Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Asu Anaa?—Ɔfã 1: Nea Asubɔ Kyerɛ
    Mmabun Bisa Sɛ
    • Wɔrebɔ aberante bi asu wɔ nsu mu wɔ Yehowa Adansefo mantam nhyiam ase.

      MMABUN BISA SƐ

      Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Asu Anaa?—Ɔfã 1: Nea Asubɔ Kyerɛ

      Afe biara, mmerante ne mmabaawa a yɛde Yehowa Adansefo som tete wɔn no, bebree bɔ asu. Wo nso, woredwen ho sɛ wobɛbɔ asu anaa? Sɛ woredwen ho a, ɛnde, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wuhu nea ahosohyira ne asubɔ kyerɛ.

      • Ɛdɛn ne asubɔ?

      • Ɛdɛn ne ahosohyira?

      • Adɛn nti na asubɔ ho hia?

      • Nea w’atipɛnfo ka

      • Nea nkurɔfo ka ne nokwasɛm

      Ɛdɛn ne asubɔ?

      Asubɔ a Bible ka ho asɛm no, yɛmfa nsu mpetempete nipa so kɛkɛ. Mmom, yɛde no wura nsu mu ma nsu no kata ne ho nyinaa. Saa ade no kyerɛ biribi a ɛho hia paa.

      • Sɛ worebɔ asu na yɛde wo wura nsu no mu saa a, ɛma obiara hu sɛ afei deɛ woremmɔ wo bra sɛnea wo ara wopɛ bio.

      • Sɛ yeyi wo fi nsu no mu a, ɛkyerɛ sɛ woafi abrabɔ foforo ase, na afei deɛ wobɛbɔ wo bra sɛnea Onyankopɔn pɛ.

      Sɛ wobɔ asu a, woma obiara hu sɛ wugye tom sɛ Yehowa na ɔwɔ tumi sɛ ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne, na wo ara woahyɛ bɔ sɛ bere nyinaa wobɛyɛ nea Yehowa pɛ sɛ woyɛ.

      Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wohyɛ bɔ wɔ baguam de kyerɛ sɛ wubetie Yehowa wo nkwa nna nyinaa? Hwɛ 1 Yohane 4:19 ne Adiyisɛm 4:11.

      Ɛdɛn ne ahosohyira?

      Ansa na wobɛbɔ asu no, ɛsɛ sɛ wudi kan hyira wo ho so ma Yehowa wɔ kokoam. Wobɛyɛ no sɛn?

      Nea wobɛyɛ ne sɛ, wobɛbɔ mpae aka akyerɛ Yehowa sɛ wobɛsom no daa, na nsu mu oo, awia mu oo, wobɛyɛ nea ɔpɛ. Na sɛ nkurɔfo bɛyɛ dɛn oo, wɔbɛyɛ dɛn oo, wo deɛ, wobɛyɛ nea Yehowa pɛ.

      Sɛ wobɔ asu a, ɛma nkurɔfo hu sɛ woahyira wo ho so wɔ kokoam. Ɛma nkurɔfo hu sɛ ɛnyɛ nea wopɛ na wobɛyɛ. Ɛkyerɛ sɛ wode wo ho ama Yehowa, enti nea ɔpɛ na wobɛyɛ.—Mateo 16:24.

      Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Sɛ wode wo ho ma Yehowa a, adɛn nti na w’abrabɔ yɛ papa? Hwɛ Yesaia 48:17, 18 ne Hebrifo 11:6.

      Adɛn nti na asubɔ ho hia?

      Yesu ka too hɔ sɛ obiara a ɔbɛyɛ ne suani no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ asu. (Mateo 28:19, 20) Enti ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, ɛsɛ sɛ Kristoni biara bɔ asu. Nea ɛwom ne sɛ, Bible kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ asu ansa na yɛanya nkwa.—1 Petro 3:21.

      Nanso sɛnea adamfofa a abɛda wo ne Yehowa ntam no som bo ma wo ne ɔdɔ a wowɔ ma no no, ɛno na ɛsɛ sɛ epusuw wo ma wobɔ asu. Atenka a na odwontofo no wɔ no, ɛno bi na ɛsɛ sɛ wunya. Nea ɔkae ni: “Nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama me nyinaa, dɛn na mede betua no ka? . . . Ɛbɔ a mahyɛ Yehowa no, metua.”—Dwom 116:12-14.

      Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Adepa bɛn na Yehowa ayɛ ama wo, na ɛdɛn na wode betua no ka? Hwɛ Deuteronomium 10:12, 13 ne Romafo 12:1.

      Nea w’atipɛnfo ka

      Mijin.

      “Yehyira yɛn ho so a, ɛkyerɛ sɛ yɛahyɛ Yehowa bɔ, na ɛnyɛ ade a yɛde di agorɔ. Nanso sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa a, wunya nhyira pii. Wohwɛ mu a, sɛnea ɔno bɛhwɛ yɛn no, yɛrentumi nhwɛ yɛn ho saa.”—Mijin.

      Ember.

      “Yehowa akyerɛ sɛ ɔdɔ wo. Enti sɛ wobɔ asu a, ɛbɛma woatumi akyerɛ sɛ wodɔ no paa. Sɛ wobɔ asu a, ɛyɛ akwannya kɛse ne nhyira pii!”—Ember.

      Julian.

      “Ade a ehia paa sɛ yɛyɛ ne sɛ yebesi gyinae ahyira yɛn ho so ama Onyankopɔn na yɛabɔ asu. Nanso ɛmma no mmmɔ wo hu. Sɛ woaboa wo ho sɛ wobɛbɔ asu, na sɛ wode adwempa na ɛreyɛ a, ɛnde hu sɛ ɛno ne gyinae papa paa a woasi.”—Julian.

      Nea nkurɔfo ka ne nokwasɛm

      NEA NKURƆFO KA — Mpanyimfo nko ara na wɔn ho akokwaw a wobetumi abɔ asu.

      NOKWASƐM — Ɛnyɛ mfe dodow a obi adi na ɛkyerɛ sɛ ne ho akokwaw. Mmom sɛ obi dɔ Yehowa na wayɛ krado sɛ obetie no a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ ne ho akokwaw. Wo deɛ, yɛnhwɛ Yosef, Samuel, ne Yosia sei. Bere a wɔyɛ nkwadaa mpo, wɔkyerɛe sɛ wɔn ho akokwaw. Nkwadaa a wɔwɔ hɔ nnɛ pii nso akyerɛ sɛ wɔn ho akokwaw.

      Nea Bible ka: “Abofra mpo, wɔde ne nneyɛe na ehu no; ɛno na wɔde hu sɛ ne suban ho tew, na eye.”—Mmebusɛm 20:11.

      NEA NKURƆFO KA — Sɛ wo nnamfo rebɔ asu deɛ a, ɛsɛ sɛ wo nso wobɔ asu.

      NOKWASƐM — Ahosohyira ne asubɔ deɛ, ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ obiara si ne gyinae wɔ ho, na ɛsɛ sɛ efi koma mu. Ɛnyɛ biribi a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛanyin, anaa obiara rebɔ asu nti na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛbɔ asu. Afei nso, ɛnyɛ sɛ obiara rehwɛ kwan sɛ yɛbɛbɔ asu enti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ asu.

      Nea Bible ka: “[Onyankopɔn] man betu wɔn ho ama koraa.”—Dwom 110:3.

      NEA NKURƆFO KA — Sɛ wommɔɔ asu a, wubetumi ayɛ nea wopɛ biara na woafa wo ho adi.

      NOKWASƐM — Sɛ wunim nea Yehowa se ɛyɛ papa ne bɔne, na wommɔɔ asu mpo a, wubebu wo nneyɛe ho akontaa akyerɛ Yehowa.

      Nea Bible ka: “Sɛ obi nim adepa na wanyɛ a, ɛyɛ bɔne ma no.”—Yakobo 4:17.

      NYANSAHYƐ: Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubehyira wo ho so na woabɔ asu abɛyɛ Kristoni a, adɛn nti na wompɛɛpɛɛ wo mu nhwɛ nea enti a wusuro sɛ wobɛbɔ asu na wompɛ ano aduru? Sɛ wokenkan Questions Young People Ask—Answers That Work, Volume 2 nhoma no Ti 37 a, ebetumi aboa wo.

      Ntimu: Adɛn nti na asubɔ ho hia?

      • Yesu kaa sɛ ɛsɛ sɛ n’asuafo bɔ asu.

      • Ɛsɛ sɛ yɛbɔ asu ansa na yɛanya nkwa.

      • Sɛ obi hyira ne ho so bɔ asu bɛyɛ Kristoni a, ɛyɛ hokwan kɛse paa na wanya sɛ ɔresom Yehowa.

  • Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Asu Anaa?—Ɔfã 2: Nea Ehia Sɛ Woyɛ Ansa Na Woabɔ Asu
    Mmabun Bisa Sɛ
    • Ababaawa bi reyɛ asubɔ ho nhwehwɛmu; ɔde Bible ne yɛn nhoma a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu na ɛreyɛ saa.

      MMABUN BISA SƐ

      Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Asu Anaa?—Ɔfã 2: Nea Ehia Sɛ Woyɛ Ansa Na Woabɔ Asu

      Sɛ wode Bible akwankyerɛ rebɔ wo bra, na wo ne Onyankopɔn refa adamfo a, ɛnde ebia a woredwen ho sɛ wobɛbɔ asu. Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ woayɛ krado sɛ wobɛbɔ asu?a

      Nea yɛrebɛka ho asɛm

      • Ɛdɛn na ɛsɛ sɛ mihu ansa?

      • Ɛdɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ?

      • Nea w’atipɛnfo ka

      Ɛdɛn na ɛsɛ sɛ mihu ansa?

      Sɛ woayɛ w’adwene sɛ wobɛbɔ asu a, ɛnkyerɛ sɛ wobɛkyere nneɛma a woresua nyinaa agu wo tirim sɛnea ebia obi pɛ sɛ otwa sukuu sɔhwɛ a, ɔyɛ no. Mmom, ehia sɛ wode ‘w’adwene yɛ adwuma susuw nneɛma ho’ na ɛma wusi pi sɛ nea Bible kyerɛkyerɛ no na ɛyɛ nokware. (Romafo 12:1) Ɛho nhwɛso ni:

      • Wugye di paa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na ɛfata sɛ wosom no anaa?

        Nea Bible ka: “Obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no, ɛsɛ sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.”—Hebrifo 11:6.

        Bisa wo ho sɛ: ‘Adɛn nti na migye Onyankopɔn di?’ (Hebrifo 3:4) ‘Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mesom no?’—Adiyisɛm 4:11.

        Worepɛ biribi foforo a ɛbɛboa wo? Hwɛ “Creation or Evolution?—Part 1: Why Believe in God?”

      • Wugye di paa sɛ Bible mu nsɛm fi Onyankopɔn hɔ?

        Nea Bible ka: “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye ma nkyerɛkyerɛ, kasakyerɛ, nneɛma ateɛteɛ, na ɛteɛ yɛn so ma yɛyɛ nea ɛteɛ.”—2 Timoteo 3:16.

        Bisa wo ho sɛ: ‘Adɛn nti na migye di sɛ ɛnyɛ nnipa nsusuwii na ɛwɔ Bible mu?’—Yesaia 46:10; 1 Tesalonikafo 2:13.

        Worepɛ biribi foforo a ɛbɛboa wo? Hwɛ “Sɛn Na Bible No Betumi Aboa Me?​—Ɔfã 1: Kenkan Wo Bible Na Hu Nea Ɛwom.”

      • Wugye di paa sɛ Yehowa de Kristofo asafo no na ɛreyɛ n’adwuma?

        Nea Bible ka: “[Onyankopɔn] na anuonyam mfa asafo no ne Kristo Yesu so nka no daa daa wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.”—Efesofo 3:21.

        Bisa wo ho sɛ: ‘Nneɛma a misua fi Bible mu wɔ Kristofo nhyiam ase no, mibu no sɛ ɛyɛ nnipa asɛm anaa ɛyɛ Yehowa asɛm?’ (Mateo 24:45) ‘Sɛ m’awofo antumi ankɔ Kristofo nhyiam mpo a, ɛyɛ a mekɔ (bere a wɔama me kwan sɛ menkɔ no)?’—Hebrifo 10:24, 25.

        Worepɛ biribi foforo a ɛbɛboa wo? Hwɛ “Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wokɔ Asafo Nhyiam Wɔ Ahenni Asa So?”

      Ɛdɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ?

      Enhia sɛ wobɛyɛ wo biribiara pɛpɛɛpɛ ansa na woabɔ asu. Nanso ɛsɛ sɛ woda no adi sɛ wopɛ paa sɛ ‘wotwe wo ho fi bɔne ho na woyɛ papa.’ (Dwom 34:14) Ɛho nhwɛso ni:

      • Wode Yehowa mmara rebɔ wo bra?

        Nea Bible ka: “Munkura ahonim pa mu.”—1 Petro 3:16.

        Bisa wo ho sɛ: ‘Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ mede m’adwene “yɛ adwuma ma enti” matete “no ama etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe no.”?’ (Hebrifo 5:14) ‘Metumi akae mmere pɔtee bi a na me nnamfo pɛ sɛ meyɛ biribi bɔne a mampene? Me nnamfo yɛ nkurɔfo a wɔboa me ma meyɛ nneɛma pa?’—Mmebusɛm 13:20.

        Worepɛ biribi foforo a ɛbɛboa wo? Hwɛ “Mɛyɛ Dɛn Atete M’ahonim Anaa Me Tiboa?”

      • Wugye tom sɛ nea wobɛyɛ biara no, wubebu ho akontaa akyerɛ Yehowa?

        Nea Bible ka: “Yɛn mu biara bebu ɔno ara n’akontaa akyerɛ Onyankopɔn.”—Romafo 14:12.

        Bisa wo ho sɛ: ‘Midi nokware wɔ m’abrabɔ mu, na meka nokware kyerɛ afoforo?’ (Hebrifo 13:18) ‘Midi mfomso a migye tom anaa mekatakata so anaa mede hyɛ afoforo?’—Mmebusɛm 28:13.

        Worepɛ biribi foforo a ɛbɛboa wo? Hwɛ “Midi Mfomso a, Ɛdɛn na Metumi Ayɛ?”

      • Wo ne Yehowa adamfofa no, worehyɛ mu den?

        Nea Bible ka: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.”—Yakobo 4:8.

        Bisa wo ho sɛ: ‘Ɛdɛn na mereyɛ na ama mabɛn Yehowa?’ Wubetumi abisa sɛ, ‘Mpɛn dodow sɛn na mekan Bible?’ (Dwom 1:1, 2) ‘Mebɔ mpae daa?’ (1 Tesalonikafo 5:17) ‘Sɛ merebɔ mpae a, meka nneɛma pɔtee ho asɛm anaa? Me nnamfo yɛ Yehowa nnamfo anaa?’—Dwom 15:1, 4.

        Worepɛ biribi foforo a ɛbɛboa wo? Hwɛ “Sɛn Na Bible No Betumi Aboa Me?​—Ɔfã 2: Mɛyɛ Dɛn Ama Me Bible Akenkan Ayɛ Anigye?” ne “Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Mpae?”

      NYANSAHYƐ: Nea ɛbɛboa wo ama woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ ansa na woabɔ asu no, kenkan Nsɛm a Mmabun Bisa—Mmuae a Ɛbɛboa Wɔn, Ɔfã 2, Borɔfo de no kratafa 37. Nea wubetumi ama w’adwene akɔ so paa ne dwumadi krataa a ɛwɔ nkratafa 308 ne 309 no.

      a Kenkan asɛm yi, “Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Asu Anaa?—Ɔfã 1.” Ɛma yehu nea woyɛ a ɛkyerɛ sɛ woahyira wo ho so ama Onyankopɔn na ɛma yehu nea enti a ɛho hia sɛ wobɔ asu.

      Nea w’atipɛnfo ka

      Gabriella.

      “Dwumadi krataa a ɛwɔ Mmabun Bisa Sɛ nhoma no mu no, ɛboaa me maa mihuu nneɛma bi a ehia sɛ mebɔ me ho mmɔden wom ansa na mabɔ asu. Ɛboaa me nso ma mihuu nea metumi de asisi m’ani so wɔ m’asubɔ akyi. Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa a, ɛde asɛde kɛse bɛto wo so, nanso ɛyɛ hokwan kɛse paa a obi betumi anya.”—Gabriella.

      Caleb.

      “Wohwɛ Bible mu a, wɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ: ‘Nea woasua na woagye adi sɛ ɛyɛ nokware no, kɔ so fa yɛ adwuma.’” (2 Timoteo 3:14) “Hyɛ da pɛ bere sua Onyankopɔn Asɛm, sɛnea ɛbɛyɛ a wubegye adi wɔ wo komam sɛ nea ɛkyerɛkyerɛ no yɛ nokware. Ɛyɛ Yehowa na wuhyiraa wo ho so maa no, na ɛnyɛ nnipa. Enti sɛ woredwen ho so wobɛbɔ asu a, nea Yehowa pɛ no, ɛno na ɛsɛ sɛ woma ɛho hia wo paa.”—Caleb.

      Ntimu: Nneɛma bɛn na ehia sɛ meyɛ ansa na matumi abɔ asu?

      Hwehwɛ nea wugye di mu. Wugye di paa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ? Ɛfata sɛ wosom no anaa? Wugye di paa sɛ Onyankopɔn honhom na wɔnam so kyerɛw Bible no? Na wugye di sɛ Yehowa de ahyehyɛde bi na ɛreyɛ n’adwuma?

      Hwɛ sɛnea wobɔ wo bra. Wode Yehowa mmara rebɔ wo bra? Wugye tom sɛ nea wobɛyɛ biara no, wubebu ho akontaa akyerɛ Yehowa? Wo ne Yehowa refa adamfofa no, worehyɛ mu den?

  • Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Asu Anaa?—Ɔfã 3: Ɛdɛn Na Asiw Me Kwan?
    Mmabun Bisa Sɛ
    • Yɛrebɔ ɔbarima bi asu, ɛnna ebinom gyinagyina hɔ rehwɛ.

      MMABUN BISA SƐ

      Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Asu Anaa?—Ɔfã 3: Ɛdɛn Na Asiw Me Kwan?

      Woredwen ho sɛ wubehyira wo ho so ama Yehowa na woabɔ asu anaa? Ɛyɛ a wei ma wobɔ hu? Sɛ saa a, nea yɛrebɛka ho asɛm yi bɛboa wo ama woayi ehu no afi wo mu.

      Nea yɛrebɛka ho asɛm

      • Sɛ mebɔ asu wie, na meyɛ bɔne bi a emu yɛ duru nso ɛ?

      • Na sɛ misuro sɛ mebɔ asu a, ɛde adwuma bɛba abɛto me so nso ɛ?

      • Na sɛ mete nka sɛ memfata sɛ mesom Yehowa nso ɛ?

      • Nea w’atipɛnfo ka

      Sɛ mebɔ asu wie, na meyɛ bɔne bi a emu yɛ duru nso ɛ?

      Nea akɔfa adwinnwen no aba: Ebia wunim obi a ɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru nti woyii no fii asafo no mu. (1 Korintofo 5:11-13) Ebia wusuro sɛ wo nso, ebi bɛto wo.

      “Bere a edi kan a ɛbaa me tirim sɛ mɛbɔ asu no, na misuro sɛ anhwɛ a na makɔyɛ bɔne bi. Anka animguase a ɛde bɛbrɛ m’awofo deɛ, yɛnka.”—Rebekah.

      Kyerɛwnsɛm titiriw: “Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan, . . . Ma ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ, ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde bɛkyɛ no aboro so.”—Yesaia 55:7.

      Dwen wei ho: Wɔn a wɔyɛ bɔne a emu yɛ duru a wonnu wɔn ho no, woyi wɔn fi asafo no mu. Nanso wɔn a wɔyɛ bɔne a wofi ahobrɛase mu nu wɔn ho na wɔyɛ nsakrae no, Yehowa de kyɛ wɔn.—Dwom 103:13, 14; 2 Korintofo 7:11.

      Nea yɛaka yi da nkyɛn a, nokwasɛm ne sɛ: Bɔne wɔ wo ho deɛ, nanso sɛ biribi sɔ wo hwɛ sɛ yɛ bɔne a, Onyankopɔn bɛboa wo ama woatumi ayɛ nea eye. (1 Korintofo 10:13) Ade yi, wobɛyɛ bɔne oo, wobɛyɛ papa oo, egyina wo so, ɛnyɛ obi na ɔbɛhyɛ wo. Ɛnte saa?

      “Na misuro sɛ mebɔ asu wie a, anhwɛ a na makɔyɛ bɔne kɛse bi. Nanso mihui sɛ, sɛ mema adwene a ɛte saa si m’asubɔ kwan a, na meredi mfomso. Afei nso, mihui sɛ ɛnsɛ sɛ mede ɔkyena asɛm haw me ho na migyae biribi a ɛsɛ sɛ meyɛ no nnɛ.”—Karen.

      Nea yɛreka akosi: Bɔne a emu yɛ duru deɛ, wopɛ a wubetumi atwe wo ho afi ho sɛnea Yehowa asomfo dodow no ara twe wɔn ho fi ho no.—Filipifo 2:12.

      Worepɛ biribi foforo a ɛbɛboa wo? Hwɛ “Mɛyɛ Dɛn Ako Atia Sɔhwɛ?”

      Na sɛ misuro sɛ mebɔ asu a, ɛde adwuma bɛba abɛto me so nso ɛ?

      Nea akɔfa adwinnwen no aba: Ebia wunim mmerante ne mmabaawa bi a wɔatu afi baabi a wɔn abusuafo ne wɔn nnamfonom wɔ akɔtena akyirikyiri baabi reyɛ Yehowa som adwuma no pii. Na ɛyɛ wo sɛ wo nso, nkurɔfo bɛka sɛ yɛ bi.

      “Kristoni a wabɔ asu wɔ akwannya a ɔde bɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu, nanso ebinom wɔ hɔ a, wɔnyɛɛ krado sɛ wɔbɛyɛ saa. Ebinom nso wɔ hɔ a, biribi na asiw wɔn kwan.”—Marie.

      Kyerɛwnsɛm titiriw: “Mmom ma obiara nhwɛ sɛnea n’ankasa nnwuma te. Ɛno na obenya biribi agyina so adi ahurusi wɔ nea ɔno ara ayɛ ho, na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho bɛtoto obi ho.”—Galatifo 6:4.

      Dwen wei ho: Sɛ anka wode wo ho bɛtoto afoforo ho no, fa w’adwene si asɛm a ɛwɔ Marko 12:30 no so. Ɛka sɛ: “Fa wo koma nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.”

      Hyɛ no nsow sɛ, wo na ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa som Yehowa, na ɛnyɛ obi foforo koma na wode bɛsom. Sɛ wodɔ Yehowa ampa a, wobɛpɛ akwan bi a wobɛfa so ayɛ nea wubetumi biara de asom no.

      “Ɛwom sɛ asubɔ yɛ biribi a yɛfa no aniberesɛm, nanso ɛnyɛ ade a ɛma yɛn ho kyere yɛn. Sɛ wofa nnamfo pa a, wɔbɛboa wo. Nkakrankakra, bere a woregye asafo nnwuma no bi yɛ no, ɛbɛma w’anigye ayɛ kɛse. Sɛ woyɛ sɛ woremmɔ asu a, na woreyɛ wo ara wo ho.”—Julia.

      Nea yɛreka akosi: Kɔ so kyerɛ ɔdɔ a Yehowa ada no adi akyerɛ wo no ho anisɔ. Woyɛ saa a, ɛbɛhyɛ wo den ama wo nso woayɛ nea wubetumi nyinaa ama no.—1 Yohane 4:19.

      Worepɛ biribi foforo a ɛbɛboa wo? Hwɛ “How Responsible Am I?”

      Na sɛ mete nka sɛ memfata sɛ mesom Yehowa nso ɛ?

      Nea akɔfa adwinnwen no aba: Yehowa na ɔwɔ tumi paa wɔ amansan yi mu, na sɛ wode nnipa toto ne ho a, nnipa nsɛ hwee koraa! Anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ Yehowa nnim sɛ wote ase mpo.

      “Esiane sɛ m’awofo yɛ Yehowa Adansefo nti, na ɛyɛ me sɛ me ara deɛ, menyɛ Yehowa adamfo, na mmom m’awofo yɛ Yehowa nnamfo nti na me nso meyɛ n’adamfo, na ɛnyɛ sɛ Yehowa na atwe me aba ne nkyɛn.”—Natalie.

      Kyerɛwnsɛm titiriw: “Obiara rentumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no.”—Yohane 6:44.

      Dwen wei ho: Nokwasɛm ne sɛ, asubɔ a woredwen ho no mpo kyerɛ sɛ Yehowa retwe wo aba ne nkyɛn, na wo ne n’adamfofa no mu reyɛ den. Wunhu sɛ ɛyɛ sɛ wobɛma Yehowa atwe wo?

      Afei nso kae sɛ, nea Yehowa begyina so atwe obi aba ne nkyɛn no, ɛyɛ ɔno na ɔkyerɛ; ɛnyɛ wo anaa obi foforo biara. Na n’Asɛm no ma wo awerɛhyem sɛ, ‘wobɛn Onyankopɔn a, ɔbɛbɛn wo.’—Yakobo 4:8.

      “Yehowa a woabehu no na watwe wo aba ne nkyɛn no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ wo. Enti sɛ ɛyɛ wo sɛ womfata sɛ wosom Yehowa a, kae sɛ ɔno deɛ, ɔne wo nyɛ adwene. Yehowa nso deɛ, nea ɔyɛ biara yɛ papa.”—Selina.

      Nea yɛreka akosi: Nea Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ obi yɛ ansa na wabɔ asu no, sɛ wutumi yɛ a, ɛnde na wofata sɛ wosom Yehowa. Kae sɛ, ɔno na ɔfata sɛ wosom no.—Adiyisɛm 4:11.

      Worepɛ biribi foforo a ɛbɛboa wo? Hwɛ “Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Mpae?”

      Nea w’atipɛnfo ka

      Skye.

      “Nka sɛ wobɔ asu a, anhwɛ a na woantumi ansom, enti woremmɔ asu. Ayɛ sɛ mmirikatu no. Wubetumi aka sɛ worentu mmirika no efisɛ wusuro sɛ wobɛhwe ase. Nanso sɛ wohwe ase a, wubetumi asɔre atoa so. Sɛ woamfi ase antu mmirika no a, worentumi nwie.”—Skye.

      Vinicio.

      “Aberante anaa ababaawa biara nni hɔ a ɔbɛka sɛ akwanhyia nti ɔrennye tumi krataa a yɛde ka kar. Saa ara na asubɔ nso te. Ade a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so ne sɛ, yɛne Yehowa ayɔnkofa no mu bɛyɛ den, na nea ebia ebesi daakye deɛ, ɛnsɛ sɛ yɛde haw yɛn ho.”—Vinicio.

      Yɛbɔ no mua a: Ɛdɛn na asiw me kwan wɔ asubɔ ho?

      • Misuro sɛ mɛyɛ bɔne bi a emu yɛ duru. Bɔne a emu yɛ duru deɛ, wopɛ a wubetumi atwe wo ho afi ho sɛnea Yehowa asomfo dodow no ara twe wɔn ho fi ho no.

      • Misuro sɛ ɛde adwuma bɛba abɛto me so. Kɔ so kyerɛ ɔdɔ a Yehowa ada no adi akyerɛ wo no ho anisɔ. Woyɛ saa a, ɛbɛhyɛ wo den ama wo nso woayɛ nea wubetumi nyinaa ama no.

      • Mete nka sɛ memfata. Nea Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ obi yɛ ansa na wabɔ asu no, sɛ wutumi yɛ a, ɛnde na wofata sɛ wosom Yehowa. Kae sɛ, ɔno na ɔfata sɛ wosom no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena