Ɛka sɛ, Egypt hene Thutmose III a odii ade bɛyɛ mfe 3,500 ni no, ɔde sika kɔkɔɔ a emu duru bɛyɛ semɛnte bag 270 kɔɔ Amun-Ra abosomfie a ɛwɔ Karnak no. Bɛyɛ mfe 2,800 a atwam no, Tirofo de sika kɔkɔɔ a emu duru boro semɛnte bag 80 tuaa tow maa Asiria hene Tiglat-Pilesa III. Afei Ɔhene Sargon II de sika kɔkɔɔ a emu duru te saa ara kɔkyɛɛ Babilon abosom. Nkurɔfo kyerɛ sɛ, Makedonia hene Philip II (359-336 A.Y.B.) nso, afe biara, na otu sika kɔkɔɔ a emu duru yɛ semɛnte bag 560 ne akyi wɔ Pangaeum a ɛwɔ Thrace.

Bere a Philip ba Alexander Ɔkɛseɛ (336-323 A.Y.B.) ko faa Persia kurow Susa no, nkurɔfo kyerɛ sɛ, sika kɔkɔɔ a ɔfa fii hɔ no mu duru bɛyɛ semɛnte bag 23,600. Wɔkyerɛ sɛ, sika kɔkɔɔ a ɔfa fii Persia man mu no, ne nyinaa mu duru bɛyɛ semɛnte bag 140,000. Sɛ yɛhwɛ wei nyinaa na yɛhwɛ sika kɔkɔɔ a Bible ka sɛ na Solomon wɔ no a, yehu sɛ ɛyɛ ampa, na ɛnyɛ sɛ Bible regugu asɛm no mu.

SEPTEMBER 19-25

Tweetwee Bible Mu

w10 7/1 29 ¶5

Ɔhwehwɛ Adepa a Ɛwɔ Yɛn Ho

Ade a ehia paa a yesua fi 1 Ahene 14:13 ni: Ɛma yehu Yehowa ho ade bi a ɛyɛ fɛ, na ɛma yehu nea ɔhwehwɛ wɔ yɛn ho. Yɛbɛkae a, kyerɛwsɛm no kaa sɛ, Yehowa ‘huu adepa bi wɔ’ Abia ho. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, Yehowa too ne bo ase hwehwɛɛ Abia koma mu kosii sɛ ohuu adepa ketekete bi. Ɔbenfo bi kaa sɛ, sɛ wode Abia toto n’abusuafo ho a, na ɔda mu fua. Adepa a Yehowa hui wɔ Abia ho no, ɛyɛɛ no fɛ, na ɛno nti ohyiraa no. Ɛwom sɛ abusua a na Abia da mu no, na wɔaben bɔne mu, nanso adepa ketekete no nti, Yehowa huu no mmɔbɔ.

SEPTEMBER 26–OCTOBER 2

BIBLE MU AKORADE | 1 AHENE 15-16

it-1 184-185

Asa

Ɛwom, ɛtɔ da a, nneɛma a na Asa yɛ no, na nyansa nnim, na na ɔmfa n’ani nto fam nhu nea Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ. Nanso adepa a ɔyɛe no, na ɛdɔɔso kyɛn mfomso a odii, efisɛ na ɔwɔ suban pa, na wamman amfi nokware som ho. Enti Bible ma yehu sɛ, Yuda ahemfo a wodii nokware maa Yehowa no, ɔka ho. (2Be 15:17) Asa dii hene mfe 41. Bere a odi hene no, ahemfo nwɔtwe na edii ade wɔ Israel. Wɔn ne: Yeroboam, Nadab, Baasa, Ela, Simri, Omri, Tibni (bere a Omri di hene no, Tibni ne Israelfo bi tew wɔn ho, na Tibni dii wɔn so hene), ne Ahab. (1Ah 15:9, 25, 33; 16:8, 15, 16, 21, 23, 29) Asa wui no, ne ba Yehosafat bedii n’ade.—1Ah 15:24.

OCTOBER 17-23

BIBLE MU AKORADE | 1 AHENE 21-22

it-2 21

Asafo Yehowa

Yosua huu ɔbɔfo bi a wadan ne ho nipa wɔ Yeriko mpɔtam hɔ baabi. Ɛnna Yosua bisaa no sɛ ɔwɔ Israel afã anaa atamfo no afã. Ɔbɔfo no buae sɛ: “Daabi, mmom maba sɛ Yehowa safohene.” (Yos 5:13-15) Bere foforo nso, odiyifo Mikaia ka kyerɛɛ Ɔhene Ahab ne Ɔhene Yehosafat sɛ, “Mihuu Yehowa sɛ ɔte n’ahengua so a ɔsoro asafodɔm nyinaa gyinagyina ne nifa ne ne benkum.” Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔsoro asafodɔm a Mikaia kaa wɔn ho asɛm no, na ɛyɛ Yehowa abɔfo. (1Ah 22:19-21) Sɛ Bible frɛ Onyankopɔn “asafo Yehowa” a, ɛyɛ ne kwan so a, efisɛ abɔfo no, yɛwɔ ahorow ahorow. Yɛwɔ kerubim, serafim, ne abɔfo. (Yes 6:2, 3; Ge 3:24; Adi 5:11) Afei nso, wɔahyehyɛ abɔfodɔm no akuwakuw. Ɛno nti na Yesu Kristo tumi kaa sɛ, bere biara a ɔpɛ no, obetumi afrɛ “abɔfo bɛboro asafotow 12” ama wɔabɛboa no no. (Mt 26:53, ase hɔ asɛm.) Bere a Hesekia srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no no, ɔfrɛɛ no ‘asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn a ɔte kerubim so.’ Nea Hesekia kae no, ɛbɛyɛ sɛ apam adaka no ne kerubim a esisi ne mmuaso so, a egyina hɔ ma Yehowa ahengua a ɛwɔ soro no, ɛho asɛm na na ɛwɔ ne tirim. (Yes 37:16; fa toto 1Sa 4:4 ne 2Sa 6:2 ho.) Bere bi nso, atamfo betwaa kurow a Elisa te mu no ho hyiae, na ɛmaa ne somfo a ɔka ne ho no bɔɔ hu. Yehowa maa ɔsomfo no nyaa anisoadehu bi a ɛhyɛɛ no den. Ohui sɛ, “ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam” ayɛ mmepɔw no so mã atwa kurow no ho nyinaa ahyia. Nea ohui no, na ɛyɛ Yehowa abɔfodɔm no bia.—2Ah 6:15-17.

it-2 245

Atoro

Nnipa a wɔn ani gye atoro ho no, Yehowa Nyankopɔn “ma nnaadaa hyɛ wɔn so,” sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wobegye atoro no adi’ mmom sen sɛ anka wobegye Yesu Kristo ho asɛmpa no adi. (2Te 2:9-12) Nea ɛtoo Israel hene Ahab mfe pii a atwam no ma yehu sɛ, saa asɛm no yɛ nokware. Atoro adiyifo ka kyerɛɛ Ahab sɛ, ko a ɔne Ramot-Gilead rekɔko no, obedi nkonim. Nanso Yehowa diyifo Mikaia de, ɔkaa sɛ Ahab bedi nkogu. Sɛnea Mikaia hui wɔ yikyerɛ mu no, Yehowa maa ɔbɔfo bi kwan ma ɔkɔyɛɛ “atoro honhom” wɔ Ahab adiyifo no anom. Kyerɛ sɛ, ɔbɔfo no de ne tumi yɛɛ adwuma wɔ wɔn so ma wɔkaa atosɛm a na wɔn ara wɔpɛ sɛ wɔka. Ɛno ara nso na na Ahab pɛ sɛ ɔte fi wɔn anom. Enti ɛmfa ho sɛ Mikaia bɔɔ Ahab kɔkɔ no, Ahab tiee atosɛm no mmom, na ewiee ase no, ɔde ne nkwa twaa so.—1Ah 22:1-38; 2Be 18.

OCTOBER 31–NOVEMBER 6

Tweetwee Bible Mu

it-2 697 ¶2

Odiyifo

“Adiyifo Mma.” Nhoma bi ka sɛ, Hebri kasa mu no, wɔde asɛmfua ben (ba) anaa benehʹ (mma) ka obi ho asɛm a, etumi kyerɛ sɛ “ɔka kuw anaa nkabom kuw bi ho (ebetumi ayɛ abusuakuw anaa kuw foforo biara).” (Gesenius’ Hebrew Grammar, Oxford, 1952, kr. 418) (Fa toto Ne 3:8 ho. Ɛhɔ no, wɔka obi ho asɛm sɛ “ɔyɛ sradehuamfrafo,” anaa “ɔka sradehuamfrafo kuw no ho.” Saa asɛm no, ne nkyerɛase tẽẽ ne “ɔyɛ sradehuamfrafo ba.”) Enti sɛ wɔka “adiyifo mma” a, ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ adesuakuw a wɔtete adiyifo wom anaa adiyifo nkabom kuw. Adiyifo akuw yi, na ebi wɔ Betel, Yeriko, ne Gilgal. (2Ah 2:3, 5; 4:38; fa toto 1Sa 10:5, 10 ho.) Ná Samuel da akuw yi baako ano wɔ Rama. (1Sa 19:19, 20) Elisa nso, ɛbɛyɛ sɛ na ɔda baako ano wɔ ne bere so. (2Ah 4:38; 6:1-3; fa toto 1Ah 18:13 ho.) Bible ka sɛ, wɔn ara na na wɔkyekyere baabi a wɔbɛtena. Afei nso ɛka sɛ bere bi, wɔn mu bi kɔsrɛɛ akuma. Ne nyinaa ma yehu sɛ na wɔnyɛ asikafo. Bio nso, na wɔtaa tena bom didi bom, nanso edu baabi a, na wotumi soma wɔn mu biara ma ɔkɔyɛ adiyifo adwuma wɔ baabi.—1Ah 20:35-42; 2Ah 4:1, 2, 39; 6:1-7; 9:1, 2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena