Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 160
  • Adɛn Nti Na Wɔfrɛ Yesu Sɛ Onyankopɔn Ba?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɛn Nti Na Wɔfrɛ Yesu Sɛ Onyankopɔn Ba?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Yesu tenaa soro ansa na wɔrewo no aba asaase so anaa?
  • Dɛn na na Yesu yɛ wɔ ɔsoro ansa na ɔreba asaase so?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Hena Ne Yesu Kristo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Hena Ne Yesu Kristo?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Hena Ne Yesu?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 160
Yesu rebɔ ne soro Agya no mpae

Adɛn Nti Na Wɔfrɛ Yesu Sɛ Onyankopɔn Ba?

Nea Bible ka

Bible taa ka Yesu ho asɛm sɛ ɔyɛ “Onyankopɔn Ba.” (Yohane 1:49) Saa asɛm “Onyankopɔn Ba” no kyerɛ sɛ, Onyankopɔn na ɔbɔɔ biribiara, na Yesu ka nneɛma a Onyankopɔn bɔe no ho. (Dwom 36:9; Adiyisɛm 4:11) Bible nka no baabiara sɛ Onyankopɔn woo abofra too ne srɛ so sɛnea nnipa wo mmofra no.

Bible san ka abɔfo no ho asɛm sɛ wɔyɛ “nokware Nyankopɔn mma.” (Hiob 1:6) Afei nso, Bible ka sɛ na Adam, onipa a odi kan no yɛ “Onyankopɔn ba.” (Luka 3:38) Nanso Yesu de, nea enti a Bible ka ne ho asɛm sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no ne sɛ, ɔne abɔde a Onyankopɔn dii kan bɔe, na ɔno nko ara na Onyankopɔn bɔɔ no tẽẽ.

  • Yesu tenaa soro ansa na wɔrewo no aba asaase so anaa?

  • Dɛn na na Yesu yɛ wɔ ɔsoro ansa na ɔreba asaase so?

Yesu tenaa soro ansa na wɔrewo no aba asaase so anaa?

Yiw. Ná Yesu yɛ honhom abɔde anaa ɔbɔfo wɔ soro ansa na wɔrewo no sɛ onipa wɔ asaase so. Yesu ankasa kaa sɛ: ‘Mifi soro na ɛbae.’—Yohane 6:38; 8:23.

Onyankopɔn dii kan bɔɔ Yesu ansa na ɔrebɔ biribi foforo biara. Bible ka Yesu ho asɛm sɛ:

  • “Ɔno ne . . . abɔde nyinaa mu abakan.”—Kolosefo 1:15.

  • Ɔno ne “Onyankopɔn adebɔ mfiase.”—Adiyisɛm 3:14.

Yesu ne onipa a Bible hyɛɛ ne ho nkɔm sɛ “n’ase fi tete a enni ano” no.—Mika 5:2; Mateo 2:4-6.

Dɛn na na Yesu yɛ wɔ ɔsoro ansa na ɔreba asaase so?

Ná ɔwɔ dibea kɛse wɔ soro. Bere bi a Yesu rebɔ mpae no, ɔno ankasa kaa ne dibea no ho asɛm. Ɔkaa sɛ: “Agya, fa anuonyam a na mewɔ wɔ wo nkyɛn ansa na wiase reba no hyɛ me anuonyam.”—Yohane 17:5.

Ɔboaa n’Agya ma wɔbɔɔ nneɛma a aka nyinaa. Bere a Yesu nnyaa mmaa asaase so no, na ɔwɔ Onyankopɔn nkyɛn sɛ “odwumayɛni a ne ho akokwaw.” (Mmebusɛm 8:30) Bible ka Yesu ho asɛm sɛ: “Ne so na wɔnam bɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asase so.”—Kolosefo 1:16.

Onyankopɔn nam Yesu so na ɔbɔɔ abɔde a aka nyinaa. Ebi ne abɔfo a wɔwɔ soro ne amansan a yɛn ani tua yi. (Adiyisɛm 5:11) Sɛ yɛbɛka a, sɛnea Onyankopɔn ne Yesu boom yɛɛ adwuma no, yebetumi de atoto obi a ɔwɔ adansi ho nimdeɛ ne obi a osi dan ho. Nea ɔwɔ adansi ho nimdeɛ no de sɛnea ɔpɛ sɛ dan no yɛ ne ɛho akwankyerɛ ma nea osi dan no. Afei, nea osi dan no hwɛ nea wɔde ama no no so pagyaw ɔdan no asi hɔ.

Ná wɔfrɛ no Asɛm no. Ansa na Yesu reba asaase so no, Bible kaa ne ho asɛm sɛ, ɔno ne “Asɛm no.” (Yohane 1:1) Wei kyerɛ sɛ, sɛ na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔde nsɛm ne akwankyerɛ ma ne honhom mu mma anaa abɔfo a aka no a, Yesu na na ɔfa no so.

Afei nso, ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn maa Yesu de ne nsɛm kɔmaa nnipa wɔ asaase so, anaa yɛbɛka a, na ɔyɛ Onyankopɔn Kasamafo anaa ne Kyeame. Ɛbɛyɛ sɛ bere a Onyankopɔn de akwankyerɛ rema Adam ne Hawa wɔ Eden turo no mu no, ɔnam Asɛm no a ɔne Yesu so na ɛne wɔn kasae. (Genesis 2:16, 17) Ɛbɛyɛ sɛ Yesu ne ɔbɔfo a odii tete Israelfo no anim bere a na wɔnam sare so no, na ɛbɛyɛ sɛ ɔno na na ɛsɛ sɛ Israelfo no wɛn wɔn aso tie no no.—Exodus 23:20-23.a

a Ɛnyɛ Asɛm no nko ara ne ɔbɔfo a Onyankopɔn faa no so kasae. Sɛ nhwɛso no, bere a Onyankopɔn de ne Mmara rema tete Israelfo no, wamfa n’Abakan no so, mmom ɔfaa abɔfo afoforo so na ɛyɛɛ saa.—Asomafo Nnwuma 7:53; Galatifo 3:19; Hebrifo 2:2, 3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena